All People's Party

Ɛfi Wikipedia
Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔ Asante kasa mu

All People's Partymmrahyɛbadwa kuo a ɛwɔ Ghana. Na ɛyɛ kuo mmienu na ɛda ano a na ɛyɛ Popular Front Party (PFP) a Victor Owusu [1] da ano, United National Convention (UNC) a na William Ofori Atta [2] ne kuo ahodoɔ bi wom wɔ ayewohommumɔ,1981. Ɛbɛyɛɛ kuo a wɔ sɔre tiaa wɔn ho wɔ mmiensa republik kɔsi sɛ military coup d'état baeɛ wɔ ɔpɛnimaan 31, 1981 mu aberɛ a Provisional National Defence Council sii wɔnmmrahyɛbadwa kuo no kwan. Neɛ ɔnnyaa aba no bɛberee saa mmerɛ no ne People's National Party a ɛhyɛ Ɔmanpanin Hilla Limann nsa mu.

All People's Party
Leader Victor Owusu
Chairperson John Bilson
General Secretary Obed Asamoah
Founded 1981
Banned Ɔpɛnimaa 31, 1981
Merger of Popular Front Party and United National Convention

Ɛkuo nnum na wɔn sɔre tia ma wɔn nso tee kuo a yɛfrɛ no APP. Saa kuo no ne PFP, UNC, the Action Congress Party (ACP), Social Democratic Front (SDF) ne Third Force Party (TFP). [3]Saa kuo foforɔ yi yii Victor Owusu a ɔyɛ PFPni sɛ ɔmmɛ yɛ akanni ni ne Mahama Iddrisu a ɔyɛ UNC abadiakyire kanni ni. Ɛna Obed Asamoah nso a ɔyɛ UNCni nso bɛyɛɛ Ɔkyerɛfo panin a Obeng Manu nso yɛɛ n’abadiakyire. Yɛyii John Bilson a ɔno nso yɛ kanni ni maTFP sɛ guamtrani ɛnna Nii Amaa Amarteifio ne J. H. Mensah a wɔyɛ PFP nso, yɛyii wɔn sɛ gyamtrani abadiakyire. [4] Nanso ACP ampene nkabom no ansa na yɛde reto dwa.[5]

BEAƐ A MENYAA MMOA FIRIIƐ[sesa]

  1. https://en.m.wikipedia.org/wiki/All_People%27s_Party_(Ghana)#cite_note-1
  2. https://en.m.wikipedia.org/wiki/All_People%27s_Party_(Ghana)#cite_note-2
  3. https://en.m.wikipedia.org/wiki/All_People%27s_Party_(Ghana)#cite_note-3
  4. https://en.m.wikipedia.org/wiki/All_People%27s_Party_(Ghana)#cite_note-4
  5. https://en.m.wikipedia.org/wiki/All_People%27s_Party_(Ghana)#cite_note-5