Alexandar Kodwo Kom Abban

Ɛfi Wikipedia
Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔ Asante kasa mu
Hon.
Alexander Kodwo Kom Abban
MP
Member of the Ghana Parliament
for Gomoa West constituency
Bere
7 January 2017 – 6 January 2021
OdikanfoHon.Francis Kojo Arthur
AnanmusiniRichard Gyan Mensah
ƆmanpanyinNana Akuffo-Addo
Ne ho asɛm
Awo bere
Alexander Kodwo Kom Abban

6 December 1973 (1973-12-06) (age 50)
Gomoa Dawurampong, Ghana
Ne manGhanaian
AmanyɔkuoNew Patriotic Party
Domestic partnerAnastasia Antoinette Abban
ResidenceTse-Addo
Sukuu a w'akɔBoston University School of Law, Kwame Nkrumah University of Science and Technology, Hamburg School of Applied Science, Goethe Institut
N'adwumaPolitician
N'adwumaLegal Advisor, Lecturer, Medical Officer
CommitteesGovernment Assurance Committee; Health Committee

Alexander Kodwo Kom Abban[1]Ghana amannyɔni ne mmarahyɛbadwani a na ɔka mmarahyɛbadwa a ɛtɔ so nson no mu Ghana adehyeman a Ɛtɔ so nnan no mu ni a ɔgyina Gomoa West abatoɔ mpesua no ananmu wɔ Mfimfini mantam no mu wɔ New Patriotic Party no tekiti so.[2]

Mfitiaseɛ asetea ne nwomasua[sesa]

Wɔwoo Abban wɔ ɔpɛnimaa bosome no da a ɛtɔ so nsia wɔ afe 1973 na ɔfiri Gomoa Dawurampong a ɛwɔ Mfimfini mantam no mu wɔ Ghana. Ɔnyaa ne Master of Law abodin krataa wɔ Sikakorabea ne Sikasɛm ho mmara mu wɔ Boston Suapɔn Mmara Sukuu mu wɔ afe 2008 mu.[3] Ná ɔwɔ ne Aduruyɛ ho Tumi krataa a ɛfiri Aduruyɛ ne Nsõ Ho Badwa no hɔ. Ɔsan nso nyaa ne Bachelor of Science abodin krataa wɔ Human Biology mu wɔ Kwame Nkrumah University of Science and Technology, Bachelor of Science abodin krataa wɔ Medicine ne Surgery mu wɔ saa asoɛeɛ korɔ no ara mu. Ɔsan nyaa ne master’s degree wɔ Ɔmanfo Akwahosan mu wɔ Hamburg School of Applied Science. Na ɔwɔ adansedie krataa nso wɔ German kasa mu firi Goethe Institut a ɛwɔ Accra.[4]

Adwuma[sesa]

Abban yɛ Mmara ho Ɔfotufoɔ firi afe 2013 kɔsi afe 2014 wɔ Ghana Stock Exchange. Ɔsan nso yɛ ɔkyerɛkyerɛfoɔ wɔ Ghana Institute of Management and Public Administration firi afe 2009 kɔsi afe 2010. Ɔsan nso yɛ Part-time ɔkyerɛkyerɛfoɔ wɔ Ghana School of Law firi afe 2010 kɔsi afe 2015.[2] Ɔyɛ fie sohwɛfoɔ firi afe 2009 kɔsi afe 2012 wɔ Ghana Akwahosan Dwumadibea ne Aduruyɛ sohwɛfoɔ wɔ saa asoɛeɛ korɔ no ara mu firi afe 2012 kɔsi afe 2016.[4]

Amanyɔsɛm[sesa]

Abban yɛ Ɔsono amanyɔkuo NPP no mu ni.[4] Na ɔyɛ kane Mmarahyɛ Badwa no mu ni wɔ Mmarahyɛ Badwa a Ɛto so nson wɔ Ghana Adehyeman a Ɛto so Anan no mu ma Gomoa Atɔe Fam Mansini a ɛwɔ Ghana Mfinimfini Mantam mu.[3]

2016 abatoɔ[sesa]

Wɔ afe 2016 Ghana amansan abatoɔ mu no, Abban dii nkonim wɔ Gomoa West abatoɔ mpesua no mmarahyɛ Badwa no mu. Ɔde mma 22,741 a ɔnyae a ɛgyina hɔ ma ɔha mu nkyekyɛmu 49.6% na ɛdii nkonim wɔ abatoɔ no mu, wɔ nnipa dodoɔ a wɔtoeɛ nyinaa mu berɛ a NDC mmarahyɛ Badwa ananmusini Samuel Fletcher nyaa abatoɔ no mu 21,004 a ɛgyina hɔ ma ɔha mu nkyekyɛmu 45.8% wɔ abatoɔ a wɔtoeɛ nyinaa mu, PPP mmarahyɛ Badwa ananmusini Charles Yawson nyaa abatoɔ no mu 2,086 a ɛgyina hɔ ma ɔha mu nkyekyɛmu 4.6% wɔ abatoɔ a wɔtoeɛ nyinaa mu na CPP mmarahyɛ Badwa ananmusini Stephen Afriyie nyaa abatoɔ (0) a ɛyɛɛ abatoɔ a wɔtoeɛ nyinaa mu ɔha mu nkyekyɛmu 0.0%.[5]

Badwakuo ahodoɔ[sesa]

Na Abban yɛ Aban Awerɛhyem badwakuo no muni na na ɔyɛ Akwahosan badwakuo no muni nso.[4]

Ɔsomfo[sesa]

Ɔyɛ kane ɔsoafoɔ Abadiakyiri a ɔhwɛ Akwahosan so.[6][7] Ɔsan nso yɛ kane ɔsoafoɔ Abadiakyiri a ɔhwɛ Nkitahodie so.[8][9][10]

2020 abatoɔ[sesa]

Abban hweree Gomoa West abatoɔ mpesua no mmarahyɛ badwa akonnwa no wɔ afe 2020 Ghana amansan abatoɔ no mu maa NDC mmarahyɛ badwani Richard Gyan Mensah. Ɔde mma 25,235 a ɛgyina hɔ ma ɔha mu nkyekyɛmu 44.9% na ɛdii nkoguo wɔ abatoɔ a wɔtoeɛ nyinaa mu berɛ a Richard nyaa abatoɔ no mu mma 29,822 a ɛgyina hɔ ma ɔha mu nkyekyɛmu 53.0% wɔ abatoɔ a wɔtoeɛ nyinaa mu, GUM mmarahyɛ Badwa ananmusini Edmond Panyin Enchill nyaa abatoɔ 716 a ɛgyina hɔ ma ɔha mu nkyekyɛmu 1.3%, ne PPP mmarahyɛ baguani ɔkannifoɔ Charles Yawson nyaa abatoɔ no mu mma 481 a ɛgyina hɔ ma ɔha mu nkyekyɛmu 0.9%.[11][12]

Ankorankoro asetena[sesa]

Ɔyɛ Kristoni (Katolekni). Ɔware Owurayere Anastasia Antoinette Abban, na awarefoɔ yi wɔ mma nan.

baabi a menyaa mmoa firiiɛ[sesa]

  1. Mr Alexander Kodwo Kom Abban | The Publisher Online, 2022-12-05, archived from the original on 2022-12-05, retrieved 2023-10-04
  2. 2.0 2.1 Alexander Kodwo Kom Abban, Biography, retrieved 2023-10-04
  3. 3.0 3.1 Abban, Alexander Kodwo Kom (in American English), retrieved 2023-10-04
  4. 4.0 4.1 4.2 4.3 Hon Alexander Kodwo Kom Abban (in American English), retrieved 2023-10-04
  5. Peace FM, 2016 Election - Gomoa West Constituency Results, retrieved 2023-10-04
  6. Amend Section 37 of the GHS, Teaching Hospitals Act to ensure effective functioning-Kodwo Abban appeals (in English), 2019-03-21, retrieved 2023-10-04
  7. Communications Bureau (2020-04-06), New Deputy Ministerial Appointments (in British English), retrieved 2023-10-04
  8. Deputy Communications Minister, Alexander Kodwo Kom Abban (in American English), 2023-09-20, retrieved 2023-10-04
  9. BREAKING NEWS: President Sacks Deputy Minister (in American English), 2020-04-06, retrieved 2023-10-04
  10. Asset Declaration: Bawumia, Ofori-Atta, Osafo-Maafo, Kyei-Mensah-Bonsu, and 88 others did not fully comply - MyJoyOnline.com (in American English), 2022-06-02, retrieved 2023-10-04
  11. Parliamentary Results for Gomoa West, retrieved 2023-10-04
  12. Peace FM, 2020 Election - Gomoa West Constituency Results, retrieved 2023-10-04