Koforidua

Ɛfi Wikipedia
Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔ Asante kasa mu

Koforidua, yε kuro bi a  Ghana anofo. Koforidua yε Ghana Atɔe Mantam mu kuropɔn anaa ahenkuro. Wɔtee Koforidua wɔ afe 1875 mu. Nipa a wɔ Koforidua bεyε 127,334.

Koforidua  ne kuropɔn ma Atɔe Mantam ne Dwaben Foforɔ Mansini no. Dwumakuo pii wɔ aha.

Abakɔsεm[sesa]

Akanfoɔ a  ɔfiri Asanteman mu no bεtee Koforidua wɔ afe 1875. Wɔwiee keteke kwan wɔ afe 1923 Koforidua bεyεε kuro kuropɔn a εdi mu wɔ dwadie mu εfiri sε ne w di kookoo dwa wɔ hɔ . Koforidua ka nkuro a kookoo tɔn di mu wɔ hɔ. Koforidua nso w Yawoada Dwa a nkorofo  firii mmea bebree wɔ Atɔe Mantam mu betɔn anaa ɔbεtɔ ahweneε  Koforidua .

Kyeneε botan

Asaase Akontabuo[sesa]

Koforidua krom

Sikasεm[sesa]

Sikakorabea ahodo ne nwumakuo bebree wdi siaksεm no wɔ ha.

Kuayε[sesa]

Kuayε kɔ so w nkuro bebree a atwa Koforidua ho no so.

Kookoo[sesa]

Koforidua ka nkuro a wɔdi kookoo dwa wɔ so. Nkuro bebree a atwa Koforidua ho ahyia no y nkuroa wɔdua kookoo. Kane no na Koforidua dwadie nyinaa gyina kookoo so nanso kookoo dua kɔɔ nkuro bebree mu wɔ Asante Mantam mu ne Bono Mantam no Koforidua abεyε bea dwadie ahodoɔ bebree kɔ so.

Nsrahwε[sesa]

Boti

Mmea bebree wɔ Koforidua a wɔbetumi akɔ nsrahw bi ne Boɔ Tabiri. Akosomo Anyinamahoɔden bea no na  da Asuo Firao nso bεn Koforidua.Boti nso nnwa firi Koforidua.

Nwomasua[sesa]

Pentekost  Ntoaso Koforidua

Koforidua y kuro a asukuu bebree w.Ntoaso Sukuu ne Sukuupɔn ahodoɔ wɔ ha.

Nhwehwεmu[sesa]