Betty Krosbi Mensah

Ɛfi Wikipedia
Hon.
Betty Krosbi Mensah
MP
Member of the Ghana Parliament
for Afram Plains North constituency
Mprenpren
Bere
7 January 2017
OdikanfoEmmanuel Aboagye Didieye
Ne ho asɛm
Awo bere
Betty Nana Efua Krosbi Mensah

29 August 1980 (1980-08-29) (age 43)
Donkorkrom, Ghana
Ne manGhanaian
AmanyɔkuoNational Democratic Congress
RelationsKrosbi Mensah (father)
Mma1
Sukuu a w'akɔZenith University College, Koforidua Technical University
N'adwumaPolitician
N'adwumaManaging director
CommitteesGender and Children Committee; Health Committee

Betty Nana Efua Krosbi (wɔsan kyerɛw no Crosby[1] ne Krosby[2]) Mensah, (wɔwoo no Ɔpɛpɔn 29, 1980)[3]Ghana ɔmanyɛɔfo ne Mmarahyɛbadwa no muni ma Afram Plains North mantam a ɛwɔ Ghana Apuei fam mantam mu. Ɔyɛ Ɔman Demokrasi Mmarahyɛbadwa no muni.[1][4][5][6]

Mfitiase asetra ne nhomasua[sesa]

Wɔwoo Mensah wɔ 29 Ɔbɛnem 1980 wɔ Donkorkrom, Apuei Fam Mantam. Ɔwɔ Bachelor’s degree wɔ Adwumayɛ mu wɔ Zenith University College,[7] ne Higher National Diploma (HND) wɔ Akontaabu ho nimdeɛ mu wɔ Koforidua Technical University.[4][8]

Adwuma[sesa]

Ansa na ɔrebɛyɛ Mmarahyɛ Bagua no muni no, na Mensah yɛ Best Pat Ghana Limited no kwankyerɛfoɔ panin firi afe 2013 kɔsi afe 2016. Ɔsan nso yɛɛ Ɔman Mmabun Adwumayɛ ho Ntamgyinafoɔ Abadiakyiri a ɔtɔ so mmienu firi afe 2009 kɔsi afe 2013. Mensah nso yɛ Ghana Cooperative Credit Union no Bɔbeasu ne Nkɔsoɔ Ntamgyinafoɔ firi afe 2003 kɔsi afe 2005.[4][9] Ɔyɛ Young Parliamentarians Forum, Ghana Chapter no Titenani Abadiakyiri.[8]

Amanyɔsɛm[sesa]

Mmarahyɛ Bagua no mu mmɔdenbɔ

Wɔ Ghana afe 2016 amansan abatoɔ a wɔde maa Mmarahyɛ Bagua atenaeɛ a ɛwɔ Afram Plains no mu no, Mensah twee abatoɔ dodoɔ a ɛyɛ 18,121 wɔ abatoɔ 23,606 a wɔtoo no mu a ɛgyina hɔ ma ɔha mu nkyekyɛmu 78.44 de dii Isaac Ofori-Koree a ɔfiri New Patriotic Party a ɔnyaa abatoɔ 4,795 a ɔyɛɛ ɔha mu nkyekyɛmu 20.8 wɔ ne nyinaa mu, ne Micheal Ampontia a ofi Convention People’s Party mu a onyaa abatow 91 a onyaa abatow a wotowee nyinaa mu ɔha biara mu nkyem 0.4 de dii nkonim wɔ Ghana Republic of anan Mmarahyɛ Bagua a ɛto so 7 no mu.[10]

2020 abatow mu

Wɔ afe 2020 Ghana amansan abatoɔ mu no, ɔsan dii nkonim wɔ Afram Plains North Constituency mmarahyɛ bagua no mu a ɔnyaa abatoɔ 18,543 na ɛyɛɛ abatoɔ a wɔtoeɛ no nyinaa mu ɔha mu nkyekyɛmu 68.30 berɛ a NPP mmarahyɛ baguani Isaac Ofori-Koree nyaa abatoɔ 8,605 a ɛyɛɛ abatoɔ a wɔtoeɛ nyinaa mu ɔha mu nkyekyɛmu aduasa a ɛmaa abatow a wɔtow no nyinaa mu ɔha biara mu nkyem 31.70 na NDP mmarahyɛ baguani Ferguson Asare nyaa abatow 0 a ɛmaa abatow a wɔtow no nyinaa mu ɔha biara mu nkyem 0.[11][12]

Member of Parliament

Wɔ mmarahyɛ bagua a ɛtɔ so 8 no mu no ɔsom sɛ ɔmannifoɔ wɔ Bɔbeasu ne Mmofra Boayikuo ne Akwahosan Boayikuo no mu.[3]

Personal life[sesa]

Mensah aware a ɔwɔ abofra baako.[7] Ɔyɛ Krosbi Mensah, MP a odi kan a ɔhwɛ Afram Plains Constituency so no babea.[13] Ɔyɛ Kristoni na ɔsom sɛ Roman Katolekni.

Philanthropy[sesa]

Wɔ July 2021 mu no, Mensah de laptop maa Michael Awingura a ɔyɛ Ghana Suapɔn sukuuni.[14]

Wɔ June 2022 mu no, ɔde nneɛma maa nwomasua, kuayɛ ne ayaresabea nnwinnadeɛ maa akwahosan adwuma wɔ Afram Plains North Constituency.[15]

Beaɛ a menyaa mmoa fii[sesa]

  1. 1.0 1.1 https://web.archive.org/web/20181025031231/https://omgvoice.com/lifestyle/gh-female-mps/
  2. https://ghanamps.com/mp/mensah-betty-nana-efua-krosby/
  3. 3.0 3.1 https://www.parliament.gh/mps?mp=124
  4. 4.0 4.1 4.2 https://www.parliament.gh/mps?mp=17
  5. https://www.ghanaweb.com/GhanaHomePage/regional/Youth-resist-attempts-to-relocate-ferry-at-Afram-Plains-604542
  6. https://www.newsghana.com.gh/ndc-parliamentary-candidate-makes-women-her-prime-target/
  7. 7.0 7.1 http://www.ghanamps.com/mps/details.php?id=5551
  8. 8.0 8.1 https://www.aljazeera.com/author/betty_mensah_190318135058603
  9. https://www.ghanaweb.com/person/Betty-Nana-Efauh-Krosbi-Mensah-2572
  10. http://ghanaelections.peacefmonline.com/pages/2016/parliament/eastern/afram_plains_north/
  11. http://ghanaelections.peacefmonline.com/pages/2020/parliament/eastern/afram_plains_north/
  12. https://www.ghanaweb.com/GhanaHomePage/ghanaelection2020/elections.constituency.results.php?mode=parliamentary&ID=89
  13. https://www.facebook.com/Parliament.of.Ghana/posts/1197953500644695
  14. https://ghanamps.com/betty-krosbi-mensah-supports-brilliant-but-needy-student-with-a-laptop/
  15. https://coverghana.com.gh/hon-betty-krosbi-donates-to-health-education-and-agric-sectors-in-kwahu-afram-plains-north-district/