Akosombo Ntama tintimbea

Ɛfi Wikipedia
Wɔakyerɛw nsɛm yi wɔ Akuapem kasa mu
Wɔakyerɛw nsɛm yi wɔ Akuapem kasa mu
African Ntama a efiri Akosombo Textile Limited

Akosombom Ntama tintimbea (ATL) Yɛ ntama tintimbea a ewɔ Ghana a dwuma wodi ne sɛ wɔ de asaawa krogen tintim abirim ntama a ɛyɛ anika. ɛne Akosombo nsu mu ban adwumayebea na ɛwɔ faako wɔ Apuei mantam mu. ɛwɔ asoe a wɔ nwene ntama, asaawatowbea ne faako a wɔde bibiara ba awie. ɛwɔ ntama ahorɔw nnan a wotintim a w’ato wɔn din sɛ; ABC, ATL, Treasure ne Inspiration. Adwumakuo no so hwɛfo no din ne Ing.Kenneth Asare.

Abakɔsɛm[sesa]

Wɔ afeha a ɛtɔ so19 no mfinfin no mu, adwumakuo a wotintim ntama wɔ Javanese nyaa ntee faa Afrika Atɔe fam ho. Na ntama a wotintin no fa Javanesefo ho. Afrika asraafo a wɔde wɔn dwumadie aba awie wɔ Indonesia no yɛ nea wɔ de ntama a ani da hɔ no bi kɔ wɔn fibea ahorɔw. Eyi maa wɔhyɛɛ ase buebue nnwumakuo nketewaa a wotintim bi, na ɛyɛ nea ɛkɔ so nyaa esiane sɛ na wonni mfidie a wɔde di dwuma.

Akosombo Ntama Tintimbea hyee ase wɔ afe 1967. Asoe a wotintim ntama a ne din de ABC (  A. Brunschweiler & Company) no hyɛɛ ase tintiim ntama a ɛyɛ papa a ɛfa ɔman Ghana adwadifoɔ ho. Mfie 100 a atwam no, ABC abɛyɛ wɔn wontintim ntoma a ɛyɛ papa wɔ Abibrem ne Europe abrokyi man mu.

Wɔ December afe 2005 mu no, wɔ daa ABC ntama tintimbea asoeɛ foforo adi wɔ Akosombo Ntama tintimbea adwumakuo no mu . ABC ntama gyinapen no yɛ nea ATL atintim firi afe 2006 mu a ɛyɛ nkabom a ABC, UK ne ATL ayɛ. Nea nti a wɔde ABC ntama gyinapen no baa Ghana ne sɛ na wɔpe sɛ wotumi som Afrika adetɔfo no.

Esiane Ntama papa a wɔhyɛɛ ase tintim wɔ Ghana wo afe 2006 ne 2007 mu no nti, wɔsesaa ABC ho nneɛma a ebine Superwax, Handblock ne premium baa Ghana na eyi maa Adwumakuon no nkorabata a ewɔ Manchester no gui wɔ afe 2007.

Dwinni ahorɔw[sesa]

Ntama dwinni a wotintim no fa nnipa amammere, gyedie ne abakɔsɛm ho. Adinkra ahyɛnsode no yɛ nea w’ayɛ na wo de bata afahyɛ ahorɔw ho. Wotintim ntama a ɛfa nnwumakuo nkabom nso ho.

Nkekaho[sesa]