Cynthia Mamle Morrison

Ɛfi Wikipedia
Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔ Asante kasa mu
Hon.
Cynthia Mamle Morrison
Member of the Ghana Parliament
for Agona West constituency
Mprenpren
Bere
7 January 2017
Minister of Gender, Children & Social Protection
Bere
8 August 2018 – 6 January 2021
ƆmanpanyinNana Akuffo-Addo
Ne ho asɛm
Awo bere
Cynthia Mamle Morrison

17 January 1964 (1964-01-17) (age 60)
Elmina, Central Region, Ghana
Ne manGhanaian
AmanyɔkuoNew Patriotic Party
Mmaseven
N'adwumaEducationist
CabinetMinister
CommitteesYouth, Sports and Culture

Privileges

Committee of Selection

Cynthia Mamle Morrison a ɔwoo no wɔ ɔpɛpɔn bosome da a ɛtɔ so dunson, wɔ afe apem ahankron aduosia-nan mu yɛ amanyɔ ni a ɔfiri Ghana na ɔka New Patriotic Party amanyɔkuo no ho. Mprɛnpren no, ɔyɛ mmarahyɛbadwamni a ɔhwɛ Agona West mpɛsua so. Wɔ Ɔsanaa bosome da a ɛtɔ so nkron, mfeɛ mpem mmienu ne dunwɔtwe mu no, ɔtoo wɔn nsa frɛɛ no sɛ ɔmɛyɛ ɔmansoafoɔ a ɔhwɛ mmaa ne mmarima, mmofra ne ahobammɔ so a ɛyɛ ɔmanpanin Nana Akuffo Addo na ɔfrɛɛ no.

Nkɔdaa Birem Abrabɔ ne Sukuusem[sesa]

Wɔwoo Cynthia wɔ Ɔpɛpɔn bosome da ɛtɔ so dunson wɔ afe apem ahankron aduosia mu wɔ Elmina mfinimfini mantam mu. Ɔgyee tikya nteteɛ abɔdini krataa wɔ Maria Montessori Nteteeɛ Suapɔn no mu wɔ afe apem ahankron aduokron mmienu mu. Ɔsane nso wɔ aduanenoa ho abodin krataa pii.

ɔno Ankasa N'abrabɔ[sesa]

ɔware Herbert Morrisson a ɔne no wɔ nkɔdaa nson. ɔyɛ Kristo nii.

Nádɔeɛ ne N'abrabɔ[sesa]

Mrs. Cynthia Morrison dii mfeɛ aduonum mmienu no, ɔyɛɛ adeɛ de noɔma bi te sɛ nkɔnwa a ayarefoɔ tena mu, adeɛ a ɛboa anifrafoɔ ne krɔɔkye kɔ kɔkyɛɛɛ se ɛka n'awodadie no ho.

Amanyɔsem[sesa]

Cynthia sii akan na ɔdii New Patriotic Party mmerahyɛbadwan akonnwa no maa Agona West mpɛsuaso wɔ mfimfini mantɛm .ɔdii saa akansie yi wɔ mfeɛ mpem mmienu ne du nsia abatoɔ no mu.Nkrɔfoɔ mmienu bi nso a ɔmo sii akan no bi a ɔmo de Charles Obeng Inkoom a ɔwɔ National Democratic Congress kuo no mu ne Eans Inkoom a ɔwɔ Conventions People Party nso sii akan no bi wɔ mfeɛ mpem mmienu ne du-nsia abatoɔ ketoa no mu wɔ Agona West mpɛsuaso. Aba a na ɛye 56,876 no, Cynthia nyaa mu 32,770 a ɛkyerɛse wánya ɔha mu nkyikye mu 58.03 wɔ aba no mu.