Anthony N-Yoh Abayifaa Karboh

Ɛfi Wikipedia

Anthony Abayifaa Karbo (wɔwoo no Ɔbɛnem da a ɛtɔ so du-mmienu, afe Apem, Ahankron ne aduɔson -nkron -1979) yɛ Ghana mmanyɔni ne Mmarahyɛbadwani ma wɔ Lawra mansini a ɛwɔ Ghana atifi atɔeɛ mantam mu no. Ɔyɛ Ɔsono kokroko ammanyɔkuo (New Patriotic Party-NPP ) no mu ni. Ɔsan nso yɛ ɔsomafoɔ a ɔhwɛ Ghana akwantempɔn ne akwan ho nsɛm so no Abadiakyire.[1][2][3][4]

Nhwɛsoɔ:Use Ghanaian English Nhwɛsoɔ:Use dmy dates

The Honourable
Anthony N-Yoh Puowele Abayifaa Karbo
(MP)
Anthony Abayifaa Karbo MP for Lawra
Deputy Minister
Mprenpren
Bere
March 2017
ƆmanpanyinNana Akuffo-Addo
OdikanfoIsaac Agyei Mensah
Member of Parliament
for Lawra
Mprenpren
Bere
January 2017
OdikanfoSampson Abu
National Youth Organizer
for New Patriotic Party
Bere
February 2010 – August 2012
OdikanfoJohn Boadu
AnanmusiniSammi Awuku
Ne ho asɛm
Awo bere12 August 1979 (1979-08-12) (age 44)
Jekarayili, Ghana
Ne manGhanaian
AmanyɔkuoNew Patriotic Party
NehokaniAwenlue Kante Karbo
Relations
Mma3
AdesuaUniversity for Development Studies
University of Birmingham
N'adwumaMP
N'adwumaPolitician
CommitteesAppointments' Committee Communications Committee

Abrabɔ Ahyaseɛ[sesa]

Karbo yɛ Dagaaba abusuakuo no mu ni ; na ɔfiri Lawra a ɛwɔ Ghana Atifi Atɔeɛ mantam (Upper West Region ) mu no. Wɔwoo no wɔ Jekarayili kuro ketewa bi a ɛwɔ Tamale, Ghana Atifi fam mantam ahenkuro mu. Ɔyɛ Abayifaa adehyeɛ abusua kɛseɛ no mu ni. Wɔde Karbo baa ammanyɔsɛm mu wɔ ne mmofraase. Na ne papa, Abeifaa Karbo(Northern People’s Party) Adikanfoɔ a wɔtwerɛ no mu baako. Awieɛ koraa no ɔbɛyɛɛ Mmarahyɛbadwani a ɔdi kan ma Lawra- Nandom mansini no. Na ɔyɛ nne a odi kan wɔ Ghana Ɔmampanyin a ɔdi kan, Dr. Kwame Nkrumah nhyɛsoɔ nnisoɔ no mu.[5][6]

Nhomasua[sesa]

Karbo suaa adeɛ wɔ Suapɔn a ɛhwɛ Nkɔsoɔ Adesua so,(University of Develpement Studies).Ɔnyaa abodin krataa wɔ (Integrated Development Studies ) mu wɔ mfeɛ Mpem-Mmienu ne nenum(2005). Sɛ osuani no, Karbo daa ne ho adi sɛ sukuuni kannifoɔ na ɔkɔɔ soro faa dibea no mu bɛyɛɛ ( Central Student Representative Council-SRC, President) wɔ (University for Development Studies ) wmfeɛ Mpem Mmienu ne Ɛnan (2004). Ansa na ɛno reba no, na ɔyɛ Ɔsono kokroko ammanyɔkuo (New Patriotic Party-NPP) asuafoɔ kabom kuo-TESCON a ɛwɔ Navrongo Campus no titenani. Karbo san nso bɛyɛɛ (Central Committees) a ɛwɔ (National Union of Ghana Students ne (University Students Association of Ghana) nyinaa mu. Ne mmɔdenmmɔ wɔ saa dwumadie yi mu no maa wɔpaw no sɛ ɔmmɛka ( Upper West Regional Campaign Team) no ho ansa na NPP 2004 amansan abatoɔ no reba. Wɔ mfeɛ Mpem Mmienu ne Nsia (2006) mu no, owiee Masters wɔ Sikasɛm Nhyehyɛe ne Amanaman Ntam Adwumayɛ mu wɔ Birmingham Sukuupɔn mu.

Wɔ mfeɛ Mpem Mmienu ne Nson (2007) mu no, ɛnam saa bere no frankaa kurafoɔ a na ɔwɔ New Patriotic Party no ahyɛdeɛ so no, Nana Akufo-Addo Karbo san kɔɔ Ghana kɔdii amanyɔsɛm a ɛyɛ nnam akyi.[7]

Amanyɔsɛm[sesa]

Ɔbɛnem , mfeɛ Mpem Mmienu ne nwɔtwe (2008) mu no, wɔpaw Karbo sɛ ɔman nhwehwɛmu abadwakuo a ɛwɔ (New Patriotic Party) no mu ni. Wɔmaa no dibea wɔ Ɔpɛnimaa, mfeɛ Mpem Mmienu ne nwɔtwe (2008 ) mu sɛ Ɔsatuo Ntamgyinafoɔ maa ɔsono kokroko ammanyɔkuo (New Patriotic Party-NPP ) Dr. Mahamudu Bawumia a ɔpɛ sɛ ɔyɛ ɔmampanyin abadiakyiri. Berɛ a Party no dii nkoguo wɔ mfeɛ Mpem-Mmienu ne Nwɔtwe (2008) abatowɔ no mu akyiri no, Karbo san kɔɔ NPP amanyɔkuo no dwumadibea (Party's Office); na ɔsom sɛ amanyɔkuo no nkitahodie kuo no mu ni.

Wɔ mfeɛ Mpem -mmienu ne edu (2010) mu no, wɔpaw Karbo sɛ ɔmmoaboa ɔman no mmabunu a wɔwɔ kuo no mu no ano.[8]Karbo dii saa dwuma yi kɔsii mfeɛ Mpem-mmienu ne Du-mmienu (2012 ) berɛ a ɔgyaee adwuma sɛ ɔrekɔdi ne mmɔdenbɔ a ɛne sɛ ɔbɛyɛ Party no mmarahyɛbadwani kandifoɔ ama Lawra Mansin a na wɔabɔ no foforɔ no akyi sɛdeɛ amanyɔkuo no nhyehyɛeɛ teɛ. [9]Karbo antumi wɔ ne mmɔdenbɔ no mu no, ɔsan kɔsom sɛ Ɔman (New Patriotic Party-NPP) Nkitahodie so wɛfoɔ Abadiakyire ne manpanin no kasamafoɔ.

Mmarahyɛdwam[sesa]

Wɔdii kan paw no sɛ Ghana Mmarahyɛbadwani wɔ NPP tekiti so wɔ Ɔpɛnimaa , mfeɛ Mpem-mmienu ne Du-nsia (December 2016) mu berɛ a odii Sampson Abu ne Atifi Atɔeɛ Mansini soafoɔ a ɔdi dwuma mprenpren yi, Onimuonyamfoɔ Bede Ziedeng so nkonim no.[10]Ansa na wɔreyɛ abatoɔ no, na nnipa pii agye hokwan a obɛtumi adi nkonim no ho kyim ɛfiri sɛ na kyiniiɛ amanyɔkuo

Natioa Democraticsɔɔnakotena mu ayare sɛ mmarahyɛbadwani nna ɔmamfoɔ kekakekaae ɛd Ghana amamnebɔ nsɛm mu sɛ u

a

a kakraa Ɔsofoɔ aaa ntam se MP no, wɔkaa no kɛse wɔ Ghana nsɛm ho amanneɛbɔ mu sɛ wɔbɛpaw no sɛ Ɔmanpanyin abadiakyiri.[11]

Ɔperee wɔ mfeɛ Mpem-mmienu ne Aduonu (2020) Ghana amansan abatoɔ mu sɛ mmarahyɛbadwani New Patriotic Party tekiti so

Ɔsofoɔ Abadiakyire[sesa]

Oforisuo, mfeɛ mpem mmienu ne du-nson ( April 2017) mu no, wɔpaw Karbo sɛ ɔmmɛyɛ ɔsomafoɔ abadiakyire a ɔhwɛ Ghana akwantempɔn ne akwantuo ho nsɛm so wɔ asoeɛ a ɛhwɛ akwantempɔn ne akwantuo ho nsɛm so(Ministry for Road and Highways ) no mu. Sɛ Ɔsofoɔ abadiakyire no, Karbo yɛɛ titenani wɔ abadwakuo a na wɔnam (Sinohydro deal) so di wɔn dwuma no wɔ adansie ho dwumadie kɛseɛ (infrastructure barter) wɔ Ghana abakɔsɛm mu. Karbo akɔ so asi n'adwene pi sɛ wɔbɛma nkitahodie a ɛda adi pefee sɛ ɔkwan a wɔbɛfa so ama Ghana akwan ho nhyehyɛeɛ anya nkɔsoɔ.

2)017 mu no, wɔpaw Karbo sɛ Ɔmanpanyin Abadiakyiri a ɔhwɛ akwan ne akwan akɛse so. Sɛ́ Ɔmanpanyin Abadiakyiri no, yɛɛ adwuma boayikuw a ɛfa Sinohydro apam no ho wɔ Ministry for Road and Highways, a ɛyɛ nnwuma a wɔde sesa nneɛma a ɛso sen biara wɔ Ghana abakɔsɛm mu no guamtrani. Karbo akɔ so agye akyinnye sɛ wɔbɛbɔ fekubɔ a wɔabue ano sɛ ɔkwan a wɔbɛfa so ama Ghana akwan ho nhyehyɛe anya nkɔso.

N'ankasa Abrabɔ[sesa]

Karbo aware Awenlue Kante-Karbo (woo Kante) na ɔwɔ mma mmeɛnsa. Ɔyɛ Kristoni, wɔwoo no na wɔtetee no sɛ Katolekni na ɔyɛ Katolek Asɔre no Lawra Parish no mu ni a ɔyɛ hye. Sɛ ammanyɔsɛm da nkyɛn a, Karbo de nsiyɛ di kuayɛ akyi na n’ani gye ho Yie pa ara. Wayɛ kuayɛ dwumadie ahodoɔ a wɔbom yɛ no na ɔnam saayɛ so ahyɛ ne nipasu mu den kɛse sɛ amanyɔni a ofiri gam. Wɔtaa bu Anthony Karbo sɛ ɔboa Afrikafo na ɔtaa ahiafo akyi wɔ ne gyidi ahorow mu. Bere a Karbo nmpow amannɔne biakoyɛ ne mmoa no, mpɛn pii no wafrɛ sikasɛm mu fekubɔ a ɛbɛboa Afrika Aman mu ɔman mma mpapahwekwa tẽẽ.

Ɔfoa Kramannam weɛ so[sesa]

Wɔbɔɔ amanneɛ wɔ afe 2017 mu sɛ akraman nam a wɔhwehwɛ a ɛrekɔ soro (esiane gyidie a ɛwɔ sɛ ɛma ahoɔden pii nti) ama amammuifoɔ Anthony Karbo ahyɛ nyansa sɛ wɔnyɛ akraman nam adwumayɛbea wɔ Ghana atifi fam mantam mmiɛnsa mu.

Baabi a Menyaa Mmoa Friiɛ[sesa]

[sesa]

  1. Deputy Ministers - Government of Ghana, 24 September 2019, archived from the original on 24 September 2019, retrieved 5 October 2023
  2. Samuel Obour (15 March 2017), Here are all the 50 deputy ministers that Akufo-Addo has just appointed (in English), retrieved 5 October 2023
  3. Kojo Akoto Boateng (15 March 2017), Akufo-Addo names 50 deputies, 4 ministers of state (in American English), retrieved 5 October 2023
  4. Akufo-Addo picks deputy ministers (in English), 20 February 2017, retrieved 5 October 2023
  5. Parliament of Ghana, retrieved 5 October 2023
  6. House pays tribute to Naa Abeifaa Karbo (in English), -001-11-30T00:00:00+00:00, retrieved 2023-10-05 {{citation}}: Check date values in: |date= (help)
  7. MyJoyOnline.com - Myjoyonline (Ghana News) Ghana's most comprehensive website. Independent, Fearless and Credible journalism (in American English), retrieved 5 October 2023
  8. NPP Elects Collapsible Squad (in English), -001-11-30T00:00:00+00:00, retrieved 2023-10-05 {{citation}}: Check date values in: |date= (help)
  9. Peace FM Online, NPP Youth Organiser Anthony Karbo Resigns, retrieved 5 October 2023
  10. Karbo is Dep. Roads & Highways Min., Kweku Kwarteng, Boahen, Dep. Finance (in English), 11 January 2017, retrieved 5 October 2023
  11. Karbo is Dep. Roads & Highways Min., Kweku Kwarteng, Boahen, Dep. Finance (in English), 11 January 2017, retrieved 5 October 2023