Ambrose P. Dery

Ɛfi Wikipedia
Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔ Asante kasa mu
Hon.
Ambrose Dery
MP
Minister for the Interior (Ghana)
Mprenpren
Bere
January 2017
ƆmanpanyinNana Akufo-Addo
OdikanfoProsper Douglas Bani
Member of the Ghana Parliament for Nandom (Ghana parliament constituency)
Mprenpren
Bere
2016
ƆmanpanyinNana Akufo-Addo
Ne ho asɛm
Awo bere23 August 1956 (1956-08-23) (age 67)
Ne manGhanaian
AmanyɔkuoNew Patriotic Party
Mma1
Sukuu a w'akɔUniversity of Ghana (Bachelor of Law)

Ambrose Dery (wɔ 23 Ɔbɛnem 1956), yɛ Ghana amannyɔni , na ɔyɛ Ɔman no mu Ɔsoafoɔ[1] ne mmarahyɛbadwani ma Nandom Mansini no.[2][3] Ɔdii nkonim wɔ mansini no mu wɔ afe 2016 abatoɔ no mu wɔ New Patriotic Party tekiti so.[4]

Asetena mu nsɛm[sesa]

Hon. Dery yɛ mmaranimfoɔ a ɔkɔɔ Ghana Suapɔn mu wɔ afe 1977 mu bere a ɔwiee Navrongo Ntoaso Sukuu na ɔwiee ne Bachelor of Law (LL. B) na afei ɔfrɛɛ no kɔɔ Mmaranimfoɔ kuo mu wɔ afe 1982 mu.[5]

Adwuma[sesa]

Na Dery yɛ Dery & Co no panyin ne ne kwankyerɛfoɔ panyin.[6]

Amanyɔsɛm[sesa]

Ansa na ɔrekɔ mmarahyɛ badwa mu wɔ afe 2008 mu no, Wɔpaw Dery sɛ Mmaranimfoɔ Panyin Abadiakyiri wɔ afe 2003. Ɔsan nso yɛɛ asomfoɔ dibea mmienu sɛ mantam soafoɔ a ɔhwɛ Upper West mantam no so firi afe 2004 kɔsi afe 2006 ne Ɔman Soafoɔ wɔ Atɛntrenee Dwumadibea fi afe 2005 kɔsi 2007. Hon. Dery yɛɛ adwuma sɛ Minority Leader Abadiakyiri maa Ghana mmarahyɛ badwa a ɛto so num.[7] Hon. Dery dii nkonim wɔ Nandom mmarahyɛ badwa akonwa abatoɔ no mu, afei Lawra-Nandom Mansini wɔ afe 2008 mu nanso ɔhweree akonwa no maa Benjamin Kumbuor wɔ afe 2012 abatoɔ mu.[8] Hon. Dery yɛɛ Water Aid Partner Round Table, mpɔtam hɔ NGO ahodoɔ fekuw a Nsu Mmoa de sika boa no no Titenani mfeɛ du (1993-2003).[5] Wɔ din a wɔde kɔmaa mmarahyɛ badwa no sɛ wɔmfa nnye ntom wɔ Ɔbɛnem bosome no da a ɛtɔ so aduonu baako wɔ afe 2021 mu no, Ɔmampanyin no na ɔpaw Dery sɛ ɔnkɔ so nkura ne som adwuma mu sɛ Ɔman no mu ɔsoafoɔ.[9]

Ankorankoro asetena[sesa]

Ambrose yɛ Katolekni na waware a ɔwɔ abɔfra baako.[5]

Badwakuo ahodoɔ[sesa]

Na ɔyɛ Amansan Mmara, Mmara ne Mmarahyɛ badwam Nsɛm no mu ni na na ɔsan yɛ Selection Committee no mu ni.[6]

Baabi a menyaa mmoa firiiɛ[sesa]

  1. 144 murder cases recorded in first quarter of 2021 – Interior Minister (in American English), 2021-05-20, retrieved 2023-10-01
  2. Emmanuel Dogbevi (2016-12-09), EC declares Ambrose Dery winner in Nandom Constituency (in American English), retrieved 2023-10-01
  3. Godwin Akweiteh Allotey (2016-12-17), Ocquaye for Speaker, Nitiwul for Defence, Ofori-Atta, Finance (in American English), retrieved 2023-10-01
  4. Kojo Emmanuel (2016-12-08), Ambrose Dery wins Nandom constituency (in English), retrieved 2023-10-01
  5. 5.0 5.1 5.2 Peace FM Online, Who is Ambrose Dery?, retrieved 2023-10-01
  6. 6.0 6.1 Parliament of Ghana, retrieved 2023-10-01
  7. PLAYBACK Appointments Committe vets Ambrose Dery (part 1) (in English), retrieved 2023-10-01
  8. Provisional: Ambrose Dery recaptures Nandom seat - Ghanamma.com (in American English), 2016-12-08, retrieved 2023-10-01
  9. Akufo-Addo presents first list of ministers for his second term to parliament - MyJoyOnline.com (in American English), 2021-01-21, retrieved 2023-10-01