Dialium guineense

Ɛfi Wikipedia

Dialium guineense, anaa sɛ velvet tamarind yɛ tenten. Ɛyɛ dua a ɛso aduaba a ɛwɔ dua a ɛso nhwerɛn abusua Fabaceae mu. Mpɛn pii no ɛyɛ ketewa na asane ayɛsɛ grapes yɛbea, ɛyɛ aduaba a yɛdi a n'ahosuo no yɛ dodoeɛ, ɛden, a wontumi nni ne hono.

Nkyekyɛmu[sesa]

Wɔtaa nyini wɔ kwaeɛ bɛrɛtuom wɔ Afrika wɔ Sahel anafoɔ fam. Wɔ Togo yɛ frɛ no atchethewh. Velvet tamarind no, wɔtaa hunu no wɔ Afika Atɔe fam wɔ aman bi te sɛ Benin a wɔfrɛ no "Assiswe", Ghana a wɔfrɛ no yoyi, Sierra Leone a wɔfrɛ no " black tombia", Senegal, Guinnea Bissau a ɛho nti wɔfrɛ no " Veludo", Portugese frɛ no velvet, Nigeria frɛ no awin anaa igbaru wɔ Yoruba,[1] mu wɔfrɛ no icheku wɔ Igbo ne tsamiyar biri wɔ Hausa mu.[2]

Ne dwumadie[sesa]

N'abena ne ne nhaban wɔ nnuro ho mfasoɔ bebree a wɔde sa yareɛ bebree.

Aduaba

Aduaba biara wɔ aba a ɛden, ɛyɛ tratra, ɛyɛ kurukuruwa, ɛyɛ dodoeɛ, a ɛmu duro no bɛyɛ sɛ 7-8 mm de kɔsi 3mm. Aba no ɛyɛ akɔyɛ sɛ watermelon aba (citrulus lanatus). Aduaba no bi wɔ mma mmienu. Aba no ho yɛ shyɛmshyɛm, a ɛyɛ sɛ starchi ɛkata ho.

Ne pulpi no yɛtumi di na wosane tumi de gu nsuom na wanom te sɛ nsa. N'ahaban nwonwon ka atɔsodeɛ Ghanafoɔ de yɛ aduane a yɛfrɛ no damoda.

Timber dua

Dua no yɛ den na ɛsane yɛ duru yɛsane de yɛ adesie. Yɛsane de dua no sɔgya na yɛde bi nso yɛ bidie.

Beaeɛ a menyaa mmoa firiiɛ[sesa]

  1. "IUCN Red List", Wikipedia (in English), 2024-03-21, retrieved 2024-03-25
  2. Bascom, William R. (1951, January), "Yoruba Food". Africa., Cambridge University Press., pp. 20 (1): 47 {{citation}}: Check date values in: |date= (help)