Amon Kotey

Ɛfi Wikipedia

Amon Kotey yɛ akuturukubɔfoɔ a ɔfiri Ghana . Wɔ 1974 Amanman Akutrukubɔ akansie na onyaa kɔbere nkonimboɔ wɔ Light Welterweight mu. Ɛde besi nnɛ no nkonimboɔ biako pɛ na Ghana anya wɔ AIBA Wiase Akuturukubɔ Akansi no mu.

Kotey dii Patricio Diaz (Argentina) ne Obisia Nwakpa (Nigeria) so nkonim, ansa na ɔredi nkogu wɔ Vladimir Kolev (Bulgaria) anim wɔ semi-final no mu.