Adanwomase

Ɛfi Wikipedia
Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔ Asante kasa mu

Adanwomase  yε kuro a εwɔ Kwabre Atɔeε Mansini mu wɔ Asante Mantam mu. Kuro yi yε kwansin bεyε 17 firi Kumase. Adanwomase di akotene se yεreka nkuro a wonwene Kente te sε Bonwire ne Sakora Wonoo. Adanwoamse  yε kwansini mmienu firi Bonwire. Saa Kuro yi so nso na Adanwomase Ntoaso Sukuu wɔ.[1] [2]

Abakɔsεm[sesa]

Wɔ afe 1697, the Asantehene paa n'ahenfo no mu baako a na ɔyε Akyεmpenhene sε ɔnyi nipa firi  Adanwomase, Asotwe, Bonwire, ne Wonoo  wɔnkɔ Botuku kuro ketewa bi a εben Abigyan  na wɔnkɔ sua ntomasinii nwene.Wɔn baa wɔn nkyi no womaa wɔn nsaasawa sε wɔnfa nwene paatan bi a  wɔkyerε wɔn no.Saa paatan wei no na ɔferε no  Sesea no wei ne ntoma a εdi kan a  wɔn nwenee maa Asantehene. Saa sesea εbi si nε εda  wɔ Adanwomase.

Fitii berε a wɔn a wɔkɔɔ Bontuku baa no, Adanowmase bεyεε adehye kuro se εba no Kente nwono a. Saa nkurofo fitti  bεnewne kente maa Asantehene. Akyiri no wɔhyεε aseε nwene kente yi wɔ ahasuo ahodoɔ bebree mu  maa  wɔn nnafonom ne wɔn abususfo. Wei na maa kente behyetaa mmea bebree so. 

Nnεmerεmu  kentenwene[sesa]

Teodora yεkyerε a εkyerε of obi a ɔnwene  Akan Kente wɔ Adanwomase .

Nhwehwεmu[sesa]

  1. {{cite web}}: Empty citation (help)
  2. {{cite web}}: Empty citation (help)