Jump to content

Ɛkorɔ

Ɛfi Wikipedia
Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔ Asante kasa mu
Specialty Dermatology
Causes Malassezia globosa, Malassezia furfur
Tinea Versicolor

Ɛkorɔ(a ɛsan yɛ pityriasis vericolor)yɛ yareɛ a sɛ ɛba wedeɛ no ani a,ɛtrɛ wura wedeɛ no mu.Ɛkorɔ a adɔɔso no,mmoawa Malassezia globosa na ɛde ba,ɛwɔ mu sɛ Malassezia furfur de deɛ ɛnɔɔso no ba.[1][2]Saa nyarewa yi taa si nipa wedeɛ ani,na ɛbɛyɛ hu wɔ tebea bi mu,sɛ ebia atenaeɛ a ɛhɔ yɛ hye,ɛwɔ mu saa tebea yi ankasa a ɛde yareɛ no ba no wontumi nte aseɛ.[3] Wɔdii kan hunuu ɛkorɔ wɔ afe apem ahanwɔtwe ne aduanansia(1846).[4]Versicolor firi Latin versare "sesa"+ ahosuo.[5]

Wɔtaa frɛ no sɛ Peter Elam yareɛ wɔ Asia anaafoɔ fa mu.[6]

Nsɛnkyerɛnne Ne Mpopoeɛ[sesa]

Ɛho mpopoeɛ no bi ne:

  • Wedeɛ no ani a ɛbɛsesa na ayɛ te sɛ ɛreworɔ no.
    Pityriasis versicolor commonly causes hypopigmentation in people with dark skin tones
  • Hoyaa,tuntum,anaa ahosuo no bɛsesa ayɛ kɔkɔɔ a ɛbɛtumi asane ayɛ tumm sɛ hyew de nipa no boro so a,sɛ ebia woredware nsuo a ɛyɛ hye anaa hyew a wobɛhunu berɛ a worebɛtentene anaa sɛ woatentene wo mpɔ mu awie no.Sɛ awia bɔ wedeɛ no so saa a,ɛma faako a yareɛ no ayɛ no,ne baabi a ɛbɛn no bɛyɛ tumm pa ara.[7]
Pityriasis versicolor in a man and electron micrograph of his skin showing round Malassezia spores (S
  • Ɛkorɔ taa si wɔ atenaeɛ a ɛhɔ yɛ hye pa ara,anaa nso wɔn a mfifire te wɔn pa ara,ɛno nti sɛ ɛduru saa berɛ no biara a ɛsi.[8]
  • Mpɛn pii no wɔde afidie microscope na ɛhunu mmoawa no,a wɔnya biribi a n’ahosuo no te sɛ "spaghetti ne meatball"sɛdeɛ mmoawa no de nneɛma binom ba no.[9]
  • Nnipa a wɔn wedeɛ no yɛ tuntum no,wɔn wedeɛ ani no sesa,sɛ ebia hypopigmentation(ahosuo yera)nyɛ na koraa, na wɔn nso a wɔn wedeɛ no yɛ kɔkɔɔ kakra no,hyperpigmentation(wedeɛ no ahosuo kɔ soro)nyɛ na koraa.Ɛfiri sɛ wedeɛ a anya yareɛ no bi no ani yɛ den kyɛn deɛ yareɛ no bi nni so no,na ɛma wedeɛ no ani yɛ tumm,wɔtaa de asɛmfua "sun fungus"na ɛkyerɛ.[10][11]

Patofisiolɔgyi[sesa]

Wɔ ɛkorɔ ahodoɔ a Malassezia furfur de ba no,wedeɛ no ani bɛyɛ kɔkɔɔ ɛsiane fungus nsuden(azelaic acid) a ɛde ba no nti,na ɛwɔ nsunsuansoɔ bi te sɛ deɛ worepɔ wedeɛ no ani no.[12]

Yareɛ No Ho Nhwehwɛmu[sesa]

Tinea versicolor fluorescence under Wood's lamp

Wɔtumi de potassium hydroxide(KOH)hwɛ ɛkorɔ na kuro tumi sesa yɛ copper-orange sɛ wɔde kyerɛ kanea dua so a(UV-A light).[13]Ɛkorɔ ho ayarehwɛ ahodoɔ no bi ne:

Ayarehwɛ[sesa]

Ɛkorɔ ho ayarehwɛ na ɛdidisoɔ yi;

Nnuro a wɔtaa gye to mu pa ara ne Topical antifungal a selenium sulfide wɔ mu.[14]Ayarehwɛ foforɔ nso ne ketoconazole(a ɛyɛ Nizoral ointment ne shampoo).Wɔtaa de yɛ wedeɛ a aho so, na sima aduonu akyi no na wɔahohoro,wɔyɛ no dabiara bɛyɛ nnawɔtwe mmienu.Ciclopirox(ciclopirox olamine)nso yɛ ɔkwan foforɔ a wɔde hwɛ ketoconazole,sɛdeɛ ɛntumi mma Malassezia furfur mmoawa no nnyini.Deɛ ɛdi kan a ɛfiri mu baeɛ no kyerɛ sɛ ɛne ketoconazole sesɛ na ɛma ɛho mpopoeɛ no so te ɛsiane ne anti-inflammatory a ɛwɔ ne mu no nti.Nnuro ahodoɔ bi te sɛ clotrimazole,miconazole,terbinafine,anaa zinc pyrothione nso tumi ma ɛho mpopoeɛ no so te wɔ wɔn a wɔanya bi no so.[15]Bio,hydrogen peroxide nso tumi te ɛho mpopoeɛ no so,na ɛduru berɛ bi a,ɛyi saa haw no firi hɔ,ɛwɔ mu kɔtwa a ankɔ bio wɔ nnipa binom so no faa saa ayarehwɛ yi mu.Wɔka Clotrimazole ne selenium sulfide bɔ mu de sa yareɛ yi.

Ɛpidɛmiolɔgyi[sesa]

Saa wedeɛ ani yareɛ yi nya mmabunu ne mpaninfoɔ nyinaa,ɛnkanka wɔ ɔhyew berɛ mu.Mmoawa no didi wɔ nsuo a ɛwɔ wedeɛ no ani no(lipids),ne wedeɛ a awu nso.Ɛtaa nya nnipa a wɔwɔ seborrheic dermatitis,dandruff,ne hyperhidrosis.

Beaeɛ A Menyaa Mmoa Firiiɛ[sesa]

  1. N. Morishita, Y. Sei (2006-12), "Microreview of Pityriasis versicolor and Malassezia species", Mycopathologia, vol. 162, no. 6, pp. 373–376, doi:10.1007/s11046-006-0081-2, ISSN 0301-486X, PMID 17146580, retrieved 2024-07-01 {{citation}}: Check date values in: |date= (help)
  2. Asja Prohic, Ladislav Ozegovic (2007-01), "Malassezia species isolated from lesional and non-lesional skin in patients with pityriasis versicolor", Mycoses, vol. 50, no. 1, pp. 58–63, doi:10.1111/j.1439-0507.2006.01310.x, ISSN 0933-7407, PMID 17302750, retrieved 2024-07-01 {{citation}}: Check date values in: |date= (help)
  3. N. Morishita, Y. Sei (2006-12), "Microreview of Pityriasis versicolor and Malassezia species", Mycopathologia, vol. 162, no. 6, pp. 373–376, doi:10.1007/s11046-006-0081-2, ISSN 0301-486X, PMID 17146580, retrieved 2024-07-01 {{citation}}: Check date values in: |date= (help)
  4. 2003-69-4 (in American English), retrieved 2024-07-01
  5. Dictionary.com | Meanings & Definitions of English Words (in English), retrieved 2024-07-01
  6. Ankita Kaushik, Hyacinth P. Pinto, Ramesh M. Bhat, D. Sukumar, M. K. Srinath (2014), "A study of the prevalence and precipitating factors of pruritus in pityriasis versicolor", Indian Dermatology Online Journal, vol. 5, no. 2, pp. 223–224, doi:10.4103/2229-5178.131141, ISSN 2229-5178, PMC 4030364, PMID 24860771, retrieved 2024-07-01{{citation}}: CS1 maint: multiple names: authors list (link)
  7. What to Avoid When Treating Tinea Versicolor, 2013-07-27, archived from the original on 2013-07-27, retrieved 2024-07-01
  8. DermNet® - Pityriasis versicolor. Tinea versicolor (in English), 2023-10-26, retrieved 2024-07-01
  9. Adolescent Health Curriculum - Medical Problems - Dermatology - Papulosquamous Lesions (B4), 2008-11-28, archived from the original on 2008-11-28, retrieved 2024-07-01
  10. Tioconazole (Topical Route) Description and Brand Names - Mayo Clinic, retrieved 2024-07-01
  11. Articles (in American English), archived from the original on 2020-05-30, retrieved 2024-07-01
  12. Jay C. Vary (2015-11), "Selected Disorders of Skin Appendages--Acne, Alopecia, Hyperhidrosis", The Medical Clinics of North America, vol. 99, no. 6, pp. 1195–1211, doi:10.1016/j.mcna.2015.07.003, ISSN 1557-9859, PMID 26476248, retrieved 2024-07-01 {{citation}}: Check date values in: |date= (help)
  13. Lincoln P. Likness (2011-06-01), "Common Dermatologic Infections in Athletes and Return-to-Play Guidelines", Journal of Osteopathic Medicine (in English), vol. 111, no. 6, pp. 373–379, doi:10.7556/jaoa.2011.111.6.373, ISSN 2702-3648, retrieved 2024-07-01
  14. Lincoln P. Likness (2011-06), "Common dermatologic infections in athletes and return-to-play guidelines", The Journal of the American Osteopathic Association, vol. 111, no. 6, pp. 373–379, doi:10.7556/jaoa.2011.111.6.373, ISSN 1945-1997, PMID 21771922, retrieved 2024-07-01 {{citation}}: Check date values in: |date= (help)
  15. J. Faergemann (2000), "Management of seborrheic dermatitis and pityriasis versicolor", American Journal of Clinical Dermatology, vol. 1, no. 2, pp. 75–80, doi:10.2165/00128071-200001020-00001, ISSN 1175-0561, PMID 11702314, retrieved 2024-07-01