Nana Akufo-Addo

Ɛfi Wikipedia

Ghana mampanin ho asɛm a wɔatwerɛ no wɔ Asante Twi kasa mu[1]

Nana Akufo Addo
nnipa
bɔbeasumale Sesa
country of citizenshipGhana Sesa
name in native languageNana Addo Dankwa Akufo-Addo Sesa
given nameNana Sesa
family nameAddo Sesa
date of birth29 Ɔbɛnem 1944 Sesa
beae a wɔwoo noNkran Sesa
agyaEdwɛd Akufo Addo Sesa
spouseRebecca Akufo-Addo Sesa
childValerie Obaze, Gyankroma Akufo-Addo, Adriana Dukua Akufo-Addo, Edwina Nana Dokua Akufo-Addo, Yeboakua Akufo-Addo Sesa
relativeJacob Hackenburg Griffiths-Randolph, Kɛnɛt Ofori-Atta Sesa
native languageTwi Sesa
languages spoken, written or signedTwi, Ga, English, French Sesa
occupationdiplomat, lawyer, Amanyɔni Sesa
field of workeconomy Sesa
educated atNew College, University of Ghana, Lancing College, City, University of London, Holmewood House School Sesa
work locationNkran Sesa
affiliation stringPresident of the Republic of Ghana Sesa
member of political partyNew Patriotic Party Sesa
candidacy in election2016 Ghanaian presidential election, 2008 Ghanaian general election, 2012 Ghanaian general election, 2020 Ghanaian general election Sesa
religion or worldviewPresbyterianism Sesa
participant inWorld Economic Forum Annual Meeting 2020 Sesa
member ofEconomic Community of West African States Sesa
interested ineconomy, jurisprudence Sesa
Ghana Place Names URLhttps://sites.google.com/site/ghanaplacenames/places-in-perspective/birthplaces#h.he9odspcr1x2 Sesa

William Addo Dankwa Akufo-Addo a wɔwoo no wɔ Ɔbenem bosome da a ɛtɔ so aduonu nkron wɔ afe apem aha-nkron aduanan nan mu no yɛ amanyɔni.[2][3] Ɔyɛ mprempren yi Ghana Mampanin. Wadi mampanin firi Ɔpɛpɔn bosome mfeɛ mpem mmienu ne du-nson (2017).[4][5][6] Ɔdii kan somm sɛ Attorney General firi mfeɛ mpem mmienu ne baako kɔsii mfeɛ mpem mmienu ne mmiɛnsa ɛnna ɔsane yɛɛ ɔman soafoɔ a ɔhwɛ amanɔne nsɛm so firi mfeɛ mpem mmienu ne mmiɛnsa kɔsii mfeɛ mpem mmienu ne nson wɔ Kuffor berɛ so na na ɔsane yɛ ɔsoafoɔ a ɔhwɛ amanaman ntam nkitahodie so (minister of Foreign Affairs).[3] Seesei ɔredi ne berɛ a ɛtɔ so mmienu sɛ dwamtenani ma Afrika apueɛ fam kuo a wɔfrɛ no Economic Community of West African States (ECOWAS).[7]

Nana Addo dii kan kɔperee Ghana mampanin akonwa no wɔ mfeɛ mpem mmienu ne nwɔtwe ɛne mfeɛ mpem mmienu ne du-mmienu, ne mmienu nyinaa sɛ New Patriotic Party (NPP), nanso National Democratic Congressni John Evans Atta Mills a ɔgyinaeɛ maa wɔn no dii ne so nkunim wɔ mfeɛ mpem mmienu ne nwɔtwe mu (2008), ɛnna John Dramani Mahama nso bɛdii so mfeɛ mpem mmienu ne du-mmienu berɛ a John Evans Atta Mills wuiɛ no.

Berɛ a afe 2012 abatoɔ no baa n`awieeɛ no, Nana Addo annye abatoɔ no mu nsunsuansoɔ (election result) no antom nti ɔde asɛm no kɔdanee Ghana asɛnnibea kunini no (supreme court), nanso berɛ a asɛnnibea kunini no hwehwɛɛ asɛm no mu no, wɔde too dwa sɛ nkonim a amanyɔkuo NDC a ɔpanin John Dramani Mahama di wɔn anim no diiɛ no yɛ nokorɛ.[8][9][10]

Afei ne mprɛnsa so no, amanyɔkuo New Patriotic Party(NPP) sane yii Nana Addo dii wɔn anim sɛ ɔnkɔpere ɔmanpanin adwa no bio wɔ afe 2016 Ghanafoɔ abatoɔ no mu. Saa berɛ yi deɛ, ɔde ɔmampanin a na ɔte soɔ, John Mahama akyi kaa fam (mma dodoɔ a ɔde dii nkonim no yɛ ɔha mu nkyekyɛm aduonum mmiɛnsa ne akyiripɔ aduowɔtwe nnum(53.85%). Sɛ wode saa nkonim yi toto abatoɔ ahodoɔ a Ghanafoɔ ato mu nsunsuansoɔ (election results) ho a, ɔno ne Ghana mampanin a ɔdi kan a wadi nkonim kɛse saa wɔ akansifoɔ nkaeɛ no so wɔ abatoɔ abakɔsɛm mu wɔ Ghana ha.[11] Saa nkonim yi sane yɛ berɛ a ɛdi kan a Opposisen Kannifoɔ bi atumi adi mampanin a ɔte adwa so so nkonim, a wantwa ne mfeɛ nwɔtwe no anwie.

Afe 2020 abatoɔ mu no, Nana Addo sane dii nkonim ne mprɛnu so, nyaa aba no mu ɔha mu nkyekyɛm aduonum baako ne akyiripɔ aduonum nkron (51.59%). Aha yi nso, ɔmanpanin dadaa John Mahama antumi amfa n`amanyɔkuo NDC anni nkonim. Afe yi mu no, wɔde Ɔmampanin Nana Addo sii adwa so Ɔpɛpɔn bosome ne da a ɛtɔ so 7, afe 2021 berɛ a na abɔ dɔnko apa ho simma mmiɛnsa (1:30 pm GMT).[12][13][14]

Ɔpɛnimma bosome no mu afe 2021 no, Nana Addo kaa ntam sɛ, ɔbɛdi mmara a ɛwɔ Ghana amammara (1992 Constitution) no mu, a ɛka sɛ, ɛsɛ sɛ ɔmampanin biara di adeɛ mprɛnu pɛ no so. Wei nti, sɛ afe 2024 ba awieeɛ a, Nana Addo rentumi nsane mpere ɔmampanin adwa no bio. Ɛsɛ sɛ obi foforɔ nso bɛtoa so sɛdeɛ amammara no ka no.[15]

N'abrabɔ ne ne nwomasua[sesa]

Wɔwoo Nana Addo Dankwa Akuffo Addo wɔ Nkran,Ghana too abusua a ahensɛm ne amanyɔsɛm wɔ mu sɛ Edward ne Adline Akufo-Addo ba. Ne papa Edward Akufo Addo firi Akropɔn-Akuapem ,na ɔyɛ Ghanafoɔ Chief Justice a ɔtɔ so mmiɛnsa firi afe apem aha-nkron ne aduosia nsia de kɔsii afe apem aha-nkron aduoson , na ɔyɛ Ɔtitenani nso wɔ afe apem aha-nkron aduosia nson de kɔsii aduosia nwɔtwe ɛna constitutional commission ne wɔn a wɔnka Ghana mampanin mpanimfoɔ no ho firi mfeɛ apem aha-nkron aduoson de kɔsii afe apem aha-nkron aduosia mmienu. Wɔwoo Nana addo wɔ Nkran Swalaba, beaeɛ bi a ɛwɔ Ghana, wɔ afe 1944, bosome Ɔbɛnem da a ɛtɔ so aduonu-nan. N`awofoɔ ne Edward Akufo-Addo ne Adeline, na na wɔyɛ Ghana adehye mapa, na afei abusua a wɔn ani gye amanyɔsɛm ho.[16][17]

Na Akufo-Addo maame afa no, ne nanabarima yɛ Nana Sir Ofori Atta, Akyem Abuakwa hene, na ɔno nso ka mpanimfoɔ a na wɔhwɛ Gold Coast no ho ansa na Ghana rebɛnya ne fawohodie. Ɔyɛ Kofi Asante Ofori Atta ne William Ofori Atta wɔfaase. Ne wɔfa a ɔyɛ ne nana ne J.B Dankuah,a na ɔno nso ka "Big Six" no ho. Ɔhyɛɛ ne sukuu ase wɔ Government Boys Sukuu, Adabraka, akyire yi ɔkɔɔ Rowe Road Sukuu (a ɛnnɛ yi wɔfrɛ no Kinbu) no nyinaa wɔ Accra Central. Ɔkɔɔ amanɔne kɔtoaa ne sukuu so kɔtwerɛɛ O-level ne A- level nsɔhwɛ wɔ Lancing College, Susse,a wɔmaa no din ¨Billy¨ . Ɔhyɛɛ Filɔsɔfi, Amanyɔsɛm ne ɛkɔnɔmiks nnwoma ase wɔ New College, Oxford wɔ mfeɛ apem aha-nkron aduosia mmienu, nanso ankyɛ na ɔgyaeɛ. Ɔsanee n'akyi baa Ghana wɔ.[10]

Mfeɛ apem Aha-nkron Aduosia mmienu mu ɔbɛkyerɛɛ adeɛ wɔ Accra Academy, ansa na ɔrekɔsua Economics wɔ Legon Suapɔn mu, wɔ mfeɛ apem aha-nkron aduosia nan, na ɔnyaa BSc Economics wɔ afe apem aha-nkron aduosia nson. Ɔde ne ho kɔdɔmm Inner Temple ma wɔtetee no sɛ asɛnnifoɔ wɔ apprenticeship system a ɔnim no sɛ Inns of Court a wɔannye asɛnnifoɔ krataa biara. Wɔfrɛɛ no kɔɔ English Bar(Middle Temple) wɔ kutawonsa bosome wɔ mfeɛ apem aha-nkron aduoson baako mu. Na wɔfrɛɛ no Ghanaian bar wɔ kutawonsa bosome wɔ afe apem aha-nkron aduoson num. Akuffo Addo yɛɛ adwuma wɔ Law Firm Brothers a ne Paris office wɔ USA. Wɔ mfeɛ apem aha-nkron aduoson nkron mu no, wɔyɛɛ Law Firm no Prempeh and Co.

Amanyɔsɛm[sesa]

Akufo Addo amanyɔsɛm a ɔbɛkaa ho no hyɛɛ aseɛ firii mfeɛ apem ahankron aduoson a ɔde ne ho kɔdɔmm People's Movement for Freedom and Justice, ɛkuo a wɔhyehyɛɛ sɛ wɔne General Acheampong kuo no de bɛsi ani a na wɔn nso din de Supreme Military Council's Union Government Proposals. Wɔ Kɔtonimaa bosome da afe apem ahankrono aduokron-num mu no, na ɔka ɛkuo kɛseɛ bi a ɛyɛ adesuafoɔ a wɔhyehyɛɛ Alliance for change.

Ghana Mampanin[sesa]

Da a yɛde no sii akonnwa so[sesa]

Wɔ ɔpɛpɔn bosome no da a ɛtɔ so nson, afe 2017 mu no, Nana Addo bɛyɛɛ ɔmampanin wɔ Ghana. Beaeɛ a dwumadie yi kɔɔ so yɛ Ghana kuropɔn Nkran, Black Star Square. Aman mpanimfoɔ du baako a wofiri Afrika ne Europe na wɔde wɔn animuonyam bɛtaa dwumadie no akyi. Wɔn mu bi ne, Edgar Lungu a ofi Zambia, Abdel Fattah el-Sisi a ofi Egypt, Ernest Bai Koroma a ofi Sierra Leone, Robert Mugabe a ofi Zimbabwe, Muhammadu Buhari a ofi Nigeria ne wɔn a wɔkeka ho.[18][19][20]

Dwumadie yi baa n`awieeɛ no, nnipa pii kaa ho asɛm wɔ social media ahodoɔ so ɛfiri sɛ wɔkaa sɛ ne nsɛm a ɔde too dwa no mu pii firi nsɛm a Amampaninfoɔ binom adi kan aka mu na nsɛm no bi mpo deɛ, wɔanyɛ nsesae biara wom (word-for-word). Nsɛm a ɔkaeɛ no bi firi asɛm a Amɛrika amampaninfoɔ John F. Kennedy, Bill Clinton ne George W. Bush kae berɛ a na wɔde wɔn resi adwa so no na afei mpo asɛm a Nigeria mampanin Muhammadu Buhari kaeɛ wɔ 2015 United States Institute of Peace dwumadie no ase.[21][22][23][24][25][26] Aberɛ a nsɛm no gyee nhini wɔ ɔman no mu no, n`adwumayɛbea no de akyɛwpa krataa too dwa ma ne kasamafoɔ de too dwa sɛ, wɔanhyɛ da sɛ wɔreyɛ saa na mmom wɔn ani na ɛpaa so.[27][28][29] Wei nyinaa akyi no, ɛsane bɛdaa adi sɛ Akufo-Addo sane faa nsɛm a ɔkaeɛ wɔ afe 2013 mu berɛ a asɛnnibea kunini (supreme court) no de atɛmmuo ma faa Ghana aba a wɔtoe no ho no no fii Amɛrika manpanin abadiekyire Al Gore kasa a ɔmaeɛ wɔ afe 2000 mu. Saa berɛ a na Amerika asɛnnibea kunini no de atɛmmuo ama afa wɔn mampanin abatoɔ ho.[30][31][32]

Nwomasua[sesa]

Afe mpem mmienu ne du nson (2017) mu no, Ghana mampanin no de nhyehyɛeɛ a ɛfa ntoasoɔ sukuu (Free SHS Policy) ho no too dwa. Na saa nhyehyɛeɛ yi bɛboa ama Ghana mmabunu atumi akɔ ntoasoɔ sukuu a wɔntua sika biaraa. Ɔmampanin no kaa wɔ ne kasa no mu sɛ, saa nhyehyɛeɛ bɛboa asiesie mmabunu no ama daakye na awofoɔ a wɔnni sika a wɔde bɛtua wɔn mma sukuu aka no nso ho bɛdwo wɔn. Ghanafoɔ nyinaa ani gyee saa nhyehyɛeɛ yi ho na ɛmaa adesuafoɔ ne awofoɔ nso ani gyee nanso ankorɛankorɛ sukuu ahodoɔ no ani annye saa nhyehyɛeɛ yi ho. Na wɔsusu sɛ wei bɛma adesuafoɔ a wɔkɔ saa sukuu ahodoɔ yi so ate.[33][34]

Sikasɛm[sesa]

Wɔ afe mpem mmienu ne du nson (2017) mu no, Aban no de nhyehyeɛ bi tow gua a na ɛbɛboa ama ne manfo no anya adwuma ayɛ. Na edin a ɛda saa nhyehyeɛ yi so nye, 7-years Co-ordinated Programme of Economic and Social Development Policies. Wɔ ɔmanpanyin ne nsɛm mu no, ɔkaa sɛ, saa nhyehyeɛ yi gyina nneɛma nnum a ɛfa mpuntuo ho so ("five pillars of growth and development), na saa nneɛma no nye ɔman no sikasɛm a wɔbɛyɛ no yie; kua dwuma ne mfidi dwuma a wɔbɛhyɛ mu kena; wobesisi adan ahorow; Banbɔ a wobɛhyɛ mu den ne kwan a aban adwumayɛfo fa so yɛ wɔn dwuma a wobɛsesa mu.[35]

LGBT ahofadi[sesa]

Akufo-Addo asi no pi, akyerɛ ne gyinasibea wɔ LGBT ahofadi ho nsɛm mu wɔ Ghana ha. Wɔ bosome obubuo, afe 2017 mu no, Ɔkaa sɛ, ɔwɔ gyidi sɛ bere bi bɛba a, saa mmra ɛfa barima ne barima nda ne ɔbaa ne ɔbaa nda no, nsasae bɛba mu.[36] Akufo-Addo, obi a n`abrabɔ fa naa, ɔbɔɔ wɔ Englesi abokyirman mu no wɔ gyidi sɛ, ber rokɔ so, saa LGBT kuw yi bɛgye nhin wɔ Ghana te sɛ ma w`agye nhini wɔ England no pɛpɛɛpɛ. Nanso, ɔsan kaa sɛ, mmra a ɛfa LGBT ho no nka n`aban no nhyehyeɛ ho seisei ara.[37] Wɔ afe 2018, bosome Ɔsanaa mu no, ɔde tow gua sɛ, enyɛ ade a n`aban no bɛgye barima ne barima nda ne ɔbaa ne ɔbaa nda no atum na saa nso na worenhwɛ sɛ obi nteetee wɔn wɔde wɔn ho ahyɛ saa adeyɛ no mu no wɔ n`amanmuo mu.[38][39]

Agokansi[sesa]

Akufo-Addo, wɔ afe 2019 bosome ɔgyefoɔ mu no, Nana Addo ne n`aban no bɛyɛ adwuma aden aboa ama yɛn agokansi no anya nkɔso wɔ Ghana efisɛ Afrika agokansi a ɔbokɔ so wɔ afe 2023 no, ɔman yi mu na wɔbɛyɛ no.[40] Agokansi adan ahorow a weisi na w`asan asiesie no bi nye Nkran ne Cape Coast Agoprama ne Azumah Nelson Agokansi fie a ɛwɔ Kaneshie no. Ghana Suapɔn keseɛ no Agoprama a wogyei ne nseisei wɔ 2009 afe no mu no aber manpanyin dada John Kufuor fii aban mu no nso yɛ ade wɔaka sɛ, wɔbɛ toa so.[41][42]

N'abrabɔ mu nsɛm[sesa]

Akufo-Addo fi kurow a yɛfrɛ no Akropong-Akuapim ne Kyebi a ɛwɔ Ghana Apuei mantɔw mu.[43] N`awofoɔ abien no nyinaa yɛ Presby asor no mma.[43][44] Ne hokafoɔ a ɔne no te nye Rebecca Akufo-Addo (née Griffiths-Randolph) a ne papa nye, mrmranimfo Jacob Hackenburg Griffiths-Randolph, a na ɔyɛ Ghana mmrahyɛbadwa no kyeame wɔ repɔblik mmiɛnsa (3rd Republic) no mu.[45][46][47] Nana Addo ne ne yere Rebecca wɔ mma mmaa nnum; Gyankroma Funmi Akufo-Addo, Edwina Nana Douka Akufo-Addo, Adriana Dukua Akufo-Addo, Yeboakua Akufo-Addo, ne Valerie Obaze.[48][49][50][51]

Akufo-Addo yɛ Kristoni.[52]

Anuonyamhyɛ[sesa]

Abasobɔ[sesa]

Wɔbɔɔ Akufo-Addo aba so maa no Mother Theresa Memorial International Award for Social Justice wɔ afe 2016, fa a, Harmony Foundation kuw no hyɛɛ no ase. Onyaa saa abasobɔ fisɛ na ɔde n`amanyɔsɛm abɔ afore ama asomdwe ne dwodwoo atena ɔman no mu.[53]

Wɔ afe 2017 mu no, Akufo-Addo nyaa National Achievement abasobɔdeɛ maa Ghana manfo denam Africa-America Institute kuw no so. Wɔde saa abasobɔdeɛ yi mae na ama Aman nyinaa ahu sɛ Ghana yɛ ɔman a egyina hɔ ma fahodi, asomdwe, kabima-menkabi ne nkankɔ wɔ Afrika ha.[54]

Akufo-Addo san nyaa abasobɔdeɛ wɔ kwan soronko a ɔfa so bu man no ho (Exemplary Leadership) wɔ afe 2018, Ayɛwohomumɔ bosome no mu fii Whitaker Kuw no hɔ.[55][56] Wɔ ɔsanaa bosome no mu, afe 2018 no, onyaa abasobɔdeɛ fofor wɔ nsiesie ne abɛɛfo nneɛma a ɔde baa Po so hyɛn gyinabea ahorow no. Wɔn a wɔde saa abasobɔdeɛ no maa no nye; The African Port Award (APA) Foundation, na abasobɔ no din nye African Port Award.[57] Wɔ afe 2018 mu no, U.S. ndwumakuw ahorow a ɛwɔ Afrika, a ɛhyɛ United States Chamber of Commerce ase no maa Ɔmanpanyin Akufo-Addo abasobɔdeɛ a ɛne, 2018 Outstanding Leader's Award wɔ kwan a wɔafa so ne wɔn atena asomdwe mu ne sikasɛm mu ntotoe a w`ahwɛ so yie wɔ n`amanmuo mu wɔ Afrika ha.[58][59][60] Afe 2018 Governance Leadership Abasobɔdeɛ a wode ma obi a weitumi ama ɔman Ghana adehyeɛ atu mpɔn wɔ wɔn asetemu ne aban a ɔde Ghana Aman mmra adi dwuma yie no, wɔde maa Akufo-Addo.[61]

Wɔ afe 2019 mu no, United Nations Secretary-General António Guterres bɔɔ Nana Addo din kaa SDG afofor fo no ho sɛ kuw no panyin kaa Norway man no soafo, Erna Solberg ho.[62] Saa kuw (Sustainable Development Goals) yi adwuma ne sɛ wɔbɛboa ahyɛ nkurɔfo nkuran, ahyɛ wɔn den na wɔaboa ama mpuntu akɔ so.

Nana Akufo-Addo san nyaa abasobɔdeɛ wɔ Ghana Ahɔwodan Nkabomkuw no abasobɔdeɛ a ɛto so nnan no mu. Saa nhyiam yi kɔɔ so wɔ afe 2020, ɔpɛpɔn bosome no mu na na ɛfa mmɔden a na w`abɔ ama dwumadi a edin a ɛda so nye; Afe a ɛsɛ sɛ obia ba fie (Year of Return) no atumi aba so.[63]

Foreign honours[sesa]

Beae a menyaa mmoa fii[sesa]

  1. wikipedia
  2. https://ghanaelections.peacefmonline.com/pages/1996/northern/138/
  3. 3.0 3.1 https://www.ghanaweb.com/person/Nana-Addo-Dankwa-Akufo-Addo-253
  4. https://citinewsroom.com/2021/05/akufo-addo-to-address-ghanaians-on-covid-19-fight-tonight-6/
  5. https://web.archive.org/web/20170211082302/http://www.lancingcollege.co.uk/media/news/article/4865/OL-Elected-President-of-Ghana
  6. https://www.ghanastar.com/stories/nana-akufo-addo-is-the-new-president-for-ghana-heres-his-inauguration-speech/
  7. "https://ecowas.int/president-akufo-addo-elected-chair-of-ecowas-authority-of-heads-of-state-and-government/". Archived from the original on 2021-06-16. Retrieved 2022-04-21. {{cite web}}: External link in |title= (help)
  8. http://election2012.ghanaweb-news.com/supreme-court-judgement-victory-for-all---august-2013-ghana-election-news
  9. https://www.graphic.com.gh/news/politics/how-the-supreme-court-judges-ruled-in-the-election-petition.html
  10. 10.0 10.1 https://www.primenewsghana.com/politics/salute-the-new-king-president-elect-of-ghana-nana-addo-dankwa-akufo-addo.html
  11. https://www.washingtonpost.com/national/world-digest-dec-9-2016/2016/12/09/f2426996-be24-11e6-94ac-3d324840106c_story.html
  12. https://www.graphic.com.gh/news/general-news/akufo-addo-elected-president-of-ghana-for-second-term-with-51-59-per-cent-of-valid-votes-cast.html
  13. https://www.bloomberg.com/news/articles/2020-12-09/ghana-s-president-akufo-addo-wins-re-election-with-52-of-vote
  14. https://theaccratimes.com/president-akufo-addo-sworn-in-for-a-second-term/
  15. https://www.reuters.com/article/africa-democracy-ghana-idAFL8N2ST3MR
  16. https://www.presidency.gov.gh/index.php/governance/the-president
  17. https://ghanadmission.com/nana-addo/#:~:text=Nana%20Akufo-Addo%20was%20born%20on%20the%2029th%20of,as%20one%20of%20the%20founding%20fathers%20of%20Ghana.
  18. https://www.ghanaweb.com/GhanaHomePage/NewsArchive/LIVESTREAMING-Nana-Akufo-Addo-takes-office-as-president-499112
  19. https://www.africanews.com/2017/01/07/live-12-presidents-join-ghanaians-to-inaugurate-president-akufo-addo/
  20. https://www.ghanaweb.com/GhanaHomePage/NewsArchive/African-leaders-arrive-ahead-of-Akufo-Addo-s-inauguration-499057
  21. https://www.pulse.ng/news/local/buhari-read-full-text-of-presidents-speech-at-us-institute-for-peace/edfw4mv
  22. https://www.ghanaweb.com/GhanaHomePage/NewsArchive/Plagiarism-in-Akufo-Addo-s-speech-depressing-and-shocking-Minority-499694
  23. https://edition.cnn.com/2017/01/11/africa/ghana-plagiarism-row-akufo-addo/
  24. https://www.bbc.com/news/world-africa-38555356
  25. https://www.premiumtimesng.com/news/headlines/219897-ghana-president-akufo-addo-caught-plagiarism-scandal.html
  26. "https://www.myjoyonline.com". Archived from the original on 2021-04-11. Retrieved 2022-05-05. {{cite web}}: External link in |title= (help)
  27. https://www.buzzfeednews.com/article/hayesbrown/ghanas-president-ripped-off-george-w-bush-and-bill-clinton-i
  28. https://www.aljazeera.com/news/2017/1/9/ghana-nana-akufo-addo-caught-up-in-plagiarism-row
  29. https://www.ibtimes.com/who-nana-akufo-addo-ghana-presidents-plagiarism-scandal-explained-2473112
  30. https://www.modernghana.com/news/486053/full-text-akufo-addos-post-verdict-speech.html
  31. https://www.americanrhetoric.com/speeches/algore2000concessionspeech.html
  32. https://mobile.ghanaweb.com/GhanaHomePage/NewsArchive/Saint-Akufo-Addo-in-the-web-of-the-moral-shame-of-new-age-plagiarism-499749
  33. https://www.voanews.com/a/ghana-launches-free-high-school-education-nationwide/4030588.html
  34. "http://www.ghananewsagency.org/social/president-akufo-addo-launches-free-shs-122148". Archived from the original on 2022-04-25. Retrieved 2022-04-25. {{cite web}}: External link in |title= (help)
  35. A, archived from the original on 2020-02-16, retrieved 2022-04-25
  36. https://www.graphic.com.gh/news/general-news/legalization-of-homosexuality-ghana-is-bound-to-happen-akufo-addo.html
  37. https://www.ghanaweb.com/GhanaHomePage/NewsArchive/Association-of-gays-lesbians-in-Ghana-to-embark-on-historic-peace-march-in-Accra-604192
  38. https://www.ghanaweb.com/GhanaHomePage/NewsArchive/I-ll-never-legalize-homosexuality-Akufo-Addo-675491
  39. https://www.pinknews.co.uk/2018/08/10/president-of-ghana-reassures-church-leaders-that-he-wont-decriminalise-homosexuality/
  40. https://www.happyghana.com/accra-2023-african-games-organising-committee-planning-to-send-athletes-on-overseas-training-camps/
  41. https://www.accra2023ag.com
  42. https://www.insidethegames.biz/articles/1112503/ghana-2023-african-games-complex
  43. 43.0 43.1 https://www.myjoyonline.com/akufo-addo-visits-ancestral-home-in-akropong-akuapem/
  44. https://yen.com.gh/171939-election-2020-mammoth-crowd-akufo-addo-hometown.html
  45. https://web.archive.org/web/20130928042301/http://www.newpatrioticparty.org.uk/index.php?option=com_content&view=article&id=160%3Anana-addo-danquah-akuffo-addo&catid=58%3Apast-flag-bearers&Itemid=120
  46. https://books.google.com.gh/books?id=oldRGSQSR9YC&q=Ebenezer+Presbyterian+Church,+Osu&pg=PA232&redir_esc=y#v=snippet&q=Ebenezer%20Presbyterian%20Church%2C%20Osu&f=false
  47. https://www.ghanabusinessnews.com/2017/01/07/profile-of-rebecca-naa-okaikor-akufo-addo/#:~:text=Mrs%20Rebecca%20Naa%20Okaikor%20Akufo-Addo%2C%20Wife%20of%20Nana,of%20Ghana%20and%20Frances%20Phillipina%20Griffiths-Randolph%20%28nee%20Mann%29.
  48. https://www.ghanaweb.com/GhanaHomePage/NewsArchive/Akufo-Addo-the-family-man-492031
  49. https://web.archive.org/web/20170101161256/http://kessbenfm.com/meet-incoming-first-family/
  50. https://www.ghlinks.com.gh/edwina-nana-dokua-akufo-addo/#:~:text=Edwina%20Nana%20Dokua%20Akufo%20Addo%20is%20the%20daughter,late%20Eleanor%20Nkansah-Gyamenah%20popularly%20known%20as%20Obaa%20Saa.
  51. /, archived from the original on 2020-09-18, retrieved 2022-04-25
  52. https://ghanamps.com/mp/dagmanyi-mpambi-george/
  53. https://web.archive.org/web/20171204022314/http://www.motherteresaawards.org/awardees/mother-teresa-memorial-awards-2016/
  54. https://www.ghanaweb.com/GhanaHomePage/NewsArchive/Akufo-Addo-receives-National-Achievement-Award-583248
  55. https://www.graphic.com.gh/news/general-news/president-akufo-addo-receives-exemplary-leadership-award.html
  56. https://citifmonline.com/2018/03/president-akufo-addo-receives-exemplary-leadership-award/
  57. https://www.ghanamma.com/2018/08/06/ghpa-bags-3-awards-at-4th-african-ports-awards/
  58. https://yen.com.gh/116120-akufo-addo-receive-outstanding-leaders-award-new-york.html#116120
  59. https://web.archive.org/web/20181008061237/http://dailyguideafrica.com/nana-grabs-top-us-award/
  60. https://citinewsroom.com/2018/09/akufo-addo-receives-2018-outstanding-leaders-award/
  61. https://citinewsroom.com/2018/10/nana-addo-receives-2018-governance-leadership-award/
  62. "https://www.globalgoals.org/secretary-general-antonio-guterres-has-appointed-new/". Archived from the original on 2022-05-05. Retrieved 2022-04-25. {{cite web}}: External link in |title= (help)
  63. https://www.gbcghanaonline.com/news/president-akufo-addo-19-hospitality-facilities-honoured/2020/
  64. "Ghanaian President conferred with Order of Excellence" Stabroek News, 12 June 2019.
  65. "Nana Akufo-Addo honoured in Cote d'Ivoire", GhanaWeb, 6 May 2017.
  66. "Nana Addo decorated with Liberia's highest award", Citi FM Online, 27 May 2017.
  67. "Morocco Stregthens Ties With Ghana", Modern Ghana, 18 February 2017.
  68. "Senegal decorates Akufo Addo with national award", ModernGhana.com, 18 May 2017.