Azonto

Ɛfi Wikipedia
Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔ Asante kasa mu
Azonto

Azonto(About this soundpronounciation of "Azonto" ) yɛ asa ne nwom a n'ahyɛaseɛ firi Ghana[1]. Ghana News Agency kyerɛ mu wɔ wɔn nhwehwɛmu mu sɛ Azonto ne Gafoɔ asa a yɛfrɛ no Kpanlogo, a ɛyɛ wɔn a wɔtete mpo ano no bi te sɛ Chorkor, James Town, Teshie, Nungua ne Tema foɔ Greater Accra mantam no mu asa titire[2].

Nkyerɛkyerɛmu pii no ara kyerɛ sɛ Azonto din pa ara ne 'Apaa' wɔ saa nkuro yi mu[3]. saa Apa asa yi, wɔ Azonto asa no nsɛsoɔ a, yɛtoto yɛn nsa a ɛkyerɛ nnoɔma a yɛyɛ no daa ne daa wɔ yɛn asetena mu titire ne deɛ ɛkasa fa nnipa asetena mu nsɛm ho[4], anaa ɔyɛkyerɛ bi a ɛbɛma ahwɛfoɔ ne atiefoɔ aniagye.

Wodikan tu anammɔn baako anaa mmienu nanso akɔ anim abɛyɛ beberee na ɛbi nso abɛyɛ nsɛnkwaa.[5]Sɛdeɛ abibire asa bebree teɛ no,sɛ woresa Azonto a wobɛhu wo kotodwe na wo hips nso redi adaneadane. Asa no atrɛ afiri nketewa mu kɔ sereɛ nneyɛɛ bi te sɛ woreto nnoɔma, woresi nnoɔma, woretwi kaa, woreko, worebɔ mpaeɛ, woredware wɔ nsuo mu ne nea ɛkeka ho.[6]

Abakwasɛm[sesa]

Azonto yɛ nkitahodie asa bi a yɛ gyedi sɛ ɛfiri "Apaa" a ɛkyerɛ sɛ “yɛ adwuma”. Na wɔde Apaa kyerɛ adwuma ko a nnipa biara yɛ. Azonto asa anyini agya ahyɛnsodeɛ bi ato hɔ. Ɛno akyire no asa no maa Ghanafoɔ pii adwene baa so. Wɔ afe korɔ no ara mu wɔ (mfeɛ mpem mmienu ne du mmiɛnsa) mu no,[7] na Ghanafoɔ pii noa nnwom yɛ Azonto asa nkoa ɛna ɛno akyire no ɛtrɛ kɔɔ Abibirem aman ahodoɔ pii so ne wiase no bi so. [8]Nnwomtoni a wagye din na ɔyɛ nhwehwɛmu a yɛfrɛ no Jesse Weaver Shipley kyerɛ sɛ biribi te sɛ hiplife, Azonto na ama ne nkyerɛaseɛ akɔ aburokyire. Ghanafoɔ a ɛwɔ ha no na ama wɔn a ɛwɔ aburokyire ahunu Azonto asa.[9]

Din a nnwom no agye wɔ amanɔne.[sesa]

Yɛbɛtumi baa berɛ a R2Bees de nnwom "Azonto" baeɛ nanso Guru nwom Lapaz Toyota bɛdii hene wɔ so maa ɛno akyire na NshonnaMusick a ɔboa ma wɔde nwom pii nso de nnwom "You Go Kill Me" baeɛ a na Sarkodie (rapper) ne EL (rapper) wɔ so. Ɛbɛgyedin wɔ abɛɛfo ntentan so berɛ a wɔde nwom no asaeɛ a fast-pace tempos, home-made dance instructional de too abɛɛfo ntentan baako a wɔfrɛ no Youtube wɔ berɛ a obia anse wɔn, ɛna asa kuo ne Ghanafoɔ pii de wɔn ho gyee mu, ne Abibifoɔ a ɛte UK, Germany ne U.S. [10]

Ɛnam sɛ Ghanafoɔ pii no ara kɔ abɛɛfo ntentan paa nti ɛnam so maa Azonto nwom no trɛɛ yie, na ɛbɛyɛɛ abibirem amammerɛ. Sɛdeɛ nsɛntwerɛfoɔ si maa nwom no trɛ kɔɔ soro. Azonto yɛ nnwom a ɛgyee din paa wɔ abɛɛfo ntentan so, adeɛ baako ɛmaa anwomtofoɔ de wɔn ho gyee mu, wei na ɛdaa edin no kaa ɔman no mu.Saa nkitahodie ama no aka ha, ɛna ayɛ sɛ aha na nnwom no firi. Ntɔtɔfewa a ɛrenyini no nso abɛ hunu sɛ abɛyɛ adeɛ a ɛka yɛn amammerɛ ho, te sɛ Azonto, a ɛtrɛ faa abɛɛfo ntentan so. Ɛne sɛ Azonto bɛtumi atrɛ akɔ baabi ara wɔ berɛ ɛfiri baabi na ɛbaeɛ.[11]

Nnwom Ahodoɔ.[sesa]

The Most Popular Azonto Tracks of 2012
Track Title Artiste Album Title
"Lapaz Toyota" Guru
"You Go Kill Me" Sarkodie (featuring E.L)
"Dangerous" Sarkodie
"Zooze" Koo Maanu (featuring No-Tyme)
"Move To The Gyal Dem" Donae'o (featuring Sarkodie)
"Aboodatoi" Gasmilla
"Chop Kenkey" Joey B
"Twame Lala" Stay Jay
"Obuu Mo" E.L
"Kaluu" E.L
"Yenko Nkoaa" Eduwodzi (featuring Stay J)
"Azonto" Fuse ODG (featuring Itz Tiffany)
"Kolom" Buk Bak
"Sokode" Keche
"Body Lotion" Keche
"Azonto Ghost" Bisa Kdei
"Aluguntugui" Keche
"Moko Ni" 4x4
"Antenna" Fuse ODG
"Seke" Dr Slim (featuring Double)
"Ayi" Criss Waddle (featuring Bisa Kdei)
"Azonto" Wizkid
'"Azonto'' R2BEES

NNWOMA A MENYAA MMOA FIRII MU[sesa]

  1. "Ghana's new dance craze - the Azonto". BBC News. Archived from the original on 2019-05-01. Retrieved 2019-04-30.
  2. "Ghana’s Azonto Dance hit global entertainment stage". ghananewsagency.org. Archived from the original on 2015-04-05. Retrieved 2020-04-29.
  3. "Azonto - The New Music and Dance Craze in Ghana". Modern Ghana. Archived from the original on 2020-04-01. Retrieved 2020-04-29.
  4. Mark, Monica (3 September 2012). "Ghana's Azonto craze takes over dancefloors across the world". The Guardian. Retrieved 29 April 2020.
  5. Aidoo, Kwame. "The Best Places to Learn the Azonto Dance in Ghana". Culture Trip. Archived from the original on 2019-05-01. Retrieved 2019-05-01.
  6. Stephen Atta Owusu (4 February 2012). "Azonto - The New Music and Dance Craze in Ghana". modernghana.com. Archived from the original on 16 April 2013. Retrieved 19 June 2013.
  7. Ghana's new dance craze - the Azonto". BBC News. Archived from the original on 2019-05-01. Retrieved 2019-05-01.
  8. Could Ghana's new Azonto dance craze take over the world?" Archived 2016-03-10 at the Wayback Machine BBC News, 18 June 2012.
  9. Shipley, J. W. (2013), "Transnational circulation and digital fatigue in Ghana's Azonto dance craze", American Ethnologist, 40 (2): 362–381, doi:10.1111/amet.12027
  10. Monica Mark (3 September 2012). "Ghana's Azonto craze takes over dancefloors across the world". The Guardian. Archived from the original on 3 February 2014. Retrieved 29 August 2013
  11. Shipley, Jesse Weaver. "Transnational circulation and digital fatigue in Ghana's Azonto dance craze" https://anthrosource.onlinelibrary.wiley.com/doi/abs/10.1111/amet.12027