Burma Camp

Ɛfi Wikipedia
Burma Camp walls

Burma Camp yɛ Ghana Asrafoɔ nyinaa wɔn ti tena bea anaa sɛ Asoeɛ kɛseɛ mu.[1] Burma Camp yɛ bea bi ɛyɛ Ghana asrafoɔ anaa sɛ asojafoɔ a wɔn bɔ Ghana ho bae no wɔn asoeɛ kɛseɛ mu. Burma Camp wɔ Nkran opuni mantan mu. Ɛho nyɛ asoeɛ kɛseɛ nkoaa anaasɛ bea wɔn di wɔ dwuma nkoaa na ɛmom asrafoɔ a ɛwɔ nkran ha no ɛho na wɔn teɛ.[2] Camp yɛ beaeɛ bi a ɛhɔ dwoɔ na wɔn gyee din bɔne wɔ aban ntuguo mmrɛ no mu. saa mmrɛ no mu na ɛsuro bi wɔ hɔ sɛ obi nnyɛ ɔsraani na owura Camp no mu a ebia na w'amma biom.[3] Na ɛhɔ yɛ beaeɛ na wɔn di akoo wɔ afe apem ahankron ne aduoson nkron (1979) coup anaa sɛ aban ntuguo a ɛde Owura John Jerry Rawlings bɛ sii Ghana aban nwa keseɛ no so sɛ Ghana ɔman panin no. Wɔn bue Camp ano wɔ afe apem ahankron ne aduonum nson (1957). Adesua mbeaeɛ anaa sɛ sukuul bɛ yɛ sɛ aduonu nan (24) na ɛwɔ Burma Camp na nipa dodoɔ bɛ boro mpem aduanan ahanson ne dummienu na ɛwɔ Burma Camp.[4]

Asrafoɔ nwumakuo asoeɛ a ɛwɔ camp[sesa]

Nwumakuo ahodoɔ mmiensa na ɛhyɛ Ghana asrafoɔ ne Ghana banbɔfoɔ adwumakuo no ase a wɔn ti tenabea anaa sɛ wɔn asoeɛ wɔ Burma Camp. Adwumakuo a yɛka wɔn bom na ɛbɛ yɛ adwumakuo a yɛ frɛ wɔn sɛ Ghana Armed Forces and Ministry of Defence ɛyɛ Ghana asrafoɔ ne banbɔfoɔ adwumakuo no yɛ Ghana Army (GA), Ghana Air Force (GAF) ɛne Ghana Nevy(GN).[5]Ghana Army yɛ Ghana asrafoɔ no adwumakuo nkurabata a ɔko bɔ Ghana ho bae wɔ asaseso afam.[5]Ghana Air Force nso yɛ Ghana asrafoɔ no adwumakuo nkurabata a wɔnso ko bɔ Ghana ho ban wɔ Ghana ɛwiem afam ɛne Ghana Nevy a wɔnso yɛ asrafoɔ no nkurabata a wɔnso ɛko bɔ Ghana ho ban wɔ Ghana nsu so afam.

Agodibea ahodoɔ a ɛwɔ Camp[sesa]

Agodibea ahodoɔ wɔ Burma Camp a ɛhɔ na asrafoɔ no nyinaa si akae de ahodoɔ no nyinaa bi de gye wɔn ani. Agodibea no mu baako ne Nicholson sport stadium a ɛhɔ na asrafoɔ no nyinaa bom si akae bi tesɛ bɔlbɔ, mmerikatuo, long jump, high jump ɛne deɛ ekeka ho.[6] Wɔ sanso wɔ volleyball court, hand ball park ɛne basketball court wɔ bea wɔ frɛ wɔ sɛ supply. Wɔ sanso wɔ baabi a wɔ frɛ ho Sports Comple a ɛhɔ nso yɛ beaeɛ bi ɔwɔ agodibea ahodoɔ no nyinaa bi wɔ hɔ.[7][8][9]

bea me nyaa mmoa firiiɛ[sesa]

  1. https://web.archive.org/web/20110721031206/http://www.gaf.mil.gh/
  2. Archive copy, archived from the original on 2023-03-11, retrieved 2024-05-29{{citation}}: CS1 maint: archived copy as title (link)
  3. Teri McConville et al, 'Defence Management, The Structural Underpinning of Democracy: A Case Study from Africa,' 11.
  4. https://www.ghanapeacejournal.com/new-gaf-education-director-assumes-office/
  5. 5.0 5.1 https://gafonline.mil.gh/
  6. https://moovitapp.com/index/en/public_transit-Nicholson_Park-Accra-site_204912038-5501
  7. https://cititvonline.com/tag/burma-camp-sports-complex/
  8. https://citinewsroom.com/2023/07/citi-tvs-national-swimming-championship-underway-at-burma-camp-sports-complex/#google_vignette
  9. https://gafonline.mil.gh/news/emetts-holds-inter-platoon-sports-competition