David Oppong Kusi

Ɛfi Wikipedia
David Oppong Kusi
MpɛsoaAyirebi/Ofoase
Member of Parliament
ƆmanpanyinJohn Atta Mills
Ne ho asɛm
Awo bere9 August 1958 (1958-08-09) (age 65)
Ne manGhana Ghanaian
AmanyɔkuoNew Patriotic Party
Relations7
Sukuu a w'akɔKwame Nkrumah University of Science and Technology
N'adwumaDevelopment Planners/Architects/Quantity Surveyors

David Oppong Kusi yɛ Ghana amammuifoɔ na ɔyɛ Fourth Republic of Ghana Mmarahyɛ Badwa a ɛtɔ so nsia no muni a ɔgyina Ofoase/Ayirebi Mansin ananmu wɔ Apueeɛ Mantam mu wɔ New Patriotic Party no tekiti so.[1]

N'ankasa abrabɔ[sesa]

Kusi yɛ Kristoni (Methodistni). Waware a (ɔwɔ mma nson).[2]

Mfitiaseɛ asetena ne nwomasua[sesa]

Wɔwoo Kusi wɔ Ɔsanaa bosome da a ɛtɔ so nkron wɔ afe apem ahankron aduonu nwɔtwe (9 August 1958). Ɔfiri Akyem Ofoase, kuro bi a ɛwɔ Ghana Apueeɛ Mantam mu.[3] Ɔkɔɔ Kwame Nkrumah Suapɔn a ɛhwɛ Nyansahu ne Mfididwuma so na ɔnyaa ne Bachelor of Science abɔdin krataa wɔ adansie mfididwuma mu wɔ afe 1987 mu. Ɔsane nso kɔɔ Ghana Suapɔn na ɔnyaa ne Master of Business Administration abɔdin krataa wɔ adwumayɛ ho dwumadie mu wɔ mfeɛ mpem mmienu ne nsia mu (2006).

Amanyɔsɛm[sesa]

Wɔdii kan paw Kusi sɛ ɔmmra mmarahyɛ bagua mu wɔ New Patriotic Party (NPP) tekiti so wɔ Ɔpɛnimaa bosome wɔ mfeɛ mpem mmienu ne nwɔtwe (December 2008) amansan abatoɔ mu sɛ mmarahyɛ badwani ma Ofoase/Ayirebi mpɛsua so. Ɔnyaa abatoɔ no amma mpem dunan ne ahankron aduasa nwɔtwe (14,938) wɔ abatoɔ no amma no nyinaa mu mpem mmienu ne ahansia ne dunan (27,614) a ɛfata a wɔtoo no mu a ɛgyina hɔ ma ɔha nkyekye mu aduonu nnan akyiri pɔ baako (54.10%).[2] Ɔsane sii akan wɔ mfeɛ mpem mmienu ne du mmienu (2012) abatoɔ mu a ɔdii nkunim wɔ abatoɔ no amma mpem du-nkron ne aduonu nnum (19,025) wɔ abatoɔ amma a ɛyɛ mpem aduasa mmiɛnsa, ahammienu ne aduosia mmienu (35,262) a ɛfata a wɔtoo no mu a ɛgyina hɔ ma ɔha nkyekye mu aduonu mmiɛnsa akyiri pɔ aduokron nnum (53.95%).[1]

Adwumayɛ[sesa]

  • Apam Sohwɛfo, Nkurow akɛse mu Akwan Dwumadibea, Accra[1]
  • Mmarahyɛ Bagua no muni (Ɔpɛpɔn, 2005–mprempren; afe a ɛtɔ so mmiɛnsa)[1]
  • Nkɔsoɔ adwumayɛni/ɔdansifoɔ/dodoɔ ho nhwehwɛmufoɔ[1]

Bara a Wɔbara Plastik[sesa]

Kusi kaeɛ sɛ wɔbara plastic a wɔde di dwuma wɔ Ayɛwohomumɔ bosome da a edikan mu wɔ mfeɛ mpem mmienu ne nnum mu (June 1, 2005). Ɔkaa sɛ,"Sɛ yɛanyɛ ade seesei a,efi bɛka yɛn ho na yɛatua boɔ a ɛyɛ den daakye". Ɔsan nso kaa asɛm bi sɛ,"Yɛde pɛsɛmenkominya de daakye awo ntoatoasoɔ nkwagyeɛ reto dan mu sɛdea ɛbɛyɛ a mprempren awoɔ ntoatoasoɔ no bɛyɛ mmerɛ".[4]

Mmeaeɛ A Menyaa Mmoa Firiiɛ[sesa]

  1. 1.0 1.1 1.2 1.3 1.4 Ghana MPS - Ghana's comprehensive official repository of MPs information (in American English), retrieved 2023-10-01
  2. 2.0 2.1 Nana YawAsabere, Vida Doku, Simonov Kusi-Sarpong, David Oppong (2014-01-16), "Adopting Electronic Business in Ghana: Story of the Hospitality Industry", International Journal of Computer Applications, vol. 85, no. 4, pp. 1–9, doi:10.5120/14826-3067, ISSN 0975-8887, retrieved 2023-10-01{{citation}}: CS1 maint: multiple names: authors list (link)
  3. "Frontmatter", Demilitarizing Politics, Lynne Rienner Publishers, pp. i–iv, 2005-01-01, retrieved 2023-10-01
  4. Nancy Kankam Kusi Kusi (2021-01-13), Local Giving During COVID-19 in Ghana: Uncovering the Potential of Domestic Resource Mobilisation in Ghana, retrieved 2023-10-01