Bia west (Ghana parliament constituency)

Ɛfi Wikipedia
Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔ Asante kasa mu

Bia West (Ghana mmarahyɛbadwam mpɛsua) (About this soundpronunciation of "Bia West" ) yɛ abatoɔ mpɛsua no mu baako a ɛwɔ Ghana mmarahyɛbadwam. Wɔtoo aba yi mmarahyɛbadwani baako a ɔdii nkonim wɔ abatoɔ no mu. Bia West wɔ Bia mansini a ɛwɔ Atɔeɛ Atifi mantam wɔ Ghana.[1][2]

Bia West mansini no yɛ abatoɔ mpesua nkron a ɛwɔ Western North mantam no mu no mu baako, wɔ ɔman Ghana mu. Nkane no na ɛka Bia mansini no abatoɔ mpesua no ho wɔ ɔsanaa bosome no mu wɔ afe mpem mmienu ne nan abatoɔ mu, wɔtee saa abatoɔ mpesua yi nyinaa firii Sefwi-Bibiani District Council abatoɔ mpesua no mu, ɛfiri berɛ a wɔtee mpesua no atifi-apuiɛ fam firii mansini no mu na yɛbɛnyaa Bia East abatoɔ mpesua wɔ ayɛwohomumo bosome no da a ɛtɔ so aduonu nwɔtwe, wɔ afe mpem mmienu ne du-mmienu abatoɔ mu; abatoɔ mpesua a ɛkae no na yɛfrɛ no Bia West abatoɔ mpesua so no.

Ɛhyeɛ[sesa]

Bia West abatoɔ mpesua no hyɛ atifi-atɔeɛ fam wɔ Western North mantam no mu. Sefwi Essam na ɛyɛ Bia West abatoɔ mpeusua no ahenkuro.

Abatoɔ mpesua ahodoɔ a ɛne Bia West abatoɔ mpesua no bɔ hyeɛ bi ne Bia East abatoɔ mpesua so ne Juaboso abatoɔ mpesua so.

Mmarahyɛbadwafoɔ[sesa]

Augustine Tawiah na na ɔyɛ anamsini de ma Kyiniiɛ amannyɔkuo NDC wɔ Aae mpem mmienu ne dunsia (2016) abatoɔ no mu.[3]

Baabi a menyaa mmoa firiiɛ.[sesa]

  1. https://ghanaelections.peacefmonline.com/pages/2016/western/bia_west/
  2. https://presidency.gov.gh/index.php/briefing-room/news-style-2/1081-sefwi-wiawso-is-capital-of-western-north-region-president-akufo-addo
  3. https://www.parliament.gh/mps?mp=78