Amen Hostel

Ɛfi Wikipedia
Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔ Asante kasa mu

Amen Hostel yɛ ɛdan a ahodoɔ a ɛwɔ Kwame Nkrumah suapɔn no mu no baako a adesuafoɔ teteɛ.[1]

Amen Hostɛl Nkyekyɛmu ahodoɔ[sesa]

Amen hostɛl gu ahodoɔ mmiensa. Yɛwɔ INN, ANNEX, ɛne MAIN. MAIN no na wɔdii kan sii no kane ansa na ANNEX nso retoa so, ansa na ne korakora no wɔbɛsii INN nso de kaa ho. Amen Hostɛl yɛ ankorankorɛ Hostɛl ahodoɔ a ɛwɔ suapɔn no mu no baako.[2]

MAIN[sesa]

Main no ne deɛ ɛso yie pa ara wɔ Amen hostɛl nkyekyɛmu no nyinaa mu a ɛwɔ Ayeduase kuro no mu. ɛdan biara yɛ self-contained, kyerɛ sɛ ɛdan biara wɔ ɛno ara n'adwareɛ ne agyanan bea a ne nyinaa hyehyɛ dan no mu na mmom ɛnni abɔntene.[3] Wɔ sikatua mu no nso, yɛtua Amen dan no ka afe afe. yɛwɔ ɛdan a nnipa mmienu na wɔda mu, a wɔtua Ghana cedi no mpem mmiensa, aha-nwɔtwe ne aduonum (GHc 3850), ɛna deɛ nnipa mmiensa nso da mu a, obiara tua Ghana cedi no mpem mmiensa ne cedi aha nan (GHc 3400), ɛna ne korakora no yɛwɔ deɛ nnipa nan da mu a obiara tua Ghana cedi no cedi apem mmienu ne aha nsia (GHc 2600).[4]

ANNEX[sesa]

Mpɛn pii no yɛhunu Kwame Nkrumah suapɔn no mu adesuafoɔ no beberee wɔ Amen Hostɛl ahodoɔ no. Wɔhyɛɛda hyehyɛɛ Amen ANNEX no wɔ kwan sononko so a ɛwɔ nnoɔma ahodoɔ a nnipa hia wɔ ne daadaa asetena mu no nyinaa bi. wode firi hɔ reba suapɔn no mu no nnyɛ kwan tenten biara ɛno nti no ɛma adesuafoɔ no pɛ hɔ yie pa ara. [5]

Baabi a menyaa mmoa firiiɛ[sesa]

  1. https://en.wikipedia.org/wiki/Kwame_Nkrumah_University_of_Science_and_Technology
  2. https://accommodation.knust.edu.gh/
  3. https://getrooms.co/hostels/amen-hostel-main/
  4. https://getrooms.co/hostels/amen-hostel-main/
  5. https://getrooms.co/hostels/amen-hostel-annex/