Alkayida

Ɛfi Wikipedia
Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔ Asante kasa mu

Alkayida, a wɔsane frɛ no Akayida yɛ Ghana asa bi a sɛ wɔresa a wɔkɔ nkyɛn nkyɛn,a  wɔde honam yɛ nneyɔeɛ bi wɔm na ekuo bi nso yɛ adeɛ baako wɔ asa nom ne ankorankorɛ kansie.[1] Sɛ wɔresa Akayida a wɔdwodwo wɔn ho, yɛ nneyɛeɛ biara wɔm, wɔde wɔn nan di dwuma wɔm na wɔde hip-life asa nso agyina mu.[1] Wɔde wɔnsa ne wɔn abɛtire sosɔ wɔn honam mu yɛ nneyɛeɛ pii wɔ kwan bi so. Guru a ɔyɛ hip-life nwontoni a ɔmaa asa no gyee din yie no kaa sɛ, wɔntwerɛ asa no din "Akayida".[2]

Sɛdeɛ wɔsa saa asa no[sesa]

Asa a wɔtwerɛ no Alkayida no hyɛɛ aseɛ nkakrankakra a wɔtu anamɔn bia anka ɛyɛ akɔ sɛ asa foforɔ na seisei asa no ne ne nhyehyɛeɛ abɛyɛ krabɛhwɛ na "Alkayida" a wɔntwerɛ no yie "Al Qaeda" ɛnyɛ adeɛ sɛ ɛne azonto no nkɔ nkoa na mmom ɛgyae  amammerɛ a ɛwɔ Ghana hip-life no mu agyeegyee mu kɔ ekuo bi a wɔde owuo ne sɛeɛ kɛseɛ ba a wɔfrɛ no Al-Qaeda.[3]

Kwan a ɛfaa so hyetaa baabiara[sesa]

Guru a ɔyɛ hip-life nwontoni na ɔde Alkayida asa baeɛ berɛ a ɔmaa no gyee din wɔ no nwom "Alkayida (Boys Abrɛ)" mu.[4] 'Brɛ' wɔ Asante kasa mu kyerɛ sɛ wabapa. [4]Wɔ Guru nnwom Alkayida u no, ne nyesoɔ ne "Boys Abrɛ", na saa nyesoɔ yi kɔwura mmabunu kasa mu. [4]Wɔhyɛɛ ɛda maa Asamoah Gyan ne Black star dom no maa wɔsaa "Alkayida" maa obiara hwɛɛ bi  wɔ mfeɛ mpem mmienu ne du nan wiase nyinaa bɔɔlobɔ. [1]Gyan ne wɔn a aka no saeɛ berɛ a na Ghana ne Germany bɔ bɔɔlo a wɔtoo atena no.  Wɔsaa azonto mmom na ɛnyɛ Alkayida.

Wɔ mfeɛ mpem mmienu ne du nan mu no, Panamaniannii bi  ɔsa, deejay ne Honduran bi a ɔda a wɔfrɛ no AlBeezy de nwom "Lacaida" baa abɔten a na ɛne Guru nwom no reyɛ asɛ nanso na n'atwerɛ no da nso na asa no deɛ ɛyɛ ɛ. Wei maa asa no gyee din kakra wɔ Panama na ɛkwan bi nso no, ɛmaa Guru nwom e Azonto nwom nso kɔɔ n'anim.

Beaɛ a menyaa mmoa firiiɛ[sesa]

  1. 1.0 1.1 1.2 https://web.archive.org/web/20140408224122/http://ghanasportsonline.com/index.php/local-football-news/item/1522-ghana-striker-asamoah-gyan-to-launch-alkayida-dance-at-brazil-world-cup
  2. https://web.archive.org/web/20160304110352/http://showbiz.peacefmonline.com/pages/music/201310/177900.php?storyid=100&
  3. https://web.archive.org/web/20140408230519/http://heyghana.com/?p=2715
  4. 4.0 4.1 4.2 Archive copy, archived from the original on 2015-08-22, retrieved 2022-06-04{{citation}}: CS1 maint: archived copy as title (link)