Augustine Collins Ntim

Ɛfi Wikipedia
Hon.
Augustine Collins Ntim
MP
Member of the Ghana Parliament
for Offinso North Constituency
Bere
7 January 2009 – Incumbent
Ne ho asɛm
Awo bere
Augustine Collins Ntim

24 September 1964 (1964-09-24) (age 59)
Nkenkaasu, Ghana
Ne manGhanaian
AmanyɔkuoNew Patriotic Party
Mma6
Sukuu a w'akɔKwame Nkrumah University of Science and Technology
N'adwumaPolitician
CommitteesYouth, Sports and Culture Committee; Members Holding Offices of Profit Committee

Augustine Collins Ntim (wɔwoo no Ɔpɛpɔn 24, 1964) yɛ Ghana ɔmanyɛfo ne nhomasua ho nimdefo.[1][2] Ɔyɛ Fourth Republic of Ghana Mmarahyɛ Bagua a ɛtɔ so nson no muni a ɔgyina Offinso North Constituency ananmu wɔ Ashanti Mantam mu wɔ New Patriotic Party no tekiti so.[2][3]

Mfitiase asetra ne nhomasua[sesa]

Wɔwoo Augustine wɔ 24 September 1964 wɔ kuro bi a wɔfrɛ no Nkenkaasu mu wɔ Ashanti Mantam mu. Ɔwɔ Bachelor of Science abodin krataa ne Master of Science abodin krataa wɔ Reproductive Biology mu wɔ Kwame Nkrumah University of Science and Technology. Ɔsan nso wɔ adesua ho adansedi nkrataa abien a efi Harvard Kennedy Sukuu mu.

Amammui mu adwuma[sesa]

Wɔpaw no sɛ ɔmmɛyɛ mmarahyɛ bagua wɔ afe 2009 mu a ɔde abatow bɛboro 3000 dii nkonim. Wɔsan paw no wɔ 7 Ɔbɛnem 2013 wɔ afe 2012 Ghana Amansan Abatoɔ no akyi na wɔsan paw no sɛ ɔbɛkɔ mmarahyɛ bagua mu wɔ 7 Ɔbɛnem 2017 wɔ afe 2016 Ghana Amansan Abatoɔ no awieeɛ a ɔnyaa abatoɔ a wɔtoeɛ nyinaa mu ɔha mu nkyekyɛmu aduonum 53.15. Wɔsan paw no wɔ afe 2020 Amansan abatoɔ no mu baabi a ɔnyaa abatoɔ a wɔtoeɛ nyinaa mu ɔha mu nkyekyɛmu 48.67.[4]

Adwumafa[sesa]

Ɔyɛ Ɔmantam Adwumayɛfoɔ Panyin wɔ Mpɔtam Aban Dwumadibea no firi afe 2005 kɔsi afe 2009. Ntim akɔ Ghana mmarahyɛ bagua mu firi afe 2009 de bɛsi nnɛ. Ɔyɛ Aban Awerɛhyem Boayikuw a ɛhwɛ bɔhyɛ ne awerɛhyem a asomfo de ma nyinaa mmamu no muni. Ɔsan yɛ Akwahosan Boayikuw no muni.[5]

Boayikuw ahorow[sesa]

Ɔyɛ Mmabun, Agumadi ne Amammerɛ Boayikuw no muni na ɔsan yɛ Members Holding Offices of Profit Committee no muni.

Ankorankoro asetra[sesa]

Ɔyɛ Kristoni na waware na ɔwɔ mma baanum.

Beaɛ a menyaa mmoa fii[sesa]

  1. Archive copy, archived from the original on 2020-07-06, retrieved 2023-05-20{{citation}}: CS1 maint: archived copy as title (link)
  2. 2.0 2.1 http://www.ghanamps.com/mps/details.php?id=5282
  3. https://www.parliament.gh/mps?mp=169
  4. https://www.modernghana.com/ghanahome/ghanavotes/2020/result_parliamentary_all_constituency.asp?region_id=11
  5. https://www.parliament.gh/mps?mp=197