Aminata Sow Fall

Ɛfi Wikipedia
Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔ Asante kasa mu
Aminata Sow Fall
nnipa
sex or genderfemale Sesa
country of citizenshipSenegal Sesa
given nameAminata Sesa
family nameFall Sesa
date of birth27 Oforisuo 1941 Sesa
place of birthSaint-Louis Sesa
siblingArame Fall Sesa
languages spoken, written or signedFrench Sesa
writing languageFrench Sesa
occupationwriter Sesa
educated atParis-Sorbonne University - Paris IV Sesa
notable workThe Beggars' Strike Sesa

Nnianimu[sesa]

Aminata Sow Fall yɛ ɔtwerɛfoɔ a ɔfiri Senegal man mu. Wɔwoo no Oforisuo bosome no da a ɛtɔ so aduonu nson, wɔ afe apem ahankron aduanan baako mu (born 27 April 1941). ɛwom sɛ ne kasa titirew a wɔwoo no too mu ne Wolof kasa deɛ, nanso ne nwoma nyinaa wɔtwerɛ no wɔ French kasa mu. Yɛbɔ no mmarane sɛ,[1] ɔno ne ɔbaa a ɔfiri Abibirem a ɔdii kan twerɛɛɛ nwoma wɔ French kasa mu.[2]

Ɔbra Ahyɛaseɛ[sesa]

Wɔwoo Aminata Sow Fall wɔ kuro a yɛfrɛ no Saint-Louis mu a ɛwɔ, Senegal man mu,[3] ɛhɔ na ɔnyiniiɛ ansa na ɔrefiri hɔ akɔtena Dakar akɔtoa ne sukuu su[2], ɔkɔɔ ntoasoɔ sukuu wɔ Dakar. Ɔwiee ntoasoɔ sukuu no ɔkɔɔ Sorbonne[4] suapɔn a ɛwɔ Paris kuro a ɛwɔ France aburokyiman mu kɔnyaa abɔdin krataa wɔ Kasasua mu (Modern Languages), ɔwieɛ no ɔbɛyɛɛ kyerɛkyerɛni wɔ Senegal. Na ɔka abadwakuo a wɔfrɛ wɔn sɛ Commission for Educational Reform a na wɔn dwumadie titirew ne sɛ wɔde nhyehyɛeɛ foforɔ a ɛbɛboa ama watumi de Abibirem kasadwini abɛwurawura French adesua nhyehyeɛ wɔ Senegal man mu, ansa na ɛno akyiri no ɔbɛyɛɛ director of La Propriété littéraire (The Literary Property) wɔ Dakar (firi afe apem ahankron aduoson nkron de kɔ si aduowɔtwe nwɔtwe (1979–88).

Ne Dwumadie[sesa]

Ɔbɛyɛɛ Director of the literature maa asoeɛ a wɔhwɛ amammerɛ ne amanneɛ so, ansa na afei ɔsane bɛyɛɛ Director of the Centre d'Etudes des Civilations, a ɛyɛ beaeɛ a wɔyɛ nhwehwɛmu fa Senegal foɔ amammerɛ ne wɔn amanneɛ mu ɛna afei nso wɔyɛ nhwehwɛmu fa Senegal foɔ anum kasadwini ho. Ne nwoma ahodoɔ no, mpɛmpii no, ɔkasa fa abrabɔ mu nsɛm ho, tumi ne kɛtɛasehyɛ ne porɔeɛ ho, na ne suahunu ahodoɔ a wɔanya afiri Paris ne Senegal mmienu nyinaa no, ama no ahunu amammerɛ ne amanneɛ ahodoɔ beberee afiri aman ahodoɔ mmienu yi so.[5]

Abasobɔdeɛ Ahodoɔ[sesa]

  • Wɔ afe apem ahankron aduowɔtwe mu no (1980), ɔnyaa abasobɔdeɛ a yɛfrɛ no - Grand prix littéraire d'Afrique noire for La Grève des bàttu.
  • Wɔ afe apem ahankron aduowɔtwe mmienu mu no (1982), ɔnyaa abasobɔdeɛ a yɛfrɛ no - Prix International Alioune Diop for L'Appel des arènes.
  • Wɔ afe apem ahankron aduokron nson mu no (1997) - ɔnyaa abasobɔdeɛ a yɛfrɛ no honorary doctorate from Mount Holyoke College, South Hadley, Massachusetts.

Nwoma Ahodoɔ A Watwerɛ[sesa]

Nwoma ahodoɔ pii na Aminata Sow Fall atwerɛ, ɔtwerɛɛ nwoma ahodoɔ yi wɔ French kasa mu, na mmom nwoma no bi wɔ hɔ a afoforɔ nso asesa kasa no afiri French kasa mu de akɔ wɔn ankasa kasa mu.

  • Le Revenant, Nouvelles éditions africaines, 1976. ISBN 2 7236 0109 9.
  • L'empire du mensonge (2018). ISBN 979-1035600068
  • Femmes d'Afrique (2001). ISBN 9782842612979
  • La Grève des bàttu (1979)[6]; Nouvelles éditions africaines, 1980; Serpent à plumes (paperback 2001), ISBN 2-84261-250-7
  • The Beggars' Strike, trans. Dorothy Blair, Longman (1986), ISBN 0-582-00243-5
  • L'Appel des arènes (The Call of the Arena) (1982); Nouvelles éditions africaines, 1993. ISBN 2 7236 0837 9.
  • Ex-père de la nation: roman, Paris: L'Harmattan, 1987. ISBN 2 85802 875 3.
  • Douceurs du bercail, Nouvelles Editions ivoiriennes, 1998. ISBN 2 911725 46 8.
  • Le jujubier du patriarche: roman, Serpent à Plumes, 1998
  • Sur le flanc gauche du Belem. Arles: Actes Sud, 2002. ISBN 2 7427 4044 9.
  • Un grain de vie et d'espérance. Paris: Françoise Truffaut Editions, 2002. ISBN 2-951661-45-2.
  • The film Battu (2000) by director Cheick Oumar Sissoko is based on her novel La Grève des bàttu.

Baabi a menyaa mmoa firiiɛ[sesa]

  1. Peter Hawkins (1988), "An Interview with Aminata Sow Fall", African Affairs, vol. 87, no. 348, pp. 419–430, ISSN 0001-9909, retrieved 2023-05-27
  2. 2.0 2.1 Aminata Sow Fall (in English), retrieved 2023-05-27
  3. bookshy: #100AfricanWomenWriters: 9. Aminata Sow Fall, retrieved 2023-05-27
  4. Aminata Sow Fall (in American English), retrieved 2023-05-27
  5. Aminata Sow Fall | Senegalese author | Britannica (in English), retrieved 2023-05-27
  6. Aminata Sow Fall (in American English), retrieved 2023-05-27