Ɛdɔm Kumaa Panin

Ɛfi Wikipedia
Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔ Asante kasa mu

Ɛwɔ Ɔman United State America Amanyɔsɛm mu ne aman a aka wɔde Ɔmanpanin akondwa di dwuma no, Ɛdɔm Kumaa Panin (About this soundpronounciation of "Ɛdɔm Kumaa Panin" ) no ne baanodani de ma mmrahyɛbadwafoɔ a wɔn dodoɔ no nte sɛ deɛ ɛdi kan nu.[1] Sɛ yɛhwɛ sɛdeɛ United State Amanyɔsɛm no yɛ amanyɔkuo mmienu akansie no a Dɔm kumaa panin no bɛtumi afiri manyɔkuo Republican anaa sɛ Democrat mu. Dɔm kumaa diberɛ bɛtumi ayɛ sɛdeɛ amanyɔkuo a wɔnni aban mu wɔ Mmrahyɛbadwafie a wɔde bu ɔman amammuo no teɛ no. Ɛwɔ mmrahyɛbadwafie mmienu mu no, deɛ ɔka Dɔm- kumaa no ho wɔ mmrahyɛbadwafie ketewa no ho ne Mmrahyɛbadwafie Kyeamehene ɛna Dɔm Kɛseɛ Panin no ne diberɛ a ɛso wɔ Dɔm kɛseɛ fa hɔ. Ɛnte sɛ Mmrahyɛbadwafie ketewa no, mmrahyɛbadwafie kɛseɛ no Kyeamehene no wɔto aba yi no soronko sɛ ebia Ɔbia ɔka Adupre anaa Wiemhyɛn anaa ɔnipa tititre bi.

Dɔm Kumaa Panin deɛ ɔtaa boa no dwumadie mu no ne Nipa baako anaa mmienu a wɔ hwɛ ma pɛpɛɛpɛyɛ ne abatoɔ kɔ so wɔ Dɔm kumaa no afa na wɔsane hwɛ sɛ Dɔm kumaa mu mmrahyɛbadwafoɔ anto aba no antia amanyɔkuo no mmpaninfoɔ. Abatoɔ no bi yɛ deɛ ɛho hia pa ara a ɛbɛtumi de asotweɛ aberɛ nnipa a wanni amanyɔkuo no nhyehyeɛ ; sɛ ebia wɔnto aba nyi obi mfiri kuo bi ho wɔ mmrahyɛbadwafie. Saa agyinaeɛ no Dɔm kumaa Panin no ne amanyɔkuo no mu mpaninfoɔ bi na ɛsie.

Ɛwɔ ɔman a Ɔmanpanin diberɛ no ne mmrahyɛbadwafie mmienu no nyinaa hyɛ amanyɔkuo foforɔ ase no, Dɔm kumaa Panin a wɔ mmrahyɛbadwafie baako mu a ɛtaa yɛ mmrahyɛbadwafie kɛseɛ no wɔntumi hunu no sɛ Ɔpanin pa ara ɔwɔ amanyɔkuo ni mu ɛwɔ saa Ɔman ni mu sɛ ɛba amammuo nsɛm ho.

Beaeɛ a menyaa mmoa firiiɛ[sesa]

  1. "U.S. Senate: Reference Home > Glossary > floor leaders". United States Senate. Retrieved March 20, 2008