Anita-Pearl Ankor

Ɛfi Wikipedia
Wɔakyerɛw nsɛm yi wɔ Akuapem kasa mu

Anita-Pearl Mwinnabang Ankor yɛ Ghanani mfoniniyɛfo ne Muralist. Wɔfrɛ no kɛse sɛ Ɔbea Mfoniniyɛfo . Wɔ afe 2019 mu no, ɔde video bi too ne Instagram krataafa so a ɛkyerɛ sɛ ɔde adwinni reyɛ ɔfasu bi ho mfonini. Saa video yi kɔɔ so trɛwee wɔ social media so.

Mfitiase mfe ne nhomasua[sesa]

Ankor yɛ Nandom kuromni a ɛwɔ Upper West Region wɔ Ghana nanso onyinii wɔ Accra . Ɔnyaa ne mfitiaseɛ nwomasua wɔ University Primary ne Junior High School. Ɔkɔɔ Mfantsiman Mmabaa Ntoaso Sukuu a owiee ne ntoaso sukuu. Wɔ afe 2011 mu no, ɔnyaa kwan kɔɔ Ghana Suapɔn mu baabi a ɔsuaa Kuadwuma ho nimdeɛ na ɔyɛɛ ne titire wɔ Post Harvest Technology mu.

Adwuma[sesa]

Bere a na ɔwɔ Level 400 wɔ Ghana Sukuupɔn mu no, Ankor fii ase yɛɛ pɛnsere adwini ne mfoniniyɛ sɛ n’anigyede. Bere a owiee sukuu no, ɔyɛɛ adwuma sɛ ɔman som adwumayɛfo wɔ Swedru . Ɔhyɛɛ n’adwuma ase wɔ mfoniniyɛ mu wɔ afe 2015 mu berɛ a ɔnyaa nhyɛsoɔ firii mfoniniyɛfoɔ baako adwuma a ɔhunuu no mu. Ɔhyehyɛɛ NYTAZ Arts, adwinni adwumakuw bi na ɔhwɛ so. N’adwuma titiriw ne sɛ ɔbɛyɛ afasu ho mfonini, pɛnsere adwinni, dan mu ne akyi mfoniniyɛ. Wɔ afe 2019 mu no, ɔde video bi too ne Instagram krataafa so a ɛkyerɛ sɛ ɔreyɛ adwuma wɔ ɔfasuo bi so. Saa video yi kɔɔ so trɛwee wɔ social media so.

Nsɛm a wɔde gyinaa so[sesa]