Kibi, Ghana

Ɛfi Wikipedia

Kibi anaa Kyebi yɛ kuro ne ahenkuro a ɛwɔ Akim Apuei mpɛsoa so wɔ Apuei Fam Mantam muGhana kesee fam, ɛwɔ Atewaa mmepɔw no apuei fam. Kibi da beae a ɛkorɔn 318 m na, afe 2013 mu no, na nnipa 11,677 na wɔte mu.

Hyɛn[sesa]

Keteke[sesa]

Kibi wɔ akwan tiawa bi a kateke fa so tu kwan na afei nso, keketek gyinabea.

Abakɔsɛm[sesa]

Kibi yɛ Akyem Abuakwa mantam no tetekuro ahenkuro a ɛwɔ Ghana Apuei fam mantam (a wɔsan frɛ no Okyeman). Ofori Panyin Ahengua a ɛyɛ Ɔkyehene atetesɛm nkongua no wɔ Kibi.

Nwomasua[sesa]

Kibi wɔ nwomasua asoɛeɛ dodoɔ, mfitiaseɛ sukuu kosi ntoasoɔ sukuu na afei, Kibi nso wɔ asotifo sukuu a wɔde sii hɔ wɔ afe 1975 mu, wɔ afe 2008 mu no, na asuafoɔ a wɔn wɔ sukuu no mu yɛ 213.

Sikasɛm[sesa]

Wɔahu Tarkwaian abotan, a ɛyɛ sika kɔkɔɔ fibea titiriw, wɔ baabi a ɛbɛn Kibi. Nnwumakuo pii a wotu fagude a adwumakuo a ɛde Paramount Mining Corporation ka ho ayɛ nhwehwɛ mu akɔ akyire. RUSAL, Russia adwumakuo kɛseɛ bi a wɔyɛ Aluminum ho nnwuma srɛɛ Ghana Minerals Commission ne Ghana Integrated Aluminum Industry Committee sɛ wɔmma wɔn kwan ma wɔnkɔhwehwɛ Ghana bauxite akoraeɛ a ɛbɛn Kibi no bi. Wonim kuro no sɛ ɛwɔ galamsey dwumadi pii na saa dwumadi ahorɔw yi ama asubɔnten Birim agu fĩ.

Apomuden[sesa]

  • Kibi Aban Ayaresabea

Keteke gyinabea[sesa]

Keteke gyinabea bi wɔ hɔ, Kibi keteke gyinabea .

Nnipa nipasu ahorow[sesa]

  • Abedi Pele
  • Nana Akufo-Addo, Ghana Ɔmanpanyin
  • André Ayew
  • Jordan Ayew
  • Nana Asante Bediatuo
  • Osagyefuo Amoatia Ɔfori Panin
  • Kofi Asante Ofori-Atta, Kan Mmaranimfo Panyin ne Mmarahyɛ Bagua no Kasafo
  • William Ofori-Atta, Kan Amannɔne Nsɛm Ho Ɔsoafo, Kan Nhomasua Soafo, ne Kan ɔmanfotufoɔ kuo no Titenani
  • Jones Ofori-Atta, Kan Sikasɛm Soafo Abadiakyiri
  • Kwesi Amoako-Atta, Abibifoɔ Abadiakyiri a ɔdi kan wɔ Bank of Ghana ne Kan Sikasɛm soafoɔ wɔ Ghana
  • Susan Ofori-Atta, Ɔbea ɛ Oduruyɛfo a Odi Kan wɔ Ghana
  • SS Omane, Kan Polisifo Panyin, IGP
  • Samuel Atta Akyea mmarhyɛ baguani a ɔhwɛ Akyem Abuakwa Anafoɔ so
  • Ofori-Atta I na ɔkyerɛwee

Nsɛm a wɔde gyinaa so[sesa]