Daniel Olorunfemi Fagunwa

Ɛfi Wikipedia
Daniel Olorunfemi Fagunwa
nnipa
sex or gendermale Sesa
country of citizenshipNigeria Sesa
given nameDaniel Sesa
date of birth1903 Sesa
place of birthIle Oluji/Okeigbo, Ondo State Sesa
date of death9 Ɔpɛnimma 1963, 7 Ɔpɛnimma 1963, 1963 Sesa
place of deathBida Sesa
manner of deathaccidental death Sesa
cause of deathdrowning Sesa
place of burialIle Oluji/Okeigbo Sesa
languages spoken, written or signedYoruba, Nigerian Pidgin, English Sesa
writing languageYoruba Sesa
occupationwriter, teacher Sesa
position heldprofessor Sesa
ethnic groupYoruba people Sesa
notable workOgboju Ode ninu Igbo Irunmole Sesa
award receivedMember of the Order of the British Empire Sesa
described at URLhttps://www.biografiasyvidas.com/biografia/f/fafunwa.htm Sesa
Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔ Asante kasa mu

Chief Daniel Olorunfemi Fagunwa , MBE (1903-Ɔpɛnimaa 7, 1963) a dodoɔ no ara nim no sɛ D.O Fagunwa , yɛ Nigeriani nwomatwerɛfo.[1] Na ɔyɛ Yorubani a na ɔkyerɛw nhoma wɔ wɔ Yoruba kasa no mu.[2]

N'abrabɔ Ahyɛaseɛ[sesa]

Wɔwoo Daniel wɔ Òkè-Igbó a ɛwɔ Ondo State wɔ Nigeria wɔ afe 1903 mu. N'awofoɔ ne Owura Joshua Akintunde Fagunwa ne Owurayere Rachel Osunyomi Fagunwa.[3] Na ɔwɔ nuanom mmaa mmiɛnsa, Mary Adeyemi, Ojuolape ne Omotunde. Ansa na n'awofo bɛyɛɛ Akristofoɔ no, na wɔfrɛ no Orowole Jaanini. Edin Orowole no fri Yoruba atɛntɛnbɛn bosom Oro din mu.

Na Fagunwa awofoɔ yɛ abosomsomfoɔ wɔ Yoruba som no mu kosi sɛ wɔdane bɛyɛɛ Akristofoɔ fri afe 1910 awieɛ kosi 1920 ahyɛaseɛ. Wɔbɛyɛɛ Akristofoɔ no, Fagunwa sesaa ne din yɛɛ no Olorunfemi ( Nyankopɔn dɔ me).[4]

Ɔkɔɔ sukuu wɔ St Luke's School a ɛwɔ Òkè-Igbó firi afe 1916 kosi afe 1925. Owiee ne mfitiaseɛ sukuu wɔ hɔ na wɔ afe 1925 mu no, ɔsan kɔkyerɛɛ adeɛ wɔ sukuu hɔ.[5]

Firi afe 1926 kosi afe 1929 no, ɔkɔɔ sukuu wɔ St Andrew's College a ɛwɔ Oyo kosuaa adeɛ bɛyɛɛ ɔkyerɛkyerɛni. Ohyiaa ne yere wɔ Modakeke wɔ afe 1931 mu berɛ a na ɔwɔ akwamma mu wɔ St Andrew's College no. Wɔ tenase mfeɛ nsia na wɔwaree wɔ afe 1937 mu.[6]

Abusua Abakɔsɛm[sesa]

Fagunwa nanabarima kansewa a ɔwɔ n'agya afa ne Faniyi Arojo a na ɔyɛ ɔkofoɔ. Ne nanabarima wɔ n'agya afa ne Egunsola Asungaga Beyioku. Na ɔyɛ Ifa kɔmfoɔ a ofiri Origbo, kurow bi a ɛbɛn Ipetumodu. Ne nanabaa eɔ n'agya afa ne Sayoade Olowu.  Na ne nanabarima Asungaga mmba wu ara na wɔrewu nti otu firii Origbo kɔɔ Ile-Ife (wɔfrɛ saa wuo yi Abiku wɔ Yoruba kasa mu). Asungaga ankasa na wohu no sɛ ɔyɛ Abiku( obi a wɔgye di sɛ w'awu asan aba bio). Oduu Ile-Ife wɔ afe 1870 mu hɔ no, ɔbɛyɛɛ dunsini ne kɔmfoɔ maa ɔhene a na ɔwɔ Ile-Ife a wɔfrɛ no Ologbenla. Berɛ a ɔko a na ɛwɔ nnipa a wɔwɔ Ondo ne Ife no baa awieeɛ no, akofoɔ dodoɔ no ara tee wɔn ho kɔtee kuro foforɔ a na wɔfrɛ no Oko-Igbo. 'Oko-Igbo' no kyerɛ "afuo a ɛwɔ kwaeɛ mu" na ekyiri yi ɛbɛyɛɛ Òkè-Igbó. Asungaga woo mba a wɔtenaa ase nnan; Akintunde Fagunwa (ekyiri yi ɔfaa edin Joshua kaa ne din ho), Ifabunmi ( ɔware faa edin Ajibisr kaa ne din ho), Ifatosa ne Philip Odugbemi.[1]

Adwuma[sesa]

Adekyerɛ Adwuma[sesa]

Ɔyɛɛ akyerɛkyerɛfoɔ panyin wɔ St Andrew's Practicing School a ɛwɔ Oyo no firi afe 1930 kosi 1939. Wɔ afe 1940 mu no,woyii no firii hɔ kɔɔ St Patrick's School a ɛwɔ Oyo na ɔkyerɛɛ adeɛ wɔ hɔ kosii afe 1942. Wɔ afe 1943 mu no, ofirii hɔ kɔɔ CMS Grammar School a ɛwɔ Lagos na afe 1944 mu no ofirii hɔ nso kɔɔ Girl's School a na ɛwɔ Benin. Wɔ mfe 1945 ne 1946 ntam no, ɔkyerɛɛ adeɛ wɔ Igbobi College a na wɔde aba Ibadan esiane Wiase Nyinaa Ko a ɛtɔ so mmienu no nti. Wɔsan de sukuu no kɔɔ Lagos wɔ afe 1946 mu.[1]

Wɔ mfe 1946 ne 1948 ntam no, onyaa abasobɔdeɛ firii British Council hɔ de kɔɔ Britain. Berɛ a ɔsan baa Nigeria no, ɔkɔkyerɛɛ adeɛ wɔ Government Teacher Training Centre a ɛwɔ Ibadan no mfeɛ mmienu. Wɔ afe 1950 mu no, Fagunwa san kɔɔ Britain sɛ ɔrekɔtoa ne nwomasua so na ɔsan baa Nigeria wɔ afe 1955 mu bɛyɛɛ Nwomasua Sohwɛfoɔ wɔ Nwomatim Afa a ɛwɔ Ministry pf Education wɔ Nigeria Atɔeɛfam. Odii saa dibea yi kosii afe 1959.[1]

Nwomatwerɛ Adwuma[sesa]

Wɔ afe 1938 mu no, ɔtwerɛɛ ne nwoma a ɔtoo din 'Ogboju Ode ninu Igbo Irunmole' [7]a nnipa dodoɔ no ara nim sɛ ɛno ne nwoma a edi kan a wɔtwerɛɛ wɔ wɔ Yoruba kasa no mu na na ɛsan ka neoma a edi kan wɔtwerɛɛ wɔ Abibikasa biara mu pɛn no ho. Wole Soyinka kyerɛɛ nwoma yi ase kɔɔ Brɔfo kasa mu wɔ afe 1968 mu. Nwoma n'asɛmti wɔ Brɔfo kasa mu ne 'The Forest Of A Thousand Demons'. Thomas Nelson ne obi a odii kan timtim nwoma yi, ɛnna Random House nso timtiim wɔ afe 1982, afei City Lights nso timtiim bi wɔ mfeɛ 2013 mu. Fagunwa nwoma afoforɔ a ɔtwerɛɛe no ekyiri yi bi ne Igbo Olodumare (Nyankopɔn Kwaeɛ,1949), Ireke Onibidu(1949), Irinkerindo ninu Igbo Elegbeje( Expedition to the mount of thought, 1954) ne Adiitu Olodumare (1961). Fagunwa nwoma dodoɔ no ara gyina tetesɛm, abakɔsɛm ne kasakoa so, na na sunsumsɛm nso womu.[8]

Ògbójú Ọdẹ Nínú Igbó Irúnmọlẹ̀


Wɔ ne nhoma ahodoɔ mu no, mpɛn pii no na ɔde abɔmmɔfoɔ a wɔyɛ Yorubafoɔ na edi dwuma, wɔn ne ahemfo di nkitaho, anyansafoɔ ne anyame mpo wɔ wɔn dwumadie ahodoɔ mu.[6]

Mpɛn pii no, ne nhoma no kasa fa nkyekyɛmu a Abrɔfo Kristosom ne yɛn ara yɛn nananom som a ɛwɔ Abibirem ha no ho. Fagunwa da so ara yɛ ɔtwerɛfoɔ a ɔtwerɛɛ wɔ Yoruba kasa mu a wɔakan ne nhoma paa ara, na akyerɛwfoɔ titiriw bi te Amos Tutuola nso,[9] wanya wɔn so nkɛntɛnso pa ara. Afei nso, ne nhoma no bi kasa fa Greecefoɔ atetesɛm ne Shakespeare nnwuma ahodoɔ ho, ne nhoma bi te sɛ Igbo Olodumare, a na Baba-Onirugbon-yeuke kaa nsɛm bi a ɛte sɛ Romeo ne Juliet.

Fagunwa nyaa abasobɔdeɛ a wɔfrɛ no 'Margaret Wrong Prize' wɔ afe 1955 mu na wɔyɛɛ no titenani wɔ  'Order of the British Empire' wɔ afe 1959 mu.[6]

Ne Wuo[sesa]

Ɔpɛnimaa 7, 1963 no, na Fagunwa akɔ n'adwuma ho akwantuo wɔ Nigeria Atififam a ɔresan n'akyi akɔ Ibadan. Saa berɛ no na ɔyɛ adwuma ma Heinemann Books enti ɔkɔɔ wɔ saa adwumakuo yi din mu. Oduu Bida no, na ɛwɔ sɛ ɔfa twene twa Asuo Wuya, enti ɔkɔɔ hɔ anɔpa paa berɛ a na wɔnnfirii aseɛ mmfaa twene no nnyɛɛ adwuma no. Na saa twene no de nnipa ne ahyɛn twa nsuo no. Esiane sɛ ɔne ne hyɛnkafoɔ no kɔɔ hɔ ntɛm paa no nti na ɛwɔ sɛ wɔtwɛn kosi berɛ a wobefiri aseɛ de ayɔ adwuma. Berɛ a wɔtetwɛn no, Fagunwa yɛɛ sɛ ɔrekɔnantenante nsuo n'ano de atwɛn. Berɛ a ɔnam nsuo n'ano no, baabi a na ne nan baako si wɔ nsuo n'ano no bui na ɔpatre tɔɔ nsuo no mu. Po so hyɛn bi a na ɛbɛn hɔ butui na ɛkaa no hyɛɛ nsuo no ase ma nsuo no faa no.[10]

Wohuu ne funu no nna mmienu akyi na wɔde no kɔɔ Ibadan na ekyiri yi wɔde kɔɔ ne kurom Òkè-Igbó. Wɔyɛɛ n'awufoɔ som wɔ St Luke's Anglican Church na wosiee no wɔ amusieɛ a ɛwɔ hɔ no.[11]

Nsɛnnahɔ[sesa]

Wɔyɛɛ Fagunwa ɔhene ansa na ɔrewu wɔ afe 1963 mu no.[12]

Wɔde Fagunwa Memorial High School ne Fagunwa Grammar School a ɛwɔ Òkè-Igbó no too no. Ne babaa a wɔfrɛ no Yejide Ogundipe yɛ Ile Oluji/Okeigbo mpanyinfoɔ no dwamtenani. 'Fagunwa da' yɛ ahyiadie bi a wɔyɛ no afe biara de kenkan ne nhoma nnum no na wɔsan bɔ ho dawuro. 'Society of Young Nigerian Writers' ne ' Fagunwa Literary Society' na ɛde saa ehyiadie yi bae.[13]

Ne Nwoma Ahodoɔ[sesa]

  • Ògbójú Ọdẹ nínú Igbó Irúnmọlẹ̀ (CMS Bookshop Lagos, 1938)[14][15]
  • Igbó Olódùmarè (Edinburgh: Nelson, 1949)[14][15]
  • Ìrèké Oníbùdó (Edinburgh: Nelson, 1949)[14][15]
  • Ìrìnkèrindó nínú Igbó Elégbèje (Edinburgh:Nelson, 1954)[14][15]
  • Àdììtú Olódùmarè (Edinburgh: Nelson, 1961)[14][15]

Ne nnwuma afoforɔ[sesa]

  • Ìrìnàjò, Apa Kiní & Apa Kejí (London: Oxford University Press, 1949) | Fágúnwà's akwantuo kɔ Britain ho nsɛm.
  • Táiwò ati Kẹ́hìndé, co-authored with L.J Lewis (London: Oxford University Press, 1949) | Mfitiaseɛ Sukuu akenkanfoɔ
  • Àlàyé fún olùkọ́ nípa lílò Ìwé "Táiwò ati Kẹ́hìndé", co-authored with L.J Lewis (London: Oxford University Press, 1949) | Akyerɛkyerɛfoɔ nwoma
  • Ìtàn Olóyin (London: Oxford University Press, 1954) | Anansesɛm a woaboaboa ano..
  • Òjó Aṣọ̀tán, co-authored with G.L. Lasebikan, published posthumously (London: Heinemann Educational Books Ltd., 1964) | Anansesɛm tiawa.

Beaɛ A Minyaa Mmoa Firiiɛ[sesa]

  1. 1.0 1.1 1.2 1.3 Archive copy, archived from the original on 2023-05-27, retrieved 2023-05-27{{citation}}: CS1 maint: archived copy as title (link)
  2. https://www.vanguardngr.com/2016/06/fagunwa-wrote-first-novel-bush/
  3. Archive copy, archived from the original on 2021-10-27, retrieved 2023-05-26{{citation}}: CS1 maint: archived copy as title (link)
  4. https://www.britannica.com/biography/D-O-Fagunwa
  5. https://lccn.loc.gov/n83207295
  6. 6.0 6.1 6.2 Archive copy, archived from the original on 2023-05-27, retrieved 2023-05-27{{citation}}: CS1 maint: archived copy as title (link)
  7. https://www.vanguardngr.com/2016/06/fagunwa-wrote-first-novel-bush/
  8. https://www.britannica.com/biography/D-O-Fagunwa
  9. https://republic.com.ng/august-september-2019/amos-tutuola/
  10. https://sunnewsonline.com/fagunwa-myths-rumours-truth/
  11. Archive copy, archived from the original on 2023-05-27, retrieved 2023-05-27{{citation}}: CS1 maint: archived copy as title (link)
  12. https://www.britannica.com/biography/D-O-Fagunwa
  13. Archive copy, archived from the original on 2023-05-27, retrieved 2023-05-27{{citation}}: CS1 maint: archived copy as title (link)
  14. 14.0 14.1 14.2 14.3 14.4 https://www.thriftbooks.com/a/do-fagunwa/299354/
  15. 15.0 15.1 15.2 15.3 15.4 https://www.nairaland.com/3445402/trying-get-all-d.o-fagunwas