Cecilia Dapaah

Ɛfi Wikipedia

Cecilia Abena Dapaah (wɔwoo no 27 Ɔbɛnem 1954) yɛ Ghana ɔmanyɛni. Ɔyɛ Ɔman Ho Dɔ Kuw Foforo no muni na na ɔyɛ Mmarahyɛ Bagua no muni ma Bantama mantam no . Kan no na ɔyɛ Ɔmanpanyin abadiakyiri a ɔhwɛ Nsuo Ho Nneɛma, Adwumayɛ ne Adan So, na ɔyɛ ɔman no mu deɛ mprempren  ] Ɔsoafo a ɔhwɛ Ahotew ne Nsu Ho Nsɛm So.

Mfiase ne nhomasua asetra[sesa]

Wɔwoo Cecilia Dapaah wɔ 27 November 1954 fi Mpasatia wɔ Ashanti Mantam mu . Ɔkɔɔ Ghana Suapɔn, na owiee sukuu no nyaa Bachelor of Arts abodin krataa wɔ Franse ne kasa ho adesua mu wɔ afe 1979 mu. Ɔwɔ akannifoɔ adansedie krataa wɔ Harvard Kennedy Sukuu mu, ne adansedie krataa a ɛwɔ akyire wɔ Amanaman Ntam Nkɔsoɔ Adesua mu wɔ Oslo Suapɔn mu .

Adwumayɛ asetra[sesa]

Na Dapaah yɛ nkɔso adwumayɛfo wɔ n’adwuma mu na na ɔyɛ Ɔmampanyin John Kufour boafo titiriw . Wɔ afe 2001 mu no, wɔpaw no sɛ Ghana Cocoa Processing Company no Boayikuw no guamtrani. Wɔyii no firii adwumakuo no mu wɔ afe 2005 mu, na ɔyɛɛ Ɔsoafoɔ abadiakyiri a ɔhwɛ Nsuo, Adwumayɛ ne Adan So. Wɔ afe 2007 mu no, wɔyɛɛ no ɔsomfoɔ titire kɔsii sɛ John Kufour nnisoɔ no baa awieeɛ wɔ afe 2008.

Amammui asetra[sesa]

Wɔ afe 2008 amansan abatow mu no Dapaah sii akan na odii nkonim wɔ Bantama mantam abatow mu . Ɔnyaa abatoɔ 36,708 wɔ 48,476 a ɛgyina hɔ ma abatoɔ a ɛfata a wɔtoeɛ no mu 75.7%. Cecilia Dapaah yɛ Ghana Mmarahyɛ Bagua no muni firi afe 2009 kɔsi afe 2013. Ɔyɛɛ adwuma wɔ mmarahyɛ bagua boayikuw ahorow mu wɔ Ghana a Adwumayɛ ne Adan; Afotufoɔ Boayikuo a wɔde ma Mmarahyɛ Bagua no Kasafoɔ; Adwumayɛ, Asetra mu yiyedi ne Mmabun; Amannɔne Nsɛm Ho Nsɛm; ne Budget Titiriw.

Abatow a wɔyɛ[sesa]

Wɔpaw Dapaah sɛ mmarahyɛ baguani mma Bantama mantam a ɛwɔ Ashanti Mantam mu wɔ Ghana nea edi kan wɔ afe 2004 Ghana amansan abatow no mu.[1] Odii nkonim wɔ New Patriotic Party no tekiti so .[1] Ná ne mantam no yɛ mmarahyɛ bagua nkongua 36 no fa wɔ nkongua 39 a Ɔman Ho Dɔ Kuw Foforo no dii wɔ saa abatow no mu maa Ashanti Mantam no mu. New Patriotic Party no nyaa mmarahyɛ bagua nkongua 128 wɔ nkongua 230 mu. Wɔde abatoɔ 41,064 na ɛpaw no wɔ abatoɔ a ɛfata a wɔtoeɛ nyinaa mu 49,174 a ɛne abatoɔ a ɛfata nyinaa mu 83.5% yɛ pɛ.[1] Wɔpaw no sen Alhasan Napoh a ofi National Democratic Congress ne Yaw Owusu Boafo a ofi Convention People’s Party mu .[1] Eyinom nyaa abatow a ɛfata nyinaa mu 14.8% ne 1.7%.

Ɔmanpanyin a ɔhwɛ wimhyɛn akwantu so[sesa]

Wɔ 7 Ɔbɛnem 2017 no, Ɔmampanyin Akuffo-Addo yii no sɛ ɔmmɛyɛ Ɔmanpanyin a ɔhwɛ wimhyɛn so. Ghana Mmarahyɛ Bagua no Apawfoɔ Boayikuo no yɛɛ nhwehwɛmu wɔ 8 Ɔpɛpɔn 2017. Wɔ ne nhwehwɛmu mu no, ɔdii adanseɛ sɛ ɔbɛma wimhyɛn adwuma atu mpɔn wɔ Ghana, na nea ɛhia ne sɛ ɔbɛsan ahyɛ ɔman no mu wimhyɛn adwuma ase wɔ afe 2019. Na n’adwene ne sɛ adwumakuw a ɛde nneɛma kɔ no a enni hɔ no rema Ghana ahwere sika ɔpepem pii a obenya afi mu. Ɔman no mu wimhyɛn a etwa to ne Ghana International Airlines, a ɛhwee ase wɔ afe 2010. Wɔ March 2017 mu no, ɔde too gua sɛ Ghana renya nkɔsoɔ wɔ ɔpɛ a ɔwɔ sɛ ɛbɛyɛ wimhyɛn beaeɛ a ɛwɔ West Africa mantam no mu.

Ankorankoro asetra[sesa]

Dapaah aware a ɔwɔ abofra baako. Ɔyɛ Methodist Asɔre no muni .

Hwɛ nso[sesa]

  • MP a wɔpaw wɔn wɔ afe 2004 Ghana mmarahyɛ bagua abatow mu din
  • MP a wɔpaw wɔn wɔ afe 2008 Ghana mmarahyɛ bagua abatow mu din

Nsɛm a wɔde gyinaa so[sesa]

  1. 1.0 1.1 1.2 1.3 Elections 2004; Ghana's Parliamentary and Presidential Elections. Accra: Electoral Commission of Ghana; Friedrich Ebert Stiftung. 2005. p. 121.