Alfred Ladzekpo

Ɛfi Wikipedia

Alfred Ladzekpo (wɔwoo no wɔ afeha a ɛtɔ so aduonu) yɛ Afrika Atɔeɛ Fam nnwom ne asa kyerɛkyerɛfoɔ a wakɔ pɛnhyen a ɔbɔ sankuo.[1][2]

Mfitiaseɛ Abrabɔ ne ne Nwomasua[sesa]

Ladzepko na n’agya Kofi Ladzekpo ne ne nuabarima panin Husunu Ladzekpo na wɔde Ewefo sankubɔ adwinni no kyerɛɛ no. Bere a odii mfe dumiɛnsa no, na ɔyɛ wɔn a wɔhyehyɛɛ nnwom ne asaw kuw Lashibi Agahu no mu biako.[3] Wɔ afe 1957 mu no, ɔhyehyɛɛ nnwontofo kuw bi wɔ Anlo Awoame Fia Sukuu mu, akyiri yi na ɔyɛ sankubɔfo ma Gbeho Nhwehwɛmu Kuo, Uhuru Asaw Kuw ne Ɔman Asa Kuo a ɛwɔ Nkran.[1][3]

Wɔ 1969 mu no, Ladzepko kyere Afrika nnwom wɔ New York. Ɔsuaa nsɛm ho amanneɛbɔ wɔ California State University, Northridge kosii 1974. Akyiri yi ɔmaa agoru ahorow, nnwom ho adesua ne asaw ho adesua wɔ Israel. Efiri 1994 no wakyerɛ ade wɔ nnwom adesuabea wɔ Pomona College.[4] Ɔsuaa adeɛ mfeɛ mmiɛnsa wɔ Columbia Suapɔn mu, faako a ɔkyerɛɛ nhyiamu a ɛfa Afrika nnwom ne Afrika asaw ho, na ɔyɛ Afrika Nnwom ne Asaw Dwumadie no kwankyerɛfoɔ yɔnko wɔ California Institute of the Arts (CalArts). Ɔkyerɛw Afrika nnwom abiɛsa, a nnansa yi ara FeFe, nnwom, asaw ne agoruhwɛbea ka ho.[1]

Adwumayɛ[sesa]

Ɔyɛɛ ɔkyerɛkyerɛfo mfe 41. Ɔakyerɛw nsɛm a ɛfa Afrika nnwom ne asaw ho firi afe 1980 kɔsi afe 2012 a wayɛ adwuma 19 wɔ nwoma 23 mu wɔ kasa 2 mu.[5] Wayɛ nnwom dodoɔ no ara wɔ united states apuei fam ne saa ara nso wɔ Ghana, na ɔmaa ɔkasa-ɔyɛkyerɛ, ɔyɛkyerɛ na ɔkyerɛɛ nnwom ne asa adwumayɛbea ahodoɔ wɔ Israel ne united states apueeɛ fam.[6]

N'ankasa Abrabɔ[sesa]

Ɔwɔ Ghana fi afe 1966. Na ɔyɛ Afrika nnwom ne asaw nhyehyɛe no kwankyerɛfo panyin na na ɔyɛ sankubɔfo panyin a ne ho akokwaw wɔ Cal Arts. Ɔayɛ sankubɔfoɔ a ɔdi kan ama wɔ Accra, Ghana ama Uhuru Dance Band, Ghebo Research group ne National Dance Company. Ɔkyerɛɛ Afrika nnwom ne asaw wɔ Columbia Sukuupɔn mu bɛyɛ mfe anan. Na ɔyɛ Afrikani sankubɔ kyerɛkyerɛfo wɔ Amerika sukuupɔn bi a wɔfrɛ no Cal Arts fi 1970.[7]

Akwantuo[sesa]

Ɔkɔɔ amanaman ntam ɔkasa a edi kan a wɔyɛe wɔ 1992 mu wɔ Amsterdam a ɛfa wiase nnwom nkyerɛkyerɛ ho. Ɔkyeree Afrikafo asaw ne Agumadi ahorow wɔ 1969 mu wɔ New york.[4]

Akwankɔgya[sesa]

Wɔyɛɛ n'akwankɔgya som no wɔ Cal Arts World nnwom ne Asaw Afahyɛ ase . Ɔkɔɔ pɛnhyen wɔ bosome mmienu no awieeɛ berɛ a ɔkyerɛɛ adeɛ mfeɛ aduanan baako wɔ Cal Arts Institute.[8]

Baabi A Menyaa Mmoa Firiiɛ[sesa]

  1. 1.0 1.1 1.2 "Alfred Ladzekpo", Wikipedia (in German), 2023-05-27, retrieved 2023-11-27
  2. Alfred Ladzekpo (in English), 2021-10-05, retrieved 2023-11-27
  3. 3.0 3.1 Alfred Ladzekpo: Co-Director of the African Music & Dance Program at Cal Arts (in English), retrieved 2023-11-27
  4. 4.0 4.1 Alfred Ladzekpo: Co-Director of the African Music & Dance Program at Cal Arts (in English), retrieved 2023-11-27
  5. Alfred Ladzekpo, retrieved 2023-11-27
  6. Alfred Ladzekpo: Co-Director of the African Music & Dance Program at Cal Arts (in English), retrieved 2023-11-27
  7. Drumming – African Presences I: Music in Africa (in American English), retrieved 2023-11-27
  8. CalArts Magazine Spring/Summer 2011 by California Institute of the Arts - Issuu (in English), 2011-06-15, retrieved 2023-11-27