Beth Koigi

Ɛfi Wikipedia
Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔ Asante kasa mu

Beth Koigi yɛ kenyani a w'abue dwumakuo bi na ne dwumadie ne sɛ ɔbɛboa ma nsuo nya wɔ off-grid mpɔtam atumpɔn.[1] Koigi na ɔtee Majik nsuo dwumakuo no, dwumakuo a wɔn botae ne sɛ wɔbɛ nya nsuo a yɛnom efiri ewiem ma mpɔtam wɔ awaise afanaa nyinaa a wɔnnya nsuo a ɛyɛ, ne nea ani nnyɛ korogyeen nnom.[2]

Abrabɔ mfitiaseɛ[sesa]

Wɔwoo Beth Koigi wɔ Kimende a ɛwɔ Kiambu man mu.

Adesua ne adwuma ho nsɛm[sesa]

Koigi nyaa Bachelor of Science abɔdin krataa wɔ Community Development, Project Planning ne Management firi Chuka Suapɔn mu, Kenya (ɔka wɔn a wɔwie sukuu wɔ mfeɛ mpem mmienu ne dummiɛnsa kuo no ho), ne Masters abɔdin krataa wɔ Project Planning and Management mu firii Nairobi Suapɔn mu (Ɔwiee saa sukuu no wɔ mfeɛ mpem mmienu ne dunson mu).

Onyaa ne bachelor abɔdin krataa wiee no, ɔbɛtee Aqua Clean Initiative, a ɔtee no wɔ mfeɛ mpem mmienu ne dummiɛnsa (2013) mu.[3] Koigi nyaa abasobɔdeɛ sɛ Young Water Fellowship wɔ Ɛbɔ bosome mu wɔ mfeɛ mpem mmienu ne dunwɔtwe (2018). [4][5]mumukna wakɔ so ayɛ Royal Commonwealth Society mu kuoba de bɛsi seisei, ne Nordic Baltic Hub nso kuoba firi Oforisuo bosome mu wɔ mfeɛ mpem mmienu ne dunum mu (2015).[6] Dea ɛka ho bio, Koigi yɛ ɔfotufofoɔ ma Pollination Project firi Ɔpɛnimaa bosome no mu wɔ mfeɛ mpem mmienu ne dunum mu (2015). Koigi ne seesei nea ɔtee Majik Water, a ɔtee no wɔ Kitawonsa bosome no mu wɔ mfeɛ mpem mmienu ne dunson mu (2017).[7] [8]Majik Water nyaa EDF Pulse Award Africa wɔ mfeɛ mpem mmienu ne dunson mu,[9] na Koigi ka wɔn a wɔyii wɔn wɔ Royal Academy of Engineering Africa abasobɔdeɛ wɔ mfeɛ mpem mmienu ne dunkron mu (2019). [10]Ɔbaa TEDxFasoKanu so wɔ mfeɛ mpem mmienu ne dunkron mu (2019).[11]

Beaeɛ a menyaa mmoa firiiiɛ[sesa]

  1. https://en.m.wikipedia.org/wiki/Beth_Koigi#cite_note-:0-1
  2. https://www.bbc.co.uk/programmes/p06wzd6p
  3. "Archive copy". Archived from the original on 2017-09-18. Retrieved 2022-03-18.{{cite web}}: CS1 maint: archived copy as title (link)
  4. https://en.m.wikipedia.org/wiki/Beth_Koigi#cite_note-4
  5. https://weather.com/forecast-change/news/2019-07-10-women-water-crisis-solution-sucks-water-air
  6. Archive copy, archived from the original on 2022-06-04, retrieved 2022-03-18{{citation}}: CS1 maint: archived copy as title (link)
  7. https://www.theguardian.com/global-development/2019/jan/01/africa-inspired-inventors-royal-academy-of-engineering-prize
  8. Archive copy, archived from the original on 2019-06-16, retrieved 2022-03-18{{citation}}: CS1 maint: archived copy as title (link)
  9. https://www.edf.fr/en/startup/edf-pulse/news/edf-pulse-awards-africa-prizewinners
  10. https://www.theguardian.com/global-development/2019/jan/01/africa-inspired-inventors-royal-academy-of-engineering-prize
  11. https://www.youtube.com/watch?v=JTb1hx0AWhE