Daasebre Gyamena
- Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔ Asante kasa mu
Daasebre Gyamenah a ne din ne Abubakar Siddiq yɛ Ghana nwontoni kɛseɛ a ɔfiri Koforidua wɔ apueɛ mantam mu. Wɔwoo no afe apem ahankron aduosia nwɔtwe (1968).[1] Wɔwoo no too abusua a na wɔyɛ nkramofoɔ nanso na ɔwɔ Kristofoɔ din sɛ Kojo Gyamenah. Ne maame firii mu berɛ a na wadi mfeɛ nnum.Daasebre Gyamenah de Kristosom ne nkramosom nyinaa hoahoaa ne ho wɔ n’abrabɔ mu. Daasebre Gyamenah bɛgyee din berɛ a ɔde ne nwom apaawa a ɛdi kan (kokooko) baeɛ wɔ afe apem ahankron aduokroa nkron (1999). Saa apaawa yi so na ɔde Lord Kenya kaa ho. Na saa nwom yi bɛyɛɛ hilife ne hiplife nwom kɛseɛ wɔ Ghana nwom abakɔsɛm mu.[2]
N’abrabɔ Ne Ne Dwomtoɔ Adwuma
[sesa]Daasebre nwom a na ɔyɛ no yɛ mid-tempo rythms. Na ɔde abɛbuo nso di dwuma pa ara wɔ ne nwomtoɔ mu ma ne nwom da soronko. Na ɔkyerɛ sɛ ɔsuaa saa abɛbuo yi firii ne nanabaa nkyɛn. Mpɛn pii no na ne nwom kasa fa ɔdɔ, abrabɔ mu afrosane, honhom mu nsɛm ne afotusɛm a ɛkɔ ma mmabunu ne mpaninfoɔ nyinaa.[3]
Wɔ afe 1980s mu no, ɔtuu kwan kɔɔ Germany, na ɔde ne ho kɔbɔɔ kuo a yɛfrɛ wɔn sɛ Talking Drum band.Na akyire no ɔne nwontoni Daddy Lumba bɛyɛɛ adwuma wɔ afe 1989 mu. Na ɔno ara bɛnyaa beaeɛ a na ɔde to ne nwom a na wato no din sɛ Owoahene studio ɛwɔ Kumasi.Na ɛhɔ na ɔde yɛɛ ne nwom no mu dodoɔ no ara.
Ɛnfa ho ne ɛsiane a ɛtoo no wɔ afe 2006 wɔ UK berɛ a wɔkyeree no too afiase sɛ ɔde nnubɔne ahyɛ ne nneɛma mu aba aburokyire hɔ no, ɔkɔɔ so ara de nwom baa abɔnten a ɛbi ne: A friend in Need, Seetei ne Ahoɔfɛ; na ne nwom "Ahoɔfɛ" na ɛmaa no nyaa ahotɛdin sɛ "Daasebre Ahoɔfɛ Gyamenah". Ne nwom "Ohia nam ɛwono" yɛ nwom a wɔda so ara bɔ de twe nnipa adwene si sɛdeɛ ohia ne ahokyerɛ teɛ.[4]
Ne Nwom Ahodoɔ
[sesa]- Woda a ɛnna
- Ohia nam ɛnwono
- Seetei
- Mesrɛ Awurade
- Din bɔne
- Ɔman ba Pa
- Ɔtwa Sa
- Kokooko
- Twa so
- Manyɛ no yie
- Yɛgye Apem
- Mobɛkae me
- Saa na Ɛteɛ
- Saman Me
- Ɛnma sika nni me so
- Sane bɛgye wayeyi
- Mɛwu ama wo
- Kae me
Abasobɔdeɛ
[sesa]Wɔ ne nwontoɔ adwuma mu no, ɔgyee abasobɔ beberee a ɛbi ne abasobɔ ahodoɔ nnan a ɔgyee no afe 2002 mu wɔ Ghana nwom abasobɔ hɔ.[5]
Ne Wuo
[sesa]Daasebre wuu Kitawonsa bosome ne da a ɛtɔ so aduonu nkron afe 2016 (July 29,2016) mu wɔ Nkran berɛ a na yareɛ kakra bi akye no.
Beaeɛ A Menyaa Mmoa Firiiɛ
[sesa]- ↑ Daasebre Gyamenah biography (in English), retrieved 2025-07-05
- ↑ Daasebre Gyamena, Biography, retrieved 2025-07-05
- ↑ Aba Afful (2016-07-29), 6 most memorable moments of Daasebre Gyamenah - YEN.COM.GH (in English), retrieved 2025-07-05
- ↑ Folktale Threads (2022-10-01), Daasebre Gyamenah - Ohia Nam Enyono, retrieved 2025-07-05
- ↑ bmensah (2021-12-17), #OldGeezOnY: Celebrating a music royal, Daasebre Gyamenah (in American English), retrieved 2025-07-05