Alfred Akainyah

Ɛfi Wikipedia

Alfred Augustus Akainyah( wɔ woo no afe apem aha nkron ne nson na afe apem aha nkron aduowɔtwe nnwɔtwe na ɔwuiɛ) yɛ Ghana mmranimni ne mmratwerɛfoɔ.Wɔ Ghana Kwasafoman berɛ a ɛdi kan no mu, na ɔyɛ ɔtemmuafoɔ wɔ Ghana asennibea kunini.[1]

BAABI A MENYAA MMOA FIRIIƐ[sesa]

Na Alfred yɛ Nzemani a wɔ woo no Ɔgyefoɔ da a ɛtɔ so mmienu wɔ afe apem aha nkron ne nson. Ɔno ne abɔfra a ɔtɔ so mmienu wɔ Agya John Akainyah a na ɔyɛ kuafoɔ ne Tufuhene a ɔtɔ so mmienu wɔ Nzema kuro bi a ɛwɔ Atɔeɛ Mantam mu. Ɔkɔɔ Gold Coast Police Training College na Ɔbɛyɛɛ Polisini wɔ afe apem aha nkron ne aduonuwɔtwe nnwɔtwe mu[2].[sesa]

ADWUMAYƐ[sesa]

Alfred somoo wɔ Gold Coast Polisifoɔ no mu firii afe apem aha nkron aduonu nnwɔtwe de kɔsii afe apem aha nkron aduanan nsia berɛ a, ɔwɔ dibea a ɛso sene dibea a Afrikafoɔ bɛtumi anya no,Ɔgyaee adwuma a na ɔyɛ no sɛ Ɔhwɛfoɔ Panyin no de ne ho hyɛɛ mmara mu wɔ United Kingdom[3].Na Ɔyɛ Afrikafoɔ a wɔdi anim sene obiara wɔ Kibi Agyiraehyɛdeɛ a Wɔkum No ho nhwehwɛmu mu wɔ Akyea Mensah a wɔkumm no wɔ afe aha nkron aduanan mmiɛnsa mu akyi,sɛ Ɔsraani Panyin a Ɔboa.Wɔfrɛɛ no sɛ Middle Temple mmaranimfoɔ wɔ Ɔpɛpɔn da a ɛtɔ so aduonu nsia,afe apem aha nkron aduanan nkron mu[4][5].Alfred Akainyah kɔyɛɛ adwuma wɔ Nkran wɔ Mmaranimfoɔ Koi Larbi dan mu saa afe no ara mu,Ɔyɛɛ adwuma sɛ mmaranimfoɔ a Ɔhwɛ mmara so mfeɛ mmienu[6].Wɔ afe apem aha nkron aduonun baako mu no,wɔyɛɛ no Ɔmantamsodifoɔ berɛ a na Ɔyɛ Western Nzema mantam no Sikakorafoɔ no[7].Nanso,Ɔsan kɔyɛɛ adwuma wɔ ankorankora fie kɔsii sɛ Ɛbɔ da a ɛdi kan wɔ afe apem aha nkron aduosia mmienu no,wɔyɛɛ no Ɔman Asɛnnibea Kunini no Tɛmmuafoɔ[8].Berɛ a na ɔyɛ asɛnnibea Kunini tɛmmuafoɔ no,wɔyɛɛ no wɔ afe apem aha nkron aduosia mmiɛnsa mu sɛ ɔmmɛyɛ kuo bi a wɔbɛdi nsɛm a ɛmfata a ɛfa nnoɔma a wɔde ba no ho nhwehwɛmu.Mfeɛ mmienu akyi no, wɔyɛɛ Ɔno ne Fred Apaloo ne Charles Sterling Acolatse sɛ Asɛnnibea Kunini Atɛmmuafoɔ a na wɔatu wɔn afiri wɔn ananmu wɔ ɔman no mu nkoasom ho asɛnni mu no ananmu.Berɛ a wɔtwaa asɛm no so bio no,wɔbuu no fɔ.Alfred Akainyah,ne Kwesi Armah a ɔyɛ CPP mu nnipa titirew a na ɔyɛ Nkrumah adamfo a ɔgye no die,ne Ɔmanpanyin Kwaw Swanzy, wɔn nyinaa yɛ Nzemafoɔ,ne Ɔmanpanyin Nkrumah hyiaeɛ sɛdeɛ ɛbɛyɛ a wɔbɛserɛ sɛ wɔmfa wɔn a wɔabu wɔn fɔ no bɔne nkyɛ wɔn.Berɛ a na ɔwɔ Asɛnnibea Kunini no, na Ɔdi Henry Djaba,F Y Asare a na ɔyɛ Nkrumah aban no mu Ɔmanpanyin, ne James Kuartey a na wɔwɔ GAMCO kuayɛ mu no asɛm no anim.Wɔdii wɔn fɔ maa wɔde wɔn guu afiase mfeɛ pii.Wɔpamoo no wɔ Ayɛwohomumu da a ɛtɔ so nson wɔ afe aha nkron aduosia nsia,wɔ Nkrumah a wɔtuu no guiiɛ no akyi,ɛwɔm mpo sɛ na wadi kan de n'ahofadeɛ ama wɔn NLC nniso no mu,esiane sɛ Ollenu Commission Of Inɛuiry bɔɔ ne yere, Victoria Adobea Akainyah soboɔ sɛ wadi amumɔyɛsɛm nti.Wɔbɔɔ ne yere soboɔ ,na wɔde no too afiase.Ɔbɔɔ ne yere no ho ban ɛfiri sɛ na ɔno ankasa na wɔtan no nti.Mfitiaseɛ no,na Britain mmaranimfoɔ a wagye din a wɔfrɛ no Sir Dingle Foot na ɔboa ne yere no, ɛfiri sɛ na mmaranimfoɔ foforɔ a wɔwɔ hɔ no mpɛ sɛ wɔboa no.Berɛ a Ɔkɔyɛɛ ankorankora asɛnnibea mmaranimni no,Ɔfirii aseɛ yɛɛ adwuma sɛ mmaranimfoɔ.

NABRABƆ[sesa]

Ɔwaree ɔbaa a ne din de Victoria Adobea Akainyah.Na ɔyɛ Kristoni mmapa a ɔsom wɔ Anglican asɔre mu,na ɔyɛ ɔkenkanfoɔ a ɔnyɛ ɔsɔfo,na ɔyɛ Saint Luke Anglican Asɔre a ɛwɔ Aburi no mun[9]i.Na ɔyɛ Ghana dwomtoni Samuel Akainyah ɔyɛɛ Akainyah gallary no papa.Ne mma mmiɛnsa a wɔn din ne Lawrence Benzo Akainyah,Emma Amakye ne Azanne Kofi Akainyah nso kɔɔ mmaranim sukuu bɛyɛɛ mmaranimfoɔ[10].

NE WUO[sesa]

Ɔwuu afe apem aha nkron aduowɔtwe nnwɔtwe mu wɔ Korle Bu Teaching Hospital a ɛwɔ Nkranman mu no[11].

BAABI A MENYAA ME MMOA NYINAA FIRIIƐ[sesa]

  1. L. K. Jakande (1967), West Africa Annual (in English), James Clarke, retrieved 2023-03-29
  2. "Perricone, Guido Roberto, (Guy), (born 3 July 1962), Chief Executive and Under Treasurer, Honourable Society of Middle Temple, since 2013", Who's Who, Oxford University Press, 2016-12-01, retrieved 2023-03-29
  3. Ndiva Kofele-Kale (2016), The international law of responsibility for economic crimes : holding state officials individually liable for acts of fraudulent enrichment ([2nd ed.] ed.), Abingdon, Oxon: Routledge, ISBN 978-1-315-55663-5, OCLC 948603105, retrieved 2023-03-29
  4. "Perricone, Guido Roberto, (Guy), (born 3 July 1962), Chief Executive and Under Treasurer, Honourable Society of Middle Temple, since 2013", Who's Who, Oxford University Press, 2016-12-01, retrieved 2023-03-29
  5. Nicholas Triffin (1982-06), "KIME'S International Law Handbook edited by James A. Matthews and Roderick N. Matthews. London: Kime's International Law Directory Ltd., 1981. Pp. 272. U.S. $26.00.", International Journal of Legal Information, vol. 10, no. 3, pp. 142–143, doi:10.1017/s0731126500013639, ISSN 0731-1265, retrieved 2023-03-29 {{citation}}: Check date values in: |date= (help)
  6. Alphonso A. McPheeters (1957), "The Gold Coast Begins Self-Government", The Phylon Quarterly, vol. 18, no. 1, p. 35, doi:10.2307/273070, ISSN 0885-6826, retrieved 2023-03-29
  7. Geophysical abstracts 150, July-September 1952, 1952, retrieved 2023-03-29
  8. Ghana (1976). The Supreme Court of Ghana centenary : souvenir, 1876-1976. p. 33., {{citation}}: Missing or empty |title= (help)
  9. René Ruske (2015-04-06), "Does Economics Make Politicians Corrupt? Empirical Evidence from the United States Congress", Kyklos, vol. 68, no. 2, pp. 240–254, doi:10.1111/kykl.12082, ISSN 0023-5962, retrieved 2023-03-29
  10. "A GENERAL SURVEY OF THE CITY OF LONDON", The Iwakura Embassy, 1871-1873, Volume II: Britain, MHM Limited, pp. 34–53, 2021-04-01, retrieved 2023-03-29
  11. René Ruske (2015-04-06), "Does Economics Make Politicians Corrupt? Empirical Evidence from the United States Congress", Kyklos, vol. 68, no. 2, pp. 240–254, doi:10.1111/kykl.12082, ISSN 0023-5962, retrieved 2023-03-29