Anthony Christian Dadzie

Ɛfi Wikipedia
Wɔakyerɛw nsɛm yi wɔ Akuapem kasa mu

Anthony Christian Dadzie (9 July 1962) yɛ Abura Asebu Kwamankese mmrahyɛbagua no muniGhana Mfinimfini mantam mu firi afe 2009 kɔsi afe 2016.

Mfitiase asetra ne nhomasua[sesa]

Wɔwoo Dadzie wɔ 9 Ɔpɛpɔn 1962 wɔ Amosima wɔ Central mantam mu. Ɔkɔɔ Cape Coast Suapɔn mu baabi a ɔnyaa diploma wɔ Adwumayɛ ho adesua mu wɔ afe 2006. Ɔkɔɔ so kɔɔ GIMPA baabi a na ɔwɔ EMPA wɔ afe 2011.

Adwuma[sesa]

Dadzie yɛ Ɔman Demokrasi mmrahyɛbagua no muni . Ɔbɛyɛɛ mmrahyɛbagua no muni wɔ afe 2009 mu. Na ɔyɛ Ghana mmrahyɛbagua no Akwahosan ne Atemmu boayikuw, Transport Committee ne Communications Committee no muni. Ɔsan nso som sɛ adwumakuo no muni ma Ɔman Boayikuo a ɛhwɛ nnwuma nketewa so (NBSSI) Ɔyɛ akontabufoɔ ne Sikasɛm sohwɛfoɔ. Na ɔyɛ Akontaabu Boafo Panyin wɔ Cape Coast Quarry.

Amanyɔsɛm[sesa]

Dadzie dii kan bɛyɛɛ Ghana mmrahyɛbagua no muni wɔ afe 2009 mu. Nanso, wɔ afe 2016 mu no, ɔsii akan wɔ National Democratic Congress (NDC) mmrahyɛbagua abatoɔ mu na ɔdii nkoguo wɔ Samuel Kweku Hayford a saa berɛ no ɔgyinaa NDC ananmu wɔ afe 2016 amansan abatoɔ mu nanso ɔdii nkoguo nso wɔ New Patriotic Party ’s Elvis Morris Donkoh anim.

Ankorankoro asetra[sesa]

Dadzie yɛ Kristoni ( Katolekni ) na waware na ɔwɔ mma baanan.

Nsɛm a wɔde gyinaa so[sesa]