Borteyman

Ɛfi Wikipedia
Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔ Asante kasa mu
Borteyman
CountryGhana
RegionGreater Accra Region
DistrictKpone Katamanso Municipal District
Time zoneGMT
 • Summer (DST)GMT
Postcode district
Area code(s)030

Borteyman yɛ mpɔtam a ɛwɔ Kpone Katamanso mansini a ɛwɔ Nkran punpuni mantam wɔ Ghana.[1]

Nnoɔma a ɛwɔ[sesa]

Ɛyɛ beaɛ a nnipa nim sɛ wɔfrɛ no Borteyman a agokansie bɛyɛ Amerika ɔpepepe ɔha ne aduanan numkɔ so wɔ hɔ a akansie bɛkɔ so wɔ mfeɛ mpem mmienu ne aduonu mmiɛnsa abibirem agorɔ nom.[2] Saa agoprama no wɔ nnoɔma bi te sɛ: borɔfo kwansin ahanan kwan nsia a bɔɔlo bɔfoɔ fa hɔ de kɔsua bɔɔlo bɔ; mmaa ne mmarima ahosiesie beaɛ, beaɛ a akyitaafoɔ bɛyɛ ahanum bɛgyina; beaɛ a nnipa bɛyɛ pem bɛkɔ akɔ dware wɔ akansie mu,kwan nnwɔtwe a wɔn a wɔbɛsware wɔ akansie nom bɛfa so ne beaɛ nnwɔtwe a wɔde bɛsɔ wɔn ho ahwɛ; beaɛ a nnipa ahanum bɛgyina mmerɛ tiawa bi(handball,judo,karate,taekwondo,etc); beaɛ a nnipa mpem bɛtena a akansie pii bɛtumi akɔso wɔ hɔ(badminton, ntɔkwa,volleyball, nnoɔma pɛgyaa); beaɛ num a wɔbɔ tennis a ɛbɛtumi afa nnipa mpem a akyitaafoɔ atitire beaɛ ka ho ne beaɛ mmɔfra bɛdi agorɔ. [3] Nana Akuffo-Addo kɔtwaa ahoma bue kwan maa wɔhyɛɛ agoprama no sie ase.[4]

Adansie ho dwumadie[sesa]

Ɛyɛ beaɛ a adansie ho nnoɔma nhyehyɛeɛ boɔ yɛ fo a State Housing Company Limited da ano a ɛkura dankora num ne unit aduoson mmienu.[5]

Beaɛ a menyaa mmoa firiiɛ[sesa]

  1. https://www.graphic.com.gh/news/general-news/residents-of-borteyman-adjiringanor-mmai-djorn-applaud-igp-for-fighting-land-guards.html
  2. https://www.adomonline.com/govt-determined-to-complete-borteyman-sports-complex-for-2023-africa-games-finance-minister/
  3. https://citisportsonline.com/2021/11/17/govt-committed-to-completing-borteyman-sports-complex-ahead-of-2023-africa-games-ken-ofori-atta/
  4. https://starrfm.com.gh/2021/08/africa-games-prez-akufo-addo-cuts-sod-for-construction-of-borteyman-sports-complex/
  5. https://citifmonline.com/2014/05/borteyman-affordable-housing-to-be-completed-in-december-2014/