Alhassan Dahamani

Ɛfi Wikipedia

Alhassan Dahamani (wɔwoo no wɔ Ayɔwohomumɔ da a ɛtɔ so nsia wɔ afe apem ahankron aduosia nwɔtwe, June 6, 1968) yɛ Ghana ɔmanyɔni ne Mmarahyɛ Badwa a ɛtɔ so nsia a ɛwɔ Ghana Amammuo Ɛtɔ so Nnan no muni a ɔgyina Tamale North Mpɛsoa so anan mu wɔ Atifi Mantam sɛ kɔntinkrɔ.[1] Ɔfiri Damankunyali a ɛwɔ Tamale, Atifi Mantm.[2]

N'ankasa abrabɔ[sesa]

Dahamani yɛ Kramoni. Wawaree a (ɔwɔ mma mmiɛnsa).[1]

Mfitiaseɛ asetena ne nwomasua[sesa]

Wɔwoo Dahamani wɔ Ayɔwohomumɔ da a ɛtɔ so nsia wɔ afe apem ahankron aduosia nwɔtwe (June 6, 1968). Ɔfiri Damankunyili – Tamale, kuro bi a ɛwɔ Ghana Atifi Fam Mantam mu.[1] Ɔkɔɔ University of Cape Coast (UCC), Ghana na ɔnyaa ne bachelor’s wɔ Management Studies mu wɔ mfeɛ mpem mmienu ne nwɔtwe (2008).[1]

Amanyɔsɛm[sesa]

Wɔ mfeɛ mpem mmienu ne du mmienu (2012) mu no, ɔsii akan sɛ obi a ɔde ne ho maa Tamale Atifi akonwa no wɔ tekiti a ɛwɔ mmarahyɛ badwa a ɛtɔ so nsia a ɛwɔ amammuo a ɛtɔ so nnan no so na ɔdii nkunim.[1]

Adwumayɛ[sesa]

  • Adwumayɛfoɔ Boafoɔ Panin, VRA-NEDCo, Sunyani[1]
  • Ɔhwɛfoɔ[1]

Mmeaeɛ a menyaa mmoa firiiɛ[sesa]

  1. 1.0 1.1 1.2 1.3 1.4 1.5 1.6 MPs (in American English), retrieved 2023-10-03
  2. Dahamani, Alhassan (in American English), retrieved 2023-10-03