Victor Owusu

Ɛfi Wikipedia
Kyerɛ Twi kasa a atwerɛsɛm yi ɛwɔ mu. Kasa ahorow a wobɛtumi akyerɛ ɛne: Akuapem, Asante, Fante.

Victor Owusu (December 26, afe 1923 – December 16, afe 2000) yɛ kane Ghanani amanyɔni ne mmaranimfo. Ɔsoom ɔman mmaranimfo, Soafo ɔwhɛ atɛntrenee ne Soafo a ɔhwɛ amanɔne nsɛm so mprenu. Na yɛ okandifo ma amanyɔkuo a enni aban mu wɔ Ghana adeyeman a edi kan no m firi afe 1979 kosii afe 1981

N'asetena mu[sesa]

Wɔ woo Owusu wɔ December da a ɛɔ 26, afe 1923 wo Agona a ɛwɔ Asante Mantam mu. Owusua yɛ obi a wɔ nimdeɛ wɔ ɛkonomis mu ana afei, okosuaa mmaranim.  Na ɔka akukudam a na wodi akotene wɔ National Liberation Movement a wotoo wɔn so aba wɔ Gold Coast abatoɔ no mu. Wɔ Ghana adehyeman a edikan no mu no, Kwame Nkrumah aban de mmara a ɛne Prevention Detention Act Act ( 1958) de no too afiase.  Woyii no wɔ February da a ɛtɔ so 24, afe 1966 bre abantuguo a amanyokuo National Liberation Council de bae. Wɔpaw no sɛ Aban Loya panyin ne Soafo a ɔhwɛ atɛntreene so wɔ NLC aban ase.

Nhomasua[sesa]

Victor Owusu kɔɔ Achimota School wɔ afe 1937 kosii afe 1945. Wɔ saa bre no, na n'atipenfo ne K. B Asante ne Joe Reindof. ɔtoaa so kɔɔ United Kingdom kosuaa Ekonomis wɔ suapɔn a ɛne University of Nothingham na afe, mmaranim wo University of London wɔ afe 1946 mu. wɔfrɛɛ no kaa abrokyire mmaranimfo kuo a ɛne English bar no wɔ lincoln’s Inn wɔ afe 1952.

Wɔ aban no mu[sesa]

Na ɔyɛ amanyɔkuo Progressive Party amanyɔkuo a edii nkunim wɔ abatoɔ a ɛkɔɔ so wɔ afe 1969 mu. Dr. Kofi Abrefa Busia paw no sɛ Soafo a ɔhwɛ amanɔne nsɛm so mprenu wɔ Ghana adeyeman a ɛtɔ mienu no mu.  Nea edikan no wɔ afe 1969 mu na nea ɛtɔ so mienu no wɔ afe afe 1969 ne 1971 nta.  Wɔ ne mienunu no nyinaa mu no, osii Partrick Dankwa Anin a ɔno nso soom mprenu no anan mu. Ghana adehyeman a ɛtɔ mienu no baa awie wɔ Janury da ɛtɔ so 13 afe 1972 mu bre a Gneral (Kane Colonel) I. K Acheampon tuu aba no gui no.

ɔperetiafo kwankyerɛfo[sesa]

Owusu yɛ okwankyerɛfo ne wɔn a wɔtew amanyɔkuo Popular Front Party wɔ Ghana adehyeman a ɛtɔ so miensa no mu. ɔtoo so mienue maa Dr. Hilla Liman a ogyinaa wɔ amanyɔkuo People’s National Party (PNP) dii nkunim wɔ afe 1979 abatoɔ a ɛkɔɔ so no mu,  onyaa mma no mu nkyekyɛ mu 38% wo abatoɔ a wɔtoo no mprenu no mu. Wɔ abatoɔ no akyi no, amanyɔkuo PFP ne ɔperatia amnyokouo afofor kaa bom yɛ amanyɔkuo baaka a ɛne All Peoples Party (APP) a na owusu di anim. Wɔ braa amanyɔkuo AFP ne amanyɔkuo ahorow wɔ December da ɛtɔ 31, afe 1981 bre a Proviusional National Defence Council a nea odi anim ne Flt. Lt. Jerry Rawlings tuu aban no gui.

N'asetena[sesa]

Firi afe 1991 kosii sɛ owui no, Victor Owusu Putney, London, UK. Owui wɔ London wɔ December da a ɛtɔ so 16, afe 2000. Owaree Agnes Owusu.

References[sesa]