Combretum floribundum

Ɛfi Wikipedia
Combretum floribundum
taxon
short nameC. micranthum Sesa
taxon nameCombretum micranthum Sesa
taxon rankspecies Sesa
parent taxonCombretum Sesa
taxon common namekɔ̀lɔ̀bɛ, 小翅风车子 Sesa
IUCN conservation statusLeast Concern Sesa
GRIN URLhttps://npgsweb.ars-grin.gov/gringlobal/taxonomydetail.aspx?id=11230 Sesa

Combretum floribundum, saa edin seisei wɔmfa nni dwuma bio. World Checklist of Selected Plant Families (WCSP - data supplied on 2023-08-29)[1] ama yɛahu sɛ seiei wɔde edin Combretum micranthum na ɛsi anan. Ɛyɛ dua a ɛyɛ tia na ɛso aba. Wɔtaa hunu no wɔ ɔsebɔ nnwura (tiger bush) anaa mmepɔ so wɔ Afrika Atɔeɛ mantam no mu. Ɔka Combretaceae nnua abusuakuo no ho. Wɔfrɛ no kinkeliba[2]Benin, Burkina Faso, Senegal, Mali ne Gambia kasa ahodoɔ mu. Wɔgyidi sɛ edin kinkeliba ɛfiri Fulani kasa no mu. Wɔasane frɛ no sekhew wɔ Wolof kasa mu ne ŋɔlɔbɛ[3] wɔ Bambara kasa mu. Wɔde yɛ tii[4] ne ahaban nnuro na sɛ Ramadan duru a Nkramofoɔ de twa wɔn akɔnkye.

Ne Dwumadie[sesa]

Kinkeliba kyerɛ "dua a ɛte apɔ". Saa din yi, Frɛnkyefo afa na wɔfrɛ no "tisane de longue vie" anaa sɛ wcde nkaw tenten ka biribi ho.

Saa dua yi ne dwuma a ɛdi dɔɔso pa ara. Yareɛ ahodoɔ a wɔde sa no bi ne tipaeɛ, berɛboɔ mu yareɛ ɛnkanka wɔ Senegal ne Mali, mogya mu yareɛ, kokoram na nna a obi ntumi nna yie nso ka ho. Wɔ Senegal sei, sɛ obi berɛ na sɛ ne ho tutu no a ɛno na wɔde ma no sa no yareɛ. Sɛ yɛka nhabanmma a wɔwɔ tumi wɔ Nigeria ho asɛm a, saa dua yi ha ho.

Ɛsiane sɛ dua yi nkorabata yɛ den nti, wɔtaa de yɛ nkonnwa, mpa ne deɛ ɛkeka ho. Wɔnoa n'ahaban yɛ no te sɛ tii wɔ Senegal, Mali ne Burkina Faso. Afei nso, nkramofoɔ a wɔwɔ Afrika Atɔeɛ Fam ɛnkanka Wolofoɔ, Fulafoɔ, ne Mandinkafoɔ twetwa dua yi ahaban, n'akyi ne ɛho nnua nketewa na wɔtɔn de kyere kɔm wɔ Ramadan berɛ mu.

Baabi a menyaa mmoa firiiɛ[sesa]

  1. http://apps.kew.org/wcsp/home.do
  2. https://www.ncbi.nlm.nih.gov/pmc/articles/PMC9964726/
  3. https://inaturalist.ca/taxa/496744-Combretum-micranthum
  4. https://www.facebook.com/mychopchop.ca/videos/kinkeliba-tea-should-be-everyones-best-friend-trust-me-it-has-a-long-list-of-hea/536587253523010/