David Adakudugu

Ɛfi Wikipedia
Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔ Asante kasa mu
Hon.
David Adakudugu
Ne ho asɛm
Awo bereOctober 23, 1968
Owu bereSeptember 19, 2019 (aged 50)
Tamale Teaching Hospital
Ne manGhana Ghanaian
AmanyɔkuoNational Democratic Congress
NehokaniAkanvariva Lydia Lamisi

David Adakudugu (October 23, 1968 – September 19, 2019) yɛ Ghana amannyɔni ne mmarahyɛbadwani a na ɔka mmarahyɛbadwa a ɛtɔ so Nsia a ɛwɔ Ghana Fourth Republic no mu ni a ɔgyina Tempane abatoɔ mpesua foforɔ no ananmu wɔ Upper East mantam no mu wɔ National Democratic Congress tekiti so.[1]

Ankorankoro asetena[sesa]

Na Adakudugu yɛ Kristoni (Assemblies of God Asɔre). Ɔwaree Akanvariva Lydia Lamisi a na ɔwɔ mma num.[1]

Mfitiaseɛ asetena ne nwomasua[sesa]

Wɔwoo Adakudugu wɔ Ahinime bosome no da a ɛtɔ so aduonu mmiensa (23), wɔ afe 1968. Ɔfiri Basyonde, kuro bi a ɛwɔ Upper East mantam no mu wɔ Ghana.[1] Ɔkɔɔ Methodist Sukuupɔn, a ɛwɔ Accra na ɔnyaa ne bachelor’s degree wɔ adwadie mu.[1]

Amanyɔsɛm[sesa]

Na Adakudugu yɛ yɛ kyiniiɛ amannyɔkuo NDC no mu nipa. Wɔ afe 2012 mu no, ɔsii akan maa Tempane abatoɔ mpesua foforɔ no wɔ NDC amanyɔkuo no din mu wɔ mmarahyɛbadwa a ɛtɔ so so nsia a ɛwɔ republic a ɛtɔ so nnan no tekiti so na ɔdii nkonim.[1]

Adwumafa[sesa]

  • Ɔkwankyerɛfoɔ Panyin, Noryini Commercial Limited, Kasoa (2005–2009) .
  • Ɔmantam no sohwɛfoɔ panin, Garu-Tempane Ɔkwankyerɛfoɔ (April, 2009–January, 2013)

Owuo[sesa]

Adakudugu wuiɛ wɔ Ɔpɛpɔn bosome no da a ɛtɔ so dunkron, wɔ afe 2019 wɔ Tamale Nkyerɛkyerɛ Ayaresabea.

Baabi a menyaa mmoa firiiɛ[sesa]

  1. 1.0 1.1 1.2 1.3 1.4 MPs (in American English), retrieved 2023-10-01