Jump to content

Anisobire

Ɛfi Wikipedia
Anisobire ho mfonni

Anisobire (brɔfo kasa mu, Dizziness) yɛ atenka a ɛne sɛ wo ti so yɛ hare, wuntumi nnyina pintinn, anaasɛ te sɛ nea ebia woretwa ahwɛ[1]. Ɛyɛ ɔhaw a ɛtaa ba a etumi ka nnipa nyinaa bi wɔ wɔn asetra mu. Anisobire betumi de ɔhaw pii aba, a nea ɛka ho ne ɔhaw ahorow a ɛba aso mu, nsu a ɛsua wɔ nnipa num, mogya mmoroso a ɛba fam, ne nnuru bi[2].

Anisobire ntaa ɛnyɛ aniberesɛm, nanso ɛtɔ mmere bi a ebetumi ayɛ akwahosan ho asɛm a emu yɛ den kɛse ho sɛnkyerɛnne. Ɛho hia sɛ wokɔ oduruyɛfo nkyɛn anaa asopiti sɛ wo taa nya anisobire anaasɛ ɛyɛ den a[2].

Ghana no, mpɛn pii no, Anisobire ka obi a wɔanya atiridii, mogya a ɛtɔ kɔ nipadua no mu (anemia), ne nnipadua mu su a esua (dehydration)[3]. Atiridii yɛ akwahosan ho asɛm titiriw wɔ Ghana[4], na anisobire yɛ ne sɛnkyerɛnne a ɛtaa ba no mu biako[5]. Mogya ɛba fam, titiriw esiane aduannuru a enni nipadua mu nti nso abu so na ebetumi ama obi aniso abire no mpɛn pii. Bio nso, wim tebea a ɛyɛ hyew betumi ama nnipa mu nsu akɔ fam, na ɛma asiane a ɛwɔ hɔ sɛ obi aniso bɛbire no no yɛ kɛse, titiriw wɔ ɔpɛ bere mu.

Anisobire ahorow[sesa]

Nnneɛma ahorow a ɛde anisobire ba

Anisobire gu mu ahorow pii, na ɛsono nea ɛde ba ne ne sɛnkyerɛnne ahorow[6]. Nneɛma atitiriw a ɛma obi aniso bire no ne:

Nneɛma retwan ne ho (Vertigo)[sesa]

Nnneɛma retwan ne ho yɛ atenka a ɛkyerɛ sɛ wo anaa nneɛma a atwa wo ho ahyia no retwan ho anaasɛ ɛrenante bere a ɛnte saa[2]. Mpɛn pii no, ɔhaw ahorow a ɛwɔ aso mu te sɛ benign paroxysmal positional vertigo (BPPV), Meniere yare, anaa vestibular neuritis na ɛde ba[1].

Entum ngyina yie (Disequilibrium)[sesa]

yɛ atenka a ɛne sɛ obi ntumi nnyina hɔ yie anaasɛ ɔnkari pɛ wɔ ne nante mu. Ebetumi afi aso mu haw, aniwa mu haw, nnompe anaa ntini mu haw, anaa ntini mu yare ahorow bi mu. Nnipa a wɔntumi ngyina yie no bɛte nka sɛ wɔrebɛhwe ase[6].

Ɛɛyɛ atwahwe(Presyncope)[sesa]

Ɛɛyɛ atwahwe yɛ nkate a obi nya sɛ ɛkame ayɛ sɛ ɔretwa ahwe[7]. Ɛyi taa si abere a obi mogya akɔ fam anaa mogya akɔ ne n'adwene mu. Nea ɛde ba no betumi ayɛ nsu a ɛsua wɔ nnipaduam, ɛresɔre agyina hɔ ntɛmso dodo, komayare, anaa nnuru bi a wɔnom[6].

Tirhare (Lightheadedness)[sesa]

Tirhare yɛ nkate a obi nya te sɛ ma ɔrehwe fam nanso ano enyɛ den te sɛ ma nneɛma retwan ne ho (vertigo)[8][9]. Nneɛma pii na ebetumi ama obi anisobire na ebi nye mogya mu asikyire a esua, nnipadua mu nsu a esua ne ɔberɛ anaa dadwen[3].

Ma ɛde ba[sesa]

Aso mu Nyarewa[sesa]

  • BPPV: Esi aber neɛma nketenkete a ɛwɔ aso mu nda faako[10].  
  • Meniere Yare: Nsu a ɛboaboa ano wɔ aso no mu[11].  
  • Aso a endi dwuma yie (Vestibular Neuritis): Ɔyare mmoawa bi na ɛde ba[12]

Koma ne Ntini mu Nsɛm[sesa]

  • Mogya mmoa a Ɛba Fam (Hypotension): Sɛ mogya so te mpofirim a ɛma obi anisobire[13][14].  
  • Koma mu Ɔhaw: Tebea horow te sɛ koma a ɛnyɛ adwuma papa anaa komayare a ɛma mogya a ɛkɔ adwene no mu no so tew[15]

Ntini mu Tebea[sesa]

  • Tipaenini (migraine): Ebetumi ama obi ayɛ basaa na n'ani so abire no a ne ti nyɛ no yaw[16].   
  • Adwene mu nkitahodi a ɛnyɛ (Multiple Sclerosis): Ɛka ntini ahorow no na ebetumi ama ayɛ den sɛ obi bɛgyina hɔ yie[17].  
  • Honamdua a awu (Stroke): Ebetumi ama obi ayɛ basaa mpofirim na wonya anisobire[18].

Adwene ne Nkate mu Nneɛma[sesa]

  • Dadwen ne Ehu: Mpɛn pii no ɛma obi te nka sɛ ne ti yɛ hare (lightheadedness) na ne aniso bire no[19].

Nnuru a Wɔde Di Dwuma[sesa]

Nnuruyɛ bi nsosɔansoɔ betumi ama obi anisobire. Nnuru a wode sa yar ahorow te sɛ mogya mmoroso nnuru, nnuru a ekum adwenemhaw, ne nnuru a ɛma obi dwo.

Nsɔano[sesa]

Anisobire ano si hwehwɛ sɛ wɔbɛhwehwɛ obi aduruyɛ mu abakɔsɛm akɔ akyiri na ama wɔate yare no ho sɛnkyerɛnne, akwahosan tebea, nnuru, ne asetra mu nneɛma ase, na ɛno akyi no, wɔyɛ nipadua mu nhwehwɛmu, ntini dwumadi, ne koma ne ntini akwahosan[20][3].

Wobetumi de nhwehwɛmu a wɔde hu yare te sɛ mogya mu nhwehwɛmu, CT scan anaa MRI, vestibular nhwehwɛmu, ne ECG adi dwuma de ahu nsɛm a ɛda adi te sɛ mogya a edi akɔten wɔ nipadua mu, ɔyare mmoawa, amemene no nhyehyɛe ho haw ahorow, aso mu a entumi nyɛ adwuma yiye, ne komayare.

Saa kwan a ɛkɔ akyiri a wɔfa so yɛ nhwehwɛmu yi boa ma wohu nea ɛde anisobire ba na ama obi anya ayaresa a ɛfata[21].

Ayaresa[sesa]

Anisobire a wɔsa no gyina nea ɛde ba so na ebetumi ayɛ nnuru te sɛ nnuru a ekum yare fofor mmoa, nnuru a ɛma obi ho dwo, ne nnuru a wɔde sa atiridiinini[22].

Nsakrae a wɔyɛ wɔ asetra mu te sɛ nsu a wobɛkɔ so anom, aduan a ɛkari pɛ a wobɛkɔ so adi, ne nneɛma a ɛhaw nnipadua no a wobɛkwati so wɔ mfaso paa[23]. Apɔwmuteɛteɛ, te sɛ nnope mu atenten ne nnipdua akwaa a wɔtenten mu betumi aboa ma mogya atumi adi afrosanne yie na atew anisobire sɛnkyerɛnne ahorow so[24][25].

Wɔ tebea horow a emu yɛ den mu no, wobetumi asusuw oprehyɛn a wobetumi apaw ho na ama enya ayaresa. Oprehyen a wɔde sa nnope ne koma mu yare ho hia paa na ama obi a n'anisobire akyɛ akɔ[26].

Ahobanmmɔ[sesa]

Anisobire a wobesiw ano no hwehwɛ sɛ wobɛkɔ so anya nsupa anom, titiriw wɔ mmeae a ɛhɔ yɛ hyew te sɛ Ghana, wobɛkɔ so adi aduan a ahoɔden wom a nnuanewa mu mfaso pii wom, na fa wo ho hyɛ apɔw-mu-teɛteɛ mu daa na ama koma ne ntini akwahosan ne kari pɛ na atu mpɔn. Ɛsɛ sɛ wohu nneɛma a ɛde anisobire na wɔakwati, akwahosan tebea horow a enni sabea te sɛ mogya mmoroso ne asikyireyadeɛ a wobedi ho dwuma, ne asetra a ahobammɔ wom a wɔbɛhwɛ ma wɔasiw anisobire ano nso yɛ akwan a ɛho hia a wɔfa so siw ano.

Beaɛ a menyaa mmoa fii[sesa]

  1. 1.0 1.1 Dizziness - Symptoms and causes (in English), retrieved 2024-06-14
  2. 2.0 2.1 2.2 Healthdirect Australia (2024-01-25), Dizziness (in Australian English), retrieved 2024-06-14
  3. 3.0 3.1 3.2 Modern Ghana (2018-07-11), Dizziness, When To See The Doctor About Dizziness.
  4. Ghana (in English), retrieved 2024-06-14
  5. Ghana intensifies efforts towards malaria elimination (in English), 2024-04-25, retrieved 2024-06-14
  6. 6.0 6.1 6.2 Brendan M. Reilly (1990), H. Kenneth Walker, W. Dallas Hall, J. Willis Hurst (ed.), "Dizziness", Clinical Methods: The History, Physical, and Laboratory Examinations (3rd ed.), Boston: Butterworths, ISBN 978-0-409-90077-4, PMID 21250167, retrieved 2024-06-14{{citation}}: CS1 maint: multiple names: editors list (link)
  7. WebMD Editorial Contributor (2023-09-14), What Is Presyncope? (in English), retrieved 2024-06-14 {{citation}}: |last= has generic name (help)
  8. Lightheaded? Top 5 reasons you might feel woozy (in English), 2016-03-07, retrieved 2024-06-14
  9. Healthdirect Australia (2024-02-29), Lightheadedness (in Australian English), retrieved 2024-06-14
  10. Department of Health & Human Services, Benign paroxysmal positional vertigo (BPPV) (in English), retrieved 2024-06-14
  11. Meniere's disease - Symptoms and causes (in English), retrieved 2024-06-14
  12. Department of Health & Human Services, Labyrinthitis and vestibular neuritis (in English), retrieved 2024-06-14
  13. Low blood pressure (hypotension) - Symptoms and causes (in English), retrieved 2024-06-14
  14. Low Blood Pressure: Care Instructions (in American English), retrieved 2024-06-14
  15. Explaining arrhythmia: What is an arrhythmia, how to treat arrhythmia and more - UChicago Medicine (in English), retrieved 2024-06-14
  16. Migraine (in English), 2017-10-23, retrieved 2024-06-14
  17. Multiple Sclerosis (MS) (in English), retrieved 2024-06-14
  18. Balance problems after stroke | Stroke Association (in English), retrieved 2024-06-14
  19. Anxiety and Dizziness: What's the Connection? (in English), 2021-04-06, retrieved 2024-06-14
  20. Scott D.C. Stern, Adam S. Cifu, Diane Altkorn (2014), "Dizziness", Symptom to Diagnosis: An Evidence-Based Guide (3 ed.), New York, NY: McGraw-Hill Education, retrieved 2024-06-14{{citation}}: CS1 maint: multiple names: authors list (link)
  21. Robert E. Post, Lori M. Dickerson (2010-08-15), "Dizziness: A Diagnostic Approach", American Family Physician (in American English), vol. 82, no. 4, pp. 361–368, retrieved 2024-06-14
  22. Dizzy & Vertigo Institute (2021-06-17), List of Medications That Cause Dizziness (in English), retrieved 2024-06-14
  23. Vertigo: Walking Exercises (in American English), retrieved 2024-06-14
  24. medical news today (2020-12-09), Which exercises can combat vertigo?
  25. developer (2022-03-27), Exercise Do's And Don'ts To Prevent Vertigo (in American English), retrieved 2024-06-14
  26. H. Silverstein (1981-10-10), "Surgery for vertigo (you don't have to live with it)", The Journal of Otolaryngology, vol. 10, no. 5, pp. 343–358, ISSN 0381-6605, PMID 7328719, retrieved 2024-06-14