Dennis Edward Aboagye

Ɛfi Wikipedia

Dennis Edward Aboagye a wɔsan frɛ no Dennis Miracles Aboagye (Wɔwoo no 27 Ɔgyefoɔ,1985) yɛ Ghana amanyɔni na seesei wɔapaw no sɛ ɔmampanyin adwumayɛfoɔ a ɔhwɛ Aban Mpɔtam ne amammui na ɔsan wɔ asɛdeɛ foforɔ sɛ ɔmansoafoɔ panin ma Nsrahwɛ ahodoɔ ho nhyiamu boayikuo amammui mu.[1]

Mfitiase Asetena ne Nhomasua[sesa]

Wɔwoo no na wɔtetee no wɔ Larteh Akuapem wɔ Ghana Apuei Fam mantan mu. Ɔyɛ n’awofo ba koro pɛ. Ɔhyɛɛ ne mfitiaseɛ sukuukɔ ase wɔ Larteh Presby Mfitiaseɛ Sukuu na akyiri no ɔkɔɔ Swedru International School (SWIS) baabi a ɔwiee ne mfitiaseɛ nhomasua,na afei ɔkɔɔ Okuapeman Sukuu ɛkɔ wiee ne ntoaso sukuu wɔ hɔ. Ne ntoaso sukuu akyi no,ɔkɔɔ Ghana Suapɔn mu baabi a onyaa Bachelor of Arts Degree wɔ Amanyɔsɛm mu . Ɔwɔ Chartered Postgraduate diploma sɛ aguadifoɔ wɔ The Chartered Institute of Marketing UK ne Chartered Marketer wɔ Chartered Institute of Marketing Ghana – CIMG. Ɔsan nso wɔ MBA wɔ aguadi mu wɔ Central University . .[2]

Adwuma[sesa]

Dennis ayɛ adwuma wɔ adetɔn ne aguadi adwuma mu a ɛboro mfe du na ɔwɔ nimdeɛ wɔ nneɛma a wɔde di dwuma ntɛmntɛm ne sikasɛm mu nnwuma. Ɔsan nso yɛɛ adwuma wɔ pɛnhyen adwumayɛ mu baabi a ɔfirii ase sɛ adwumayɛfo panin na wɔ pagya no bɛyɛɛ ntamgyinafoɔ panin na afei wɔ pagya no bɛyɛɛ ɔfa ti a ɔhwɛ nkitahodi a ɛfa adetɔfoɔ ho.[3] Na Dennis yɛ Apuei Fam mantam kwankyerɛfo ma Mmabun Nnwuma ne Ahokokwaw Nkɔso Asoɛe (YESDEC),dwumadie bi a Wiase Nyinaa Sikakorabea de sika boa a ɛhyɛ adwumayɛ ho nkuran. [1]

Amanyɔsɛm mu Adwuma[sesa]

Na ɔyɛ Nkuro Panin a ɔhwɛ Akuapem Atifi fam,na afei Nana Akuffo-Addo paw no sɛ ɔmanpanyin adwumayɛfo a ɔwɔ asɛdeɛ soronko wɔ aban mpɔtam,amammui ne nkurase nkɔsoɔ.

Wasom denam dibea ahorow so wɔ n’amanyɔkuo,New Patriotic Party mu. Ɔyɛ Nkitahodifo a odi kan ma Aban ne ne kuo no.Wasom sɛ kuo no panin wɔ abatoɔ beaeɛ ansa na ɔbɛyɛ amansin mmabun no ntamgyinafo ɛma Akropong Amansin. Na ɔyɛ ɔsatu kwankyerɛfoɔ ma ne kuo no wɔ Akropong mansin no mu wɔ afe 2008, 2012 ne 2016 Abatoɔ no mu.

Ɔyɛ n’amanyɔkuo no ɔfa wɔ amansin ne amantam mmeae.Ɔsom wɔ boayikuo ahodoɔ bi mu ma kuo no wɔ ɔmantam ne ɔman gyinabea a ɛboa wɔ nhyehyɛe a wɔde yɛ adwuma ne ne di. Dennis Somee sɛ Ɔboafo soronko maa Akropong Mmarahyɛ Baguani, Hon. William Ofori Boafo efi afe 2007 kosi 2013.

Wɔpaw Dennis sɛ Ɔmampanyin Abadiakyiri, HE Mahamudu Bawumia kasamafo Wɔ afe 2023 Ɔmampanyin abatoɔ no mu ma ne kuo New Patriotic Party.

Seesei yi ɔsom sɛ Ɔmampanyin Adwumayɛfo a ɔwɔ asɛdeɛ foforo sɛ Ɔkyerɛwfo Panin a ɔhwɛ Asomfo Ntam Nkitahodi Boayikuw a Ɛhwɛ amammui so, Asomfo Boayikuo a emufo yɛ du baako a Ɔmampanyin, HE Nana Addo Dankwah Akufo-Addo di wɔn Titenani a wɔde ahyɛde a ɛne sɛ wɔbɛhyɛ amammuisɛm a wɔhyehyɛ ne nhyehyɛe a wɔasiesie a ɛbɛ ma amammui akɔ akyiri wɔ Ghana.[4][5][6]

N'ankasa Asetena[sesa]

[2] Dennis atu ne ho asi hɔ sɛ Kristoni na ɔyɛ ɔwarefo a ɔwɔ mma anan.

Nsɛm a wɔ gyinaa so[sesa]

  1. "Miracles Aboagye appointed Executive Secretary of IMCC on Decentralisation". GhanaWeb (in English). 2022-08-16. Archived from the original on 2023-12-26. Retrieved 2023-12-26.
  2. 2.0 2.1 "Dennis Edward Aboagye", Wikipedia (in English), 2024-01-01, retrieved 2024-01-06
  3. Okyere, Gertrude (2022-08-16). "Akufo-Addo appoints Miracles Aboagye as Executive Secretary of IMCC..." Adomonline.com (in American English). Retrieved 2023-11-15.
  4. "NDC are masters of propaganda – Ex- MCE". Sand City Radio Online (in English). Retrieved 2023-11-15.
  5. "Meet Acclaimed NPP Communicator Dennis Miracles Aboagye. Here Is His Profile, Family And More". Meet Acclaimed NPP Communicator Dennis Miracles Aboagye. Here Is His Profile, Family And More. Retrieved 2023-11-15.
  6. "Learn, stop making ignorant comments; I don't oversee any minister – Miracles Aboagye fires Kpebu".