Dondoli Nkramosombea

Ɛfi Wikipedia
Wɔakyerɛw nsɛm yi wɔ Akuapem kasa mu

Dondoli Nkramosom bea yɛ nkramo som bea a wosii no wɔ Sudanfo adansie sɛ so a ɛwɔ akuara bi a wɔfrɛ no Dodoli wɔ Wa a ɛwɔ Atifi Atɔe mantam no mu wɔ Ghana. Wɔde mpɔtam no hɔ din na ɛtoo Nkramo som bea no[1].

Abakɔsɛm[sesa]

Wɔkyerɛ sɛ, papa bi wɔfrɛ no Karimafa a ɔyɛ otukotenani firi Mali kɔɔ Wa na osii saa nkramo som bea no. Wɔsan nso kyerɛ sɛ, na edin  a eda nkramo som bea no ne Karimafa Nkramo som bea a ɛyɛ ne farebea no din[1][2]. Abakɔsɛm kyerɛ sɛ wosii saa dan no afeha a ɛtɔ so 19 no mu.  Mpɔtam dodoɔ no ara a ɛwɔ Atifi Manatam wɔ Ghana no yɛ Nkramo somfo. Bɛyɛ afeha a ɛtɔ so du no mu no, nkramosom hyɛɛ ase wɔ Abibere mu. Efiri Egypt bɛseen kɔɔ Atɔe ne Atifi fa mu esiane na sika kɔkɔɔ ho dwadie akwan no nti[3].

Wɔ Ghana no, Nkramosomfo dwadifo, Mande akofo ne asɛmpa trɛwfo afoforo dii saa adwadie akwan yi akyi. Berber Dynastyfo nam osatuo ne ntohyɛso so na ɛhyehyɛ saa akwan ahor ɔ w agyirae. Eyi maa no yɛɛ mere sɛ nkramo som bɛtrɛw. Wosisii Nkramo som bea ahorow sɛnea bɛyɛ a nkramofo a wotutu akwan fa meae yi benya homebea[3].

Ne su[sesa]

Te sɛ Nkramosombea afoforo a ɛwɔ Atifi ne Kwae beberem mantam mu wɔ Ghana no, wɔde adansie nneɛma a ɛne Djenne adnsie nyehyɛi  ne adansie ho nneɛma a ɛwɔ mpɔtam ho na esii ɔdan no[1].

Nkekaho[sesa]

  1. 1.0 1.1 1.2 https://haunsinafrica.com/2018/09/28/ghana-historic-mosques-the-lost-ones/
  2. https://www.imb.org/image/mosque-of-dondoli/
  3. 3.0 3.1 https://visitghana.com/blog/2019/04/25/8-historical-mosques-with-similar-architectural-design/