Juliana Dogbadzi

Ɛfi Wikipedia
Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔ Asante kasa mu
Juliana Dogbadzi
nnipa
bɔbeasufemale Sesa
ɔman a ofiri muGhana Sesa
din a wɔde ama noJuliana Sesa
abusua dinDogbadzi Sesa
da a wɔwoo no20. century Sesa
beae a wɔwoo noAdidome Sesa
languages spoken, written or signedEwe Sesa
n'adwumahuman rights activist Sesa
award receivedReebok Human Rights Award Sesa

JJuliana Dogbadzi yɛ  Ghana nii ba a ɔyɛ nnipa ahobanbɔ adwuma, afei nso w'asom wɔ abosomfie pɛn ɛnam abusuanii bi bɔnee a w'ayɛ nti, wɔ brɔfo kasa mu no yɛferɛ no "Trokosi", ɛnɛei ɔbɔ dawuro tia saa ayakayakade3 wei a yɛ hyɛ mmaayewa nketewa a wɔn yɛ mmaabunu ketee sɛ  wɔn nkɔ yɛ adwuma dene ntua abusuanii bɔne ka.. W'ate ankorankorɛ adwumakuo ne "International needs Ghana" a wɔn yɛ adwuma dene sɛ ɔbɛyi mmaayewa yi afiri saa ɔsom yi mu.

      Akorankorɛ adwumakuo no aboa ama mmaayewa bɛɛ apem na anya wɔn faahodie afiri abosomfie du-num mu.

Wɔ afe apem aha- nkron aduokron nkrom (1999) mu no, ɔgyee abasobɔdeɛ a yɛferɛ no "Reebok Human Rights Awards".

Ne ho asɛm[sesa]

Ɔnyaa mfeɛ nson no, n'awofoɔ de no kɔɔ abosomfie sɛ ɔnkɔ som ntua ne nana bɛrema bone a w'ayɛ no ka , ɛwɔ "Trojan amamerɛ mu. Wɔn maa no gyidii sɛɛ, sɛ ɔkɔsom wɔ abosomfie hɔ a ɛbɛboa ama ayi  ɔhaw ne amaneɛ biaa afiri n'abusuafoɔ so.

Ɔsom se abaawa mfie du-nson wɔ abosomfie hɔ wɔ ɛkɔm mu, adwuma dene mu, ɛborɔ mu na afei nso wɔn aamma no ankɔ sukuu, ɔdii mfie du-mmienu no ɔkɔmfo panin a w'adi mfie aduokron too no mɔnaa maa ɔnyinsɛn ne ba a ɛdi kan.

Ɔdii mfie aduonu-num no ɔdwane kɔ hyɛɛ dawubɔ a ɛko tia saa ayakayakadeɛ amamerɛ wei a afei abɛyɛ asɛm a ɛda ɛpono so a yɛɛpɛnsɛnpɛnsɛn mu wɔ Ghana man mu.

W'ate ankorankorɛ adwumakuo a brɔfo kasa mu no yeferɛ no " non-profit organization" ne "International needs Ghana", a ɛyɛ adwuma yi saa mmaayewa yi firi nkoasom no mu. Ɛnam saa adwumakuo yi so ama mmaayewa bɛɛ apem na anya wɔn faahodie afiri abosomfie bɛɛ du-num mu. Wɔ afe apem aha-nkron aduokron nkron (1999) mu no, ɔgyee "Reebok Human Rights" abasobɔdeɛ.