African Union

Ɛfi Wikipedia

Afrika Aman Nkabom Kuo (AU) yɛ asasepɔn nkabom a aman akuoba aduonum num (55) a wɔka ho a wɔ wɔ Afrika asasepɔn no mu. Wɔde AU too gua wɔ Sirte mpaemuka a wɔyɛeɛ no wɔ Sirte, Libya, wɔ ɛbɔ boseme ne da a ɛtɔ so nkron afe apem ahankron ne aduokron nkron (September 9, 1999), a ɛhwehwɛe sɛ wɔmfa Afrika Aman Nkabom Kuo no nsi hɔ. Wɔde kuo no sii hɔ wɔ Kotonimma bosome ne da ɛtɔ so aduonu nsia afe mpem mmienu ne baako (May 26, 2001) wɔ Addis Ababa, Ethiopia, na wɔpaw so ntoma wɔ Kitawonsa ne da a ɛtɔ so nkron, afe mpem mmienu ne mmienu (9 July 2002) mu wɔ Durban, anafo abibirem.[1] Na AU no adwene ne sɛ wɔbɛsi Afrika nkabɔmu dwumadie  (OAU) a aban ahorow aduoasa mmienu (32) a wɔde wɔn nsa hyɛɛ ase de sii hɔ wɔ Kotonimma ne da a ɛtɔ sp aduonu num afe apem ahankron ne aduonsia mmiɛnsa (May 25, 1963) mu wɔ Addis Ababa no ananmu; wɔguu OAU no wɔ Ayɛwohomumɔ ne da a ɛtɔ so nkron afe mpem mmienu ne mmienu (9 July 2002) mu. Gyinaesi a ɛho hia paa a AU sii no yɛ deɛ Abibirem aman nkabom kuo no nhyiamu, afe ne fa nhyiamu a aman akannifoɔ ne aban a wɔyɛ amamma.

AU kyerɛwfo adwumayɛbea, abibirem nkabɔmu kɔmmissan, wɔ Addis Ababa. Kurow a ɛso a ɛwɔ AU ne Lagos, Nigeria, abere  nkurow akɛse a wɔaboaboa ano ne Cairo, Egypt. Afrika aman nkabom no wɔ nnipa bɛboro ɔpepepe baako ahyiripɔn mmiɛnsa (1.3) na ne kɛse bɛyɛ kilomita ɔpepe aduasa (30) (akwansin ɔpepe dubaako 12) na wiase mmeae a ɛyɛ nwonwa bi te sɛ Sahara ne Nile nso ka ho. Kasa titiriw a wɔde yɛ adwuma ne Arabic, Engiresi, Franse, Portugal, Spania, ne Swahili. Wɔ Afrika aman nkabom no mu no, aban ahyehyɛdeɛ ahorow bi te sɛ asomdwoeɛ ne ahobammɔ bagua ne Pan-African mmarahyɛbagua.

Beaeɛ a menyaa mmoa firiiɛ[sesa]

  1. Thabo Mbeki (9 July 2002). "Launch of the African Union, 9 July 2002: Address by the chairperson of the AU, President Thabo Mbeki". ABSA Stadium, Durban, South Africa: africa-union.org. Archived from the original on 3 May 2009. Retrieved 8 February 2009.