Augustine Tawiah

Ɛfi Wikipedia
Hon
Augustine Tawiah
Member of the Ghana Parliament
for Bia West
Mprenpren
Bere
7 January 2021
Ne ho asɛm
Awo bere
Augustine Tawiah

27 September 1961 (1961-09-27) (age 62)
Sefwi Asuopiri
Ne manGhanaian
AmanyɔkuoNational Democratic Congress
N'adwumaPolitician
CommitteesMembers Holding Offices of Profit Committee, Education Committee

Augustine Tawiah (wɔwoo no Dwoda, Ɔpɛpɔn 27, 1961) yɛ Ghana amammuifoɔ ne Mmarahyɛ Bagua a ɛtɔ so nson a ɛwɔ Ghana Aman a ɛtɔ so nnan no muni a ɔgyina Bia West Mansin ananmu wɔ Western North Region wɔ National Democratic Congress tekiti so.[1]

Mfitiase asetra[sesa]

Augustine Tawiah fi Sefwi Asuopiri a ɛwɔ Atɔe Fam Mantam mu.[2]

Nwomasua[sesa]

Augustine Tawiah hyɛɛ ne mfitiaseɛ sukuu ase wɔ Bia Mantam a ɛwɔ mprempren Western North Region, Ghana. Afei otwaa ne sɔhwɛ a ɔtaa yɛ a ɔde kɔ sukuu no mu sɛnea ɛbɛyɛ a obetumi akɔ Ntoaso Sukuu. Ntoaso sukuu a Augustine Tawiah kɔɔ ne St. Thomas Aquinas Senior High School (SHS Ordinary Level) ne akyiri yi wɔ Labone Senior High School (SHS Advanced Level).[3] Augustine Tawiah nyaa Doctor of Ministry (Applied Theology) wɔ afe 2006 mu, Doctor of Education Certificate (Leadership and Policy Studies) wɔ afe 2009 mu, Master of Theology, Nyansahu mu Master of Science firii Memphis Suapɔn mu ne afei nso Certificate wɔ University Teaching mu. Augustine Tawiah nso wɔ Ɔsom ho Ɔbenfoɔ wɔ Harding Suapɔn mu, Master of Arts wɔ Lipscomb Suapɔn mu, ne Cert-Hr Nteteeɛ a ɛfiri Oklahoma Suapɔn mu.[2][4]

Adwuma ne Dibea Ahorow[sesa]

Augustine Tawiah yɛ adwuma wɔ Ghana Mmarahyɛ Bagua mu sɛ Mmarahyɛ Bagua no muni (MP). Ɔyɛ Ɔkyerɛkyerɛfoɔ ne Ɔfotufoɔ wɔ Ghana Institute of Management and Public Administration (GIMPA). Ɔdii dwuma sɛ Ɔkyerɛwfoɔ Panyin wɔ Ɔman Nkyerɛkyerɛ Badwa a ɛwɔ Ghana ne Adesua Panyin nso wɔ Ghana Christian University College.[2]

Amanyɔsɛm[sesa]

Augustine Tawiah yɛ Mmarahyɛ Bagua no muni (MP) ma Bia West Constituency wɔ Western North Region.[2]

Baeɛ a menyaa mmoa fii[sesa]

  1. http://www.ghanamps.com/mps/details.php?id=5538
  2. 2.0 2.1 2.2 2.3 https://www.parliament.gh/mps?mp=180
  3. https://coenewsportal.com/personality-profile-coewj-interview-with-hon-dr-augustine-tawiah-mp-bia-west/
  4. https://www.ghanaweb.com/person/Agustine-Tawiah-2317