Barbara Asher Ayisi

Ɛfi Wikipedia
Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔ Asante kasa mu

Barbara Asher Ayisi yɛ Ghanan amnyɔni ne mmarahyɛ baguani a ogyina hɔ ma Cape Coast Atifi mpɛseua so a ɛwɔ Mfinfini mantam mu wɔ Ghana. Ɔyɛ amanyɔkuo New Partriotic Party no mu ni ne nhomasua so soafo abediakyire wɔ Ghana.

Ne mmɔfrase ne nhomasua[sesa]

Wɔwoo Ayisi wɔ February da ɛtɔ 12, afe 1976 wɔ Efutu a ɛwɔ mfinfini mantam mu. Ɔkɔɔ sukuu wɔ Our Lady of Apostels (OLA) akyerekyerefo suapɔn ne suapɔn a ɛne University of Education, Winneba. Ɔkuraa abodin krataa wɔ brofo kasa mu a onyaa fifirii suapɔn a ɛne University of Cape Coast

N'asetena mu nsɛm[sesa]

Ɔyɛ Kristoni a ɔsom wɔ Victory Bible Church International. Ɔyɛ owarefo a okura mmɔfra mienu.

Nnwuma mu nsɛm[sesa]

Ansana ɔbɛyɛɛ mmarahyɛ baguani no, ɔne adwumakuo Ghana Education yɛɛ adwuma fiiri afe 2003 kosi afe 2006. Ɔsan nso yɛɛ kyerɛkyerɛfo a ɔhwɛ asukuufo so firi afe 2010 kosi afe 2016 wɔ Wesely Girls ntoaso sukuu no mu.

Amanyɔsɛm[sesa]

Ɔyɛ Nhomasua so soafo abediakyire a ɔhwɛ mfiase sukuu so. Ɔwɔ kuo bi a wɔfrɛ no Barbara Asher Foundation a ne botae ne sɛ ɔboa ma wɔhwehwɛ nnwuma ma wɔn a wonni bi wɔ ne mpesua so.  Barabara Asher Foundation ne suapɔn a ɛne Cape Coast Technical University no kaa wɔn ti bɔɔ mu yɛɛ nhyehyɛe tetee mmabun 200 wɔ Cape Coast mpesua so.