Abraham Kofi Asante

Ɛfi Wikipedia
Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔ Asante kasa mu
Hon.
Abraham Kofi Asante
OdikanfoJoseph King Amankpah
AnanmusiniJohn Gyetuah
Member of Parliament for Amenfi West Constituency
Bere
7 January 2001 – 6 January 2005
ƆmanpanyinJohn Kufuor
Ne ho asɛm
Ne manGhanaGhana 
AmanyɔkuoNew Patriotic Party
Sukuu a w'akɔKwame Nkrumah University of Science and Technology, University of Ghana, Ghana Telecommunication University College
N'adwumaAdministrator

Abraham Kofi Asante yɛ Ghanani amanyɔni a na ɔyɛ mmarahyɛbadwani wɔ mmarahyɛbadwafie a na ɛtɔ so mmienu ne mmiɛnsa wɔ Ghana Adehyeman a ɛtɔ so nnan mu.[1] Na ɔyɛ mmarahyɛbadwani ma Amenfi West mpasua no wɔ Atoeɛ mantam a na ogyina mu ma Kyiniiɛ amanyɔkuo no (NDC) wɔ Ghana.[2]

Abrabɔ ahyeaseɛ ne sukuu[sesa]

Asante kɔɔ ne ntoasoɔ sukuu wɔ Kwame Nkrumah University of Science and Technology Suapɔn. Onyaa abɔdini krataa wɔ 'Bachelor of Science degree in chemistry' mu wɔ suapɔn korɔ no ara mu. Ɔsane nso kɔɔ University of Ghana suapɔn ɛhɔ na ɔkɔ nyaa abɔdin krataa a brɔfo kasa mu yɛfrɛ no 'Master of Business Administration'. Afei nso ɔsan kɔ nyaa abɔdin krataa a yɛfrɛ no Master of Science wɔ brɔfo kasa mu wɔ Ghana Telecom University College suapɔn.

Amanyɔsɛm[sesa]

Asante kɔɔ mmarahyɛbadwafie a na ɛtɔ so mmiɛnsa wɔ Ghana Adehyeman a ɛtɔ so nnan mu. Na Ɔyɛ Kyiniiɛ amanyɔkuo ananmusini ma Amenfi West mpasua wɔ Atoeɛ mantam wɔ Ghana. N'amanyɔkuo abrabɔ no hyɛɛ aseɛ firii ɛbrɛ a onyaa afe apem aha-nkron aduokron nsia (1996) abatoɔ kɛseɛ no maa NDC amanyɔkuo no. Onyaa mma 16,085 firii 24,396 a ɛkyerɛ ɔha nkyekyemu 46.70%. Onyaa mma no kyɛn deɛ ɔne no sii akan a yɛfrɛ no Owura Samuel Alberto Tekyi a ɔno nso nyaa mma 8,311

Beaɛ a me nyaa mmoa firiiɛ[sesa]

  1. https://ghanaelections.peacefmonline.com/pages/2000/western/212/
  2. https://ghanaelections.peacefmonline.com/pages/2000/western/index.php