Adjei Mensah

Ɛfi Wikipedia
Hon.
Martin Kwaku Adjei-Mensah Korsah
MP
Member of Parliament for Techiman South Constituency, Deputy Minister for Local Government, Decentralization and Rural Development
Mprenpren
Bere
7 January 2021
Ne ho asɛm
Awo bere
Martin Kwaku Adjei-Mensah Korsah

12 April 1978 (1978-04-12) (age 46)
Techiman, Ghana
Ne manGhanaian
AmanyɔkuoNew Patriotic Party
N'adwumaPolitician
N'adwumaBasic school coordinator
CommitteesHouse committee; Foreign Affairs Committee

Isaac Adjei Mensah yɛ Ghana amammuifoɔ na ɔyɛ Ghana Ɔmanpanin a ɛtɔ so nnan Mmarahyɛ Bagua a ɛtɔ so nson no muni a ɔgyina Wassa Apueeɛ Mantam a ɛwɔ Atɔeɛ Mantam no ananmu wɔ National Democratic Congress tekiti so.[1]

Abrabɔ Ashasiɛ ni Adesua[sesa]

Wɔwoo Isaac Adjei Mensah wɔ Yawda 26 Oforisuo 1963. Ɔfiri Dompim Number 1, kuro bi a ɛwɔ Ghana Atɔeɛ Mantam mu. Ɔkɔɔ Ghana Suapɔn mu wɔ afe 1988 mu na onyaa ne bachelor’s degree wɔ Sociology mu wɔ afe 1991. Akyiri yi ɔkɔɔ Tromsø Suapɔn, Norway wɔ afe 1992 mu kɔyɛɛ n’adesua akyi adesua. Ɔwiee sukuu wɔ afe 1997 mu a na ɔwɔ ne MBA wɔ Ɔmanfoɔ Nhyehyɛeɛ mu.[1][2] [3] [4]

Adwuma[sesa]

Ansa na ɔrekɔ amammuisɛm mu no, na Isaac yɛ Ɔmantam Nnipa Nnwuma sohwɛfoɔ wɔ Newmont Ghana Limited firi afe 2006 kɔsi afe 2012.[1][3]

Amanyɔsɛm[sesa]

Isaac Adjei Mensah yɛ Ɔman Demokrasi Mmarahyɛ Bagua (NDC) no muni.[2]Wɔ afe 2012 mu no, ɔsii akan maa Wassa Apueeɛ nkongua no wɔ NDC tekiti so na ɔdii nkonim. Wɔsan paw no bio wɔ afe 2016 mu sɛ ɔmmɛgyina amansin no ananmu wɔ aban a ɛtɔ so nnan no mmarahyɛ bagua a ɛtɔ so nson no mu. Wɔ mmarahyɛ bagua mu no wasom wɔ boayikuw ahorow mu, a emu bi ne; Nhomasua Boayikuw, Fie Boayikuw ne Budget Boayikuw Titiriw.[1][3]

Ankorankoro asetra[sesa]

Ɔwaree na ɔwɔ mma baanum na ɔkyerɛ sɛ ɔyɛ Kristoni na ɔyɛ Pentekoste Asɔre no muni.[1][2][3][4]

Bɛbia Mmoa Efiri[sesa]

  1. 1.0 1.1 1.2 1.3 1.4 MPs (in American English), retrieved 2023-10-03
  2. 2.0 2.1 2.2 Parliament of Ghana, retrieved 2023-10-03
  3. 3.0 3.1 3.2 3.3 "Isaac Adjei Mensah", Wikipedia (in English), 2023-07-19, retrieved 2023-10-03
  4. 4.0 4.1 "Isaac Adjei Mensah", Wikipedia (in English), 2023-07-19, retrieved 2023-10-03