Dɔkono a yahono

Ɛfi Wikipedia
Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔ Asante kasa mu

Dɔkono a yɛde nsuo a agyene ahono yɛ Ghana aduane bi a yɛde pa yɛanum wɔ berɛ a yadi anwummerɛ aduane awie koraa, yɛnya dɔkono no firi aburo a yayam, afete ama no abobɔ anoa no wɔ gya so.[1]Ghana no yɛtaa tɔn aduane yi wɔ kwankyɛn.[2]

Nkyekyɛmu.[sesa]

Yɛnya dɔkono firi aburo a yɛde agu nsuom ama no adi nnanu, ansa na yayam afete ama no ayɛ mmɔle.[3] Yɛma mmɔre no si hɔ nna kakra ma no boro, ansa na yate mmɔle no kakraa anoa de nea yɛnnoa yɛ afra.[3] Sɛ woreyɛ dɔkono a yɛde nsuo a agyene ahono a wobɛbubu dɔkono mu nketenkete na wode nsuo agum ayam, na wode asikyire, meleke sam ɛne nsuo a akyene afra.[3] Ɛwɔ sɛ wɔde meleke yɛ no ebinom nso de nkateɛ a yakye yɛ.[3]

Ahonidie.[sesa]

Ghana, wɔn a wɔtɔn dɔkono a yahono wɔ kwan ho a wɔnni baabi a wɔyɛ no no ni no, mmoawa bi te sɛ "E-coli ne staphylococcus aureus" tumi wurawura mu sɛe no. Mpaninfoɔ ayɛ sɛ wɔbɛkyerɛkyerɛ wɔn sɛdeɛ wɔbɛtumi de abɛɛfo mfidie a wɔde yɛ saa dɔkono no atumi adi dwuma asane apɛ nkorɔfoɔ a wɔbɛhwɛ sɛ ahonidie bɛkɔ so wɔhɔ.[4]

Beaɛ a menyaa mmoa firiiɛ.[sesa]

  1. https://books.google.com.gh/books?id=Tx7xAAAAMAAJ&q=ice+Kenkey&redir_esc=y
  2. https://books.google.com.gh/books?id=wC19BAAAQBAJ&q=ice+Kenkey&pg=PA149&redir_esc=y#v=snippet&q=ice%20Kenkey&f=false
  3. 3.0 3.1 3.2 3.3 Atter, Amy; Ofori, Hayford; Anyebuno, George Anabila; Amoo-Gyasi, Michael; Amoa-Awua, Wisdom Kofi (2015). "Safety of a street vended traditional maize beverage, ice-kenkey, in Ghana". Food Control. 55: 200–205. doi:10.1016/j.foodcont.2015.02.043.
  4. K., Effah. "Health Alert: Iced kenkey made with bare hands in Kumasi (Video)". Yen.com.gh. Archived from the original on 2021-04-15. Retrieved 2021-04-15.