Alpha blondy

Ɛfi Wikipedia
Alpha blondy
nnipa
sex or gendermale Sesa
country of citizenshipIvory Coast Sesa
birth nameSeydou Koné Sesa
given nameSeydou Sesa
family nameKoné Sesa
pseudonymAlpha Blondy Sesa
date of birth1 Ɔpɛpɔn 1953 Sesa
place of birthIvory Coast Sesa
relativeMoulaye Tabouré Sesa
languages spoken, written or signedBaoulé, Dioula, English, French Sesa
occupationmusician Sesa
work period (start)1981 Sesa
instrumentvoice Sesa
discographyAlpha Blondy discography Sesa
genrereggae Sesa
record labelWagram Music Sesa
official websitehttps://www.alphablondy.net/ Sesa
Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔ Asante kasa mu

Seydou Koné (yɛbɔ no sɛdu kɔne wɔ French Kasa mu; wɔwoo no Ɔpɛpɔn bosome no da ɛdi kan afe apem aha nkron aduonum mmiɛnsa (Ɔpɛpɔn 1, 1953) wɔ Dimbokro),[1] edin wɔde nim no paa ne Alpha Blondy, ɔyɛ reggae dwomtoni a ɔsane nso yɛ adwuma sɛ ɔdwontoni a ɔyɛ nnwom wɔ ammanɔne a ɔfiri Ivory Coast. Nnwom ahodoɔ a wɔayɛ no dodoɔ no ara taa fa amanyɔsɛm ne asetena mu nsɛm ho, na ɔtaa to no wɔ Dyula Kasa, Frɛnkye Kasa ne Brɔfo Kasa mu. Ɛtɔ da nso a, na ɔde Arab Kasa anaa Hebri Kasa di dwuma.

Abrabɔ Mfitiaseɛ[sesa]

Mmɔframmerɛm[sesa]

Ɔyɛ abakan a wɔwoo no too abusua wɔn mmɔfra dodoɔ yɛ nnwɔtwe mu. Ne nanabaa na ɛtetee no wɔ a baabi a ɔfrɛ no "mpaninfoɔ ntam", na ɛno nyaa ne n'adwuma so nkɛntɛnsoɔ. Afe apem aha nkron aduosia mmienu (1962) mu no, Alpha Blondy kɔkaa ne n'agya ho wɔ Odienné na ɔdii mfeɛ du wɔ hɔ. Ɔkɔɔ sukuu wɔ Sainte Elisabeth Ntoasoɔ Sukuu mu na ɔde ne kɔ dɔm Ivory Coast sukuufoɔ kuw ho. Berɛ a ɔwɔ ntoasoɔ sukuu mu no ɔtee adwomtofoɔ kuw bi, na ɛno kaa ne nwomasua wɔ ɔkwan bɔne so. Ɛno maa wɔ yii no adi ɛsiane sukuuu a ɔntene ne ho nkɔ nti. Afe apem aha nkron aduoson mmiensa mu (1973) mu no, n'awofoɔ de no kɔɔ Monrovia, Liberia man no mantam kunini mu sɛ ɔnkɔ sua Brɔfo Kasa. Ɔdii abosome du mmiɛnsa wɔ hɔ na ɔtu kɔɔ United States sɛ ɔrekɔ akɔ hyɛ ne Brɔfo Kasa sua no mu den.[2]

Kɔlegye Adesua wɔ United States[sesa]

Afe apem aha nkron aduoson nnan (1974) mu no, Seydou tu kɔɔ New York sɛ ɔrekɔ sua Brɔfo Kasa sɛ ade titiriw wɔ Hunter Kɔlege ne Columbia Suapɔn no American Language Program mu na na ɔyɛ adwuma sɛ ɔkyerɛkyerɛni. Berɛ ɔwɔ New York no, wɔ buee Rastafari ani so kyerɛɛ no na na ɔkɔ kɔ hwɛ ɛho agorɔ a Jamaicani a ne din de Burning Spear de ka ho. Seydou de ne ho hyɛɛ akasakasa ahodoɔ pii mu ansa na ɔsane akɔ Ivory Coast baabi a ɔnyaa amanehunu ahodoɔ pii ansa na ɔne mmɔframmerɛm yɔnkoɔ Fulgence Kassi, a ɔbɛyɛɛ tɛlɛbihyɛn so produsa. Wei yɛ n'adwuma mfiaseɛ sɛ ɔdwontoni na ɔfaa edin "Alpha Blondy"[3] too ne ho so.

Nnwontoɔ Adwuma[sesa]

Berɛ a ɔne Kassi yɛɛ adwuma wɔ TV so wie no, Blondy bɔɔ ne nwom apaawa a edi kan wɔ afe apem aha nkron aduowɔtwe mmienu (1982), na ɔtoo din Jah Glory. Nnwom apaawa no din yee kɛseɛ na ɛbɛyɛɛ akwansideɛ ahyɛnsodeɛ a ɛsiane ne nnwom "Brigadier Sabari" a ɛkasa fa sɛdeɛ wɔkyeree no wɔ Abijan wɔ afe apem aha nkron ne aduowɔtwe (1980) mmerɛ mu no ne sɛdeɛ apolisifoɔ[4] ne no anni no yie ho asɛm no nti. Alpha Blondy bɛyɛɛ nnipa titiriw wɔ Abijan wɔ sɛdeɛ ɔde abiberem nneɛma fra Reggae nnwom a ɔyɛ no. Ɛno maa no bɛyɛɛ "Abiberem Bob Marley"[5] wɔ wɔn a na wɔn anigye ne ho ani so. Te sɛ Marley no, na Alpha Blondy anigye honhom mu nsɛm, amanyɔsɛm ne ne adepa biara ho asɛm na ɔbɔɔ Bob Marley nnwom "War" no bi sɛdeɛ ɛbɛyɛ a ɔbɛtumi anya nnipa pii ma wɔatumi ate nasɛm no. Kasa ahodoɔ a na ɔto ne nwom wɔ mu ne Brɔfo Kasa, Frɛnkye Kasa, Baoulé Kasa ne ne kurom kasa a ɛne Dioula Kasa mu.[5]

Akyire yi, ɔtɔɔ nneɛma a wɔde bɔ nnwom te sɛ sanku ahodoɔ foforɔ maa n'adwomtofoɔ a ɔne wɔn to reggae no. Ankyɛ na ne n'anounyam no terɛw kɔɔ Europa. Ɔkɔɔ Paris wɔ afe apem aha nkron aduowɔtwe nnan mu kɔ yɛɛ ne nnwom apaawa a ɛtɔ so mmienu a ne din de Cocody Rock a ɔne nnwom adwumayɛ kuw Pathe Marconi na yɛɛ ho adwuma berɛ a na ne EP a wɔato din Rasta Poué anyaa nkɔsoɔ no. Abibirem Bob Marley tuu kwan kɔɔ Jamaica supɔw na ɔne The Wailers, Marley adwomtofoɔ a wɔdi n'akyi kɔ bɔɔ ne nwom a ne din ne n'apaawa no din no sɛ no.

Berɛ a ɔkɔɔ fie wɔ afe apem aha nkron aduowɔtwe nnum mu no, ɔkɔɔ baabi wɔkyere nnwom gu apaawa so na ɔkɔ bɔɔ ne nnwom Apartheid Is Nazism; nnwom no mu nsɛm twee adwene sii sɛdeɛ wɔbɛgyaeɛ nnipa nyiyi mu. Afe apem aha nkron aduowɔtwe nsia mu no, ɔbɔɔ ne nnwom “Jerusalem” wɔ Tuff Gong baeɛ a wɔkyere nnwom wɔ Jamaica ɔne The Wailers ne Aston "Family Man" Barrett. Blondy bɔɔ ne ho mmmɔden sɛ ɔde nkabom bɛba Islamsom,Yudasom ne Kristosom ntam. Na ne nsɛm a ɔde bɔɔ nnwom no gyina n'ankasaa nimdeɛ ahodoɔ a ɔwɔ wɔ Bible, Quran ne Torah mu. Saa afe no ara, ɔbɔɔ nwom wɔ Hebri Kasa mu wɔ konsete bi wɔ Morocco. Ɛde bɛsi ha yi, na ɔdaa so ara retutu akwan. N'apaawa a na wɔato din Revolution no deɛ, na ɛwɔ nnyegyeɛ a ɛda fɔɔm bɔkɔɔ; saa apaawa yi, na nsanku ka nneɛma wɔde bɔɔ nnwom no ho na wɔn a ɔne wɔn bɔɔ nnwom no na Ivory Coast dwomtoni wɔadi nkyene akyɛ Aicha Kone ka ho. Apaawa no, na "Jah Houphouët parle", nsɛm tententen a Ivory Coast manpanin Félix Houphouët-Boigny kaeɛ na na nnyegyeeɛ a na ɛka ho no yɛ deɛ ɛda fam koraa. firi afe apem aha nkron aduowɔtwe nson (1987) kɔsi afe apem aha nkron aduowɔtwe nkron (1989) Blondy yɛɛ konsete na ɔbɔɔ nnwom SOS Guerre Tribale wɔ Abidjan. Blondy ankasaa na ɔmaa ne nnwon no gye din ɛfiri sɛ na saa berɛ yi de ɔretwe ne ho afiri Pathe Marconi ho. Na wie nyɛ nkonimdie a ɛkyɛn so biara nanso ɛno ammu Blondy aba mu na afe apem aha nkron aduonkron baako mu no, ɔsane kɔɔ Europa kɔ yɛɛ kɔnsete ahodoɔ na ɔbɔɔ ne nnwom apaawa a agye din Masada denam mmoa ɔnyaa firii adwomtofoɔ akukudam te sɛ Bocana Maiga ne UK reggae produsa Dennis BovellNe nnwom "Rendez Vous" a na ɛwɔ n'apaawa no so nyaa nkonimdie kɛseɛ na Blondy nyaa ne Gold Disc a ɛdi kan wɔ Paris.

Afe apem ahankron aduonkron mmiensa (1993) mu no, Blondy nyaa adwenem haw na wɔde no kɔɔ beaɛ a wɔhyɛ adwene mu haw kɔsaa no yareɛ. Ne ho tɔɔ no ara pɛ na ɔbɔɔ n'apaawa ɔtoo din sɛ Dieu (Nyankopɔn) ne honhom ne ne nyamesom daa adi wɔ nnwom Sa me Yareɛ ("Heal Me") .

Afe apem aha nkron aduokron nsia (1996) mu no, Blondy ɔkaa ne nwom ahodoɔ a agye din no nyinaa bɔɔ muna ɔto no wɔ kasa ahodoɔ nsia: Malinke Kasa, Arabic Kasa, French Kasa, Brɔfo Kasa, Asante Kasa ne Wolof Kasa.

Alpha Blondy de mfeɛ aduonu (20) na ɛyɛɛ adwuma sɛ dwomtoni naafe apem ahanu ne mmienu mu no, ɔdaa nnwom CD MERCI a ɔne Ophelie Winter ne Saian Supa Crew na ɛbɔeɛ na ɛmaa no nyaa Grammy abasobɔdeɛ sɛ wɔn a wɔfata wɔnya "Best Reggae Album" wɔ afe mpem mmienu ne mmiɛnsa mu.

Blondy nnwom a anya yie die na agye din pa ara ne "Sébé Allah Y'é".

Gyidie[sesa]

Na ne maame yɛ Kristoni na na ne papa nso Nkramoni. Ne nanabaa na ɛtetetee no na ɔno na ɛkyerɛɛ no sɛ ɔnna ɔdɔ adi nkyerɛ obiara.[5] Blondy daa obuo ɛdi kyerɛɛ ɔsom biara na deɛ ɔsuaeɛ firii wɔn hɔ no ɔdaa no adi wɔ ne nwom ahodoɔ a ebi ne “God is One” anaa “Jerusalem” wɔ afe apem aha nkron aduowɔtwe nsia.

Mmoa a ɔde boa nnipa[sesa]

Wɔ afe mpem mmienu ne mmienu mu no, wɔ bɔ Alpha Blondy din sɛ United Nations Ambassador of Peace de ma Côte d'Ivoire man no mu.[6] Ɔgye di sɛ ɛsɛ sɛ ɔde mmoa ma ahiafoɔ (Jah Glory) na ɛnsɛ mmɔfra hunu amanneɛ. Ɔtee kuo bi wɔboa nnipa na ne din de Alpha Blondy Jah Glory Foundation. Alpha Blondy da so ara de ne nnwom reko ama asomdwoeɛ ne nkaboom.

Afe mpem mmienu ne nnan mu no, ɔtoo On n'oublie pas a Serge Bilé twerɛeɛ na adwomtofoɔ bi te sɛ Jocelyne Béroard, Harry Roselmack ne Admiral T. ka ho. Saa nnwom no yɛ nnwom ɔtoo maa wɔn a wɔnyaa akwanhyia wɔ Ɔsanaa da ɛtɔ so 16, afe mpem mmienu ne nnum mu na ɔde boaa sika ano de maa kuw AVCA, kuw a wɔn ho aka wɔ akwanhyia mu no.[7]

Nnwom ahodoɔ a agye din[sesa]

Ne nnwom a ɛgyee din kan ne Brigadier Sabari. Ne nnwom ahodoɔ a ɛka ho ne:

  • "Sebe Allah Y'e
  • "Jah Glory – a ɔtoo de ko tia ɔhia
  • "Apartheid is Nazism"
  • "Brigadier Sabari"
  • "Cocody Rock"
  • "Guerre Civile"
  • "Jerusalem"
  • "Journalistes en danger"
  • "Politiqui"
  • "Yitzhak Rabin"
  • "Sweet Fanta Diallo"
  • "Téré"
  • "Blesser"
  • "Rasta Poué"
  • "Ethiopia De Eli Boy Hag"
  • "Masada"
  • "Come Back Jesus"
  • "Peace in Liberia"
  • "Multipartisme (Médiocratie)"
  • "Rendez-Vous"
  • "Jah Houphouet"

Beaeɛ a menyaa mmoa firiiɛ[sesa]

  1. AlphaBlondy.Info : De Dimbokro à Monrovia, 2012-04-02, archived from the original on 2012-04-02, retrieved 2023-05-26{{citation}}: CS1 maint: bot: original URL status unknown (link)
  2. Interview with Montreal Mirror, September 2003.
  3. "Alpha Blondy Music". https://web.archive.org/web/20070929182637/http://www.alphablondy.info/article.php?=58 Archieved from the original on September 29, 2007.
  4. Barz, Gregory F. "Blondy, Alpha". Oxford Music Online.https://www.oxfordmusiconline.com/grovemusic/display/10.1093/gmo/9781561592630.001.0001/omo-9781561592630-e-0000049765?_start=1&pos=1&q=alpha%20blondy&search=quick
  5. 5.0 5.1 5.2 Emmanuel K. Akyeampong; Henry Louis Gates (January 2011).http://www.oxfordreference.com/view/10.1093/acref/9780195382075.001.0001/acref-9780195382075-e-0352 Blondy, Alpha. Oxford Reference. ISBN 978-0-19-538207-5
  6. Daddieh, Cyril K. (February 9, 2016). Historical Dictionary of Cote d'Ivoire (The Ivory Coast).https://books.google.com/books?id=_VptCwAAQBAJ&q=Alpha+Blondy+was+named+United+Nations+Ambassador+of+Peace+for+C%C3%B4te+d%27Ivoire+in+2005&pg=PA118 Rowman & Littlefield. ISBN 9780810873896.
  7. "Crash du 16 août : " On n'oublie pas "" [Crash of August 16: "We don't forget"] (in French). Martinique France-Antilles. August 6, 2014.