Dipo

Ɛfi Wikipedia
Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔ Asante kasa mu
Krobo-girl-beads1
248902266 8-640x480

Dipo yɛ ammamerɛ bi a ɔyɛ no wɔ Ghana a Krobofoɔ na ɔyɛ saa ammamerɛ yi wɔ apuieɛ Mantam wɔ Ghana.[1] Ɔyɛ saa afahyɛ yɛ wɔ Oforisuo bosome no afe biara mu.[1] Ɔyɛ Saa afahyɛ de ma Maa bunu wɔ adu wɔn mpanimfie wɔ yɛ saa ammamerɛ yi de kyerɛ sɛ saa Mabunu yi adu wɔn awareɛ mfeɛ so. ammamerɛ.[2] Awofoɔ te saa nkaeɛbɔ a ɛfa Bragorɔ anaa Dipo yi ho a ɔde wɔn maa a wadu saa mfeɛ no si kɔ ɔman komfoɔ ho. Ɛmma wɔn ka saa afahyɛ ye ho no yɛ de wɔn fa ammamerɛ ahodoɔ mu na Ɔkomfoɔ no hwɛ sɛ saa Mabunu no mfa barima da anasɛ wɔn mu bi mfa afuro ansaa na wa ma ho kwan ama wayɛ saa ammamerɛ yi.[3]

Sɛnea ɔyɛ Dipo/Bragorɔ[sesa]

Ɛda a ɛdi kan no ɔyɛ mmabunu no nyinaa tire so nuwo na ɔde ntoma twan wɔ asen de kɔsii wɔn kotodwei.Ɔbaapanin bi na ɔyɛ saa amannea no na ɛno kyerɛ sɛ wafiri mmɔfra mu rekɔ mpanimfie mu. Wɔ de wɔn kyene kuro nomu nyinaa (dipo-yo).[4]

Anɔpa tutu no ɔkomfoɔ no kɔ dware Mmabunu no anɔpa. Ɔyi apaei de sre nhyira firi ɔbo adaeɛ ho ma Mmabunu.[4] Ɔde Abirekyere mogya hohorɔ wɔn nan ase wɔ wɔn awofoɔ anim. Ɔyɛ wei de pamɔ bɔnyine homhom biara firi wɔn bra mu.Wɔ de wɔn tena boɔ a musuo biara ni ho. Wie kyerɛ sɛ ɔyɛ Mmabunu.[5]

Na sɛ ɔhunu sɛ Mma no bi nyim anaa wafa barima da wɔtwa no asi firi kuro no so na abranteɛ biara ani ngye ne ho sɛ ɔni no bɛ tena mpo.

Wo de wɔ hyɛ dan mu kyerɛkyerɛ wɔn sɛnea ɔyɛ aduane nannwɔtwe no ɔkyerɛ wɔn sɛnea ɔyɛ aduane,ɔsiesie fie,ne sɛnea awoɔ ne abatetiɛ tie. Ɔbapanin a ɔkyerɛ wɔn da nnoɔma yi bɛ kyekyɛ wɔn nea wɔn kununom hwehwɛ firii wɔn ho wɔ awareɛ mu.Wɔ kyerɛ wɔn klama asa a wɔ bɛsa no da a ɔwie dwumadie no.[4]

Nea Ɔyɛ no Afahyɛ da no[sesa]

Nnwɔtwe no yea mu a ɔde wɔn nyinaa bɛgyina kuro no mu ma wɔn nyinaa nso bɛkyɛ wɔn da no mu anigyie de kɔ wɔn mma yɔ mu.

Wɔ Futa wɔn kente afadeɛ de nhwiniɛ to wɔn asen,kɔn ne wɔn nsa. Wɔn to dwom de ntwene sa klama asa. Saa merɛ yi nyinaa no abranteɛ a no anigyie Mmabunu yi ho bi nso a ɔhyɛaseɛ hwehwɛ Ɔbaa no abusua mu.[4]

Mfasoɔ Ɛwɔ Soɔ[sesa]

Ɛde animuonyam berɛ ɔbaa no abusua nyinaa.Ɛmma wɔn de ɔbuoɔ ma wo ɛsane ma wo nya animuonyam na ɛbɛma wo ɔhokane kamakama.[6]

Beaɛ a menya moa firii[sesa]

  1. 1.0 1.1 http://www.ghanaweb.com/GhanaHomePage/tourism/festivals.php
  2. https://web.archive.org/web/20111220062338/http://www.ghanadistricts.com/home/?_=33
  3. http://www.travel-to-discover-ghana.com/dipo-festival.html
  4. 4.0 4.1 4.2 4.3 http://bradtghanaupdate.wordpress.com/2013/04/07/dipo-festival-of-the-krobo-somanya-odumasi/
  5. http://site.uit.no/ruhta/dipo/
  6. http://www.easternregion.gov.gh/index.php/upper-manya-krobo/