Doreen Andoh

Ɛfi Wikipedia
Wɔakyerɛw nsɛm yi wɔ Akuapem kasa mu

Doreen Andoh yɛ Ghana radio so nipa, brand ambassador, TV so nipa a ɛtɔ mmere bi, ne nsɛm a esisi ho ɔyɛkyerɛfo. Ɔde bɛboro mfeɛ aduonu ayɛ radio so enti ɔyɛ asɛnkafoɔ a wɔadi dwuma akyɛ wɔ Ghana asɛnka agua so no mu baako.

Mprempren ɔyɛ Cosmopolitan Mix, radio so dwumadi a wɔyɛ no anɔpa mfinimfini wɔ Joy FM so no ho ɔkasafo na wɔtaa ka ne ho asɛm sɛ ɔyɛ Ghana radio hemmaa.

Abasobɔde ahorow[sesa]

Doreen ne ɔbea a odi kan a onyaa Afe no mu Ɔkyerɛkyerɛfo a Ɔsen Biara abasobɔde wɔ afe 2001 mu. Leading Ladies’ Network ama no dibea sɛ Mframa Asorɔkye Hemmaa, na afe 2013 mu no, odii nkonim wɔ ɔbea a ɔyɛ ɔkasafo a ɔda nsow wɔ Ghana Mmea Abasobɔde mu.

Nsɛm a wɔde gyinaa so[sesa]