Akenten Appiah-Menka

Ɛfi Wikipedia
Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔ Asante kasa mu
Akenten Appiah-Menka
Member of the Ghana Parliament
for Afiagya-Kwabre
Bere
1969–1972
ƆmanpanyinEdward Akufo-Addo
Prime MinisterKofi Abrefa Busia
OdikanfoYaw Konadu
AnanmusiniKwadwo Ofori-Kuragu
Ne ho asɛm
Awo bere(1933-07-03)3 July 1933
Owu bere13 February 2018(2018-02-13) (aged 83)
Ne manGhanaian
Adesua
  • Abuakwa State College
  • Adisadel College
Sukuu a w'akɔUniversity of Manchester
N'adwuma
  • Politician
  • Entrepreneur
N'adwumaLawyer

Akenten Appiah-Menka yɛ Ghananin mmarani, amanyɔni ne adwumawura. Ɔyɛɛ dwadie ne nnwuma soafoɔ-abediakyire, na akyire no ɔbɛyɛɛ mmaradwuma abediakyire wɔ Ghana ahosodie a etɔ so mmienu no mu.

Ɔbra ne Adesua Ahyɛaseɛ[sesa]

Ɔwoo Appiah-Menka Kitawonsa 3, 1933 wɔ Aboabogya a ɛwɔ Kwabre mansin a ɛbɛn Kumasi a ɛwɔ Ashanti Region no. Ɔmaame de Eno Akosua, na Ɔpapa de Ɔpanin Amponsa Adiyia, a ɔwuuɛ ansa na ɔrewo Appiah. Ɔhyɛɛ ne sukuu ase wieeɛ wɔ Aboabogya Methodist Middle School. Ɔkɔtoaa so wɔ Abuakwa State College wɔ Kibi de nyaa ne Cambridge certificate, na ɔkɔɔ Adisadel College kɔnyaa ne Advanced Level certificate. Owieɛ no na owiaa ne ho de nnoɔma-suhyɛn firii Takoradi kɔɔ Marseille wɔ France. Ofiri hɔ 1954 de keteke kɔpuee England. Saa afe no ara mu na ɔkɔwuraa Northwestern Polytechnic (a seisei wɔfrɛ no Universty of London) a ɛwɔ London mu wiee 1955 de nyaa GCE advanced level certificate. Ɔtoaa n'adesua so wɔ University of Manchester firi 1956 kɔsi 1959 de suaa mmara. Ɔgyee ne mmaradwuma too mu wɔ Lincoln's Inn.

Adwumayɛ[sesa]

Ɔsan baa Ghana 1960 ne ho bɔɔ Nicholas Yaw Boafo Adade mmaradwuma Yaanom Chambers. Ɔyɛɛ adwuma kɔsii 1969 na ɔde ne ho gyee amanyɔ mu.

Sɛ aban dwumayɛnin no wɔyii no ma no kaa badwafoɔ a Atta Mills ɔmanbuo berɛ mu no a na ɔresiesie Ghana mmarapɔn no

As a civil servant, he served in the Atta Mills administration when he was appointed a member of the Constitution Review Commission.

Ɔmanyɔ[sesa]

Afe 1969 no wɔyii no sɛ mmarahyɛbadwani (MP) maa Afigya Sekyere mpasuaso. Wɔn a ɔne wɔn sii akan no bi ne National Alliance of Liberals ɔmanyɛkuo no Agyeman Alexander Frederick ne Baffour Ankoma a ɔyɛ United Nationalist Party nipa ne Otuo Siriboe a ɔyɛ People's Action Party nipa. Saa afe no ara na ɔmaa no Dwadie soafo-bediakyire diberɛ. 1971, asoafo nsakyeramu no ma no bɛyɛɛ mmaradwuma soafoɔ-bediakyire de kɔsii 1972 a wɔtuu Busia aban no guuɛ. Supreme Military Council (National Redemption Council, saa berɛ no) de no too afiase kɔsii 1973 a wɔtuu wɔn na wɔyii no.

1993 mu no na ɔka New Patriotic Party ekuo ahyɛasefoɔ no ho, na akyire no ɔbɛyɛɛ NPP mpaninbadwafoɔ no mu baako, na titenanin ma mpaninbadwafoɔ a ɛwɔ Ashanti Region. Akufo-Addo ɔmanyɔ berɛ so yi wɔyii no titenani maa Aban-ne-Ekuo badwa, a wɔhwɛ sɛ New Patriotic Party ɔmanyɔkuo no ne n'aban dwumadie bɛyɛ fɛ, bɔkɔɔ na adi yie.

Adwuma[sesa]

Ɔtɔɔ asaase homa 600 wɔ Akrofum a ɛbɛn Obuasi de duaa mmɛ a ɔde hyɛɛ Ashanti Oil Mills ase. Adwumakuo yi yɛɛ nnwo a yɛdie, na ɛnyin bɛdanee Appiah-Menka Complex a na ɔyɛ Appino samina a ɛgyee din 1980 mu, ne crocodile pale soap. Saminayɛ no ɔne National Investment Bank nkabomdwuma no hyɛɛ aseɛ wɔ Kumasi. Ɔbɛyɛɛ kwankyerɛnin hwɛsonin kakra ansa na akyire no ɔbɛyɛɛ  titenanin wɔ Appiah Menka Complex Ltd, Ashanti Oil Mills, ne Appiah Menka Plantations. 1983 ne 1984 ntɛm no ɔdaa afiase wɔ Nzema,, Western Region. asaasensɛm bi nti.

Ɛsiane ne nimdeɛ mfididwuma mu nti wɔyɛɛ no Ɔkandifoɔ maa Association of Ghana Industries. pɛn.

Afisɛm[sesa]

Ɔwaree Mrs. Rosemond Appiah-Menka (a ne fiedin de Gyamfi) 1960 mu. N'anigyedeɛ ne gɔlf, bɔɔlbɔ and nsɛmkwaa nwoma akenkan.

Owuo ne adansedie[sesa]

Owuu Ogyefuo da 13, 2018. Ne wuo no nti wɔtwee NPP frankaa a ɛwɔ Ghana amansin ne mpasuaso ahodoɔ nyinaa baa fɔm nnanson. Wɔyɛɛ n'ayie wɔ Kumasi Kɔtɔnimaa da 24, 2018. Wɔsiee no wɔ ne kuromu Aboabogya.

Ghana manpanin Nana Akufo-Addo; dii ne ho adanseɛ sɛyi:

"Mahwere ɔfotufoɔ a ɔsom boɔ. Ɔtuu me fo san bɔɔ mpaeɛ maa me berɛ biara, na nani gyee paa berɛ a medii nkonim wɔ 2016 Ɔmanpanin abatoɔ no mu."

Ghana Ɔmanpanin dada, John Dramani Mahama nso dii ne ho adanseɛ sɛ:

"Ɛsɛ sɛ Akenten Appiah Menka wuo yi pia Ghanafoɔ ma wɔkɔso di mmaramanbuo akyi na ɔsɔmu yie."

Hwɛ weinom nso[sesa]

  • List of MPs elected in the 1969 Ghanaian parliamentary election
  • Busia government

Nkekaho[sesa]